< Hosea 13 >

1 Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo; wɔpagyaa no wɔ Israelman mu. Nanso Baalsom enti, ɔnyaa afɔbuo na ɔwuiɛ.
Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo; wɔma no so wɔ Israelman mu. Nanso Baalsom nti, onyaa afɔbu na owui.
2 Afei, wɔkɔ so yɛ bɔne ara; wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho, nsɛsodeɛ no nyinaa no. Adwumfoɔ no nam nyansakwan so na ayeyɛ. Wɔka nnipa yi ho asɛm sɛ, “Wɔde nnipa bɔ afɔdeɛ na wɔfe anantwie mma ahoni ano.”
Afei wɔkɔ so yɛ bɔne ara; wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho, nsɛsode no nyinaa no. Adwumfo no nam nyansakwan so na ayeyɛ. Wɔka nnipa yi ho asɛm se, “Wɔde nnipa bɔ afɔre na wofew nantwimma ahoni ano.”
3 Ɛno enti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera, sɛ ntɛtɛ a ehu firi ayuporobea sɛ wisie a ɛfa mpoma mu kɔ.
Ɛno nti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum sɛ anɔpa bosu a etu yera, sɛ ntɛtɛ a ehuw fi awiporowbea sɛ wusiw a ɛfa mfɛnsere mu kɔ.
4 “Nanso mene Awurade wo Onyankopɔn, a meyii wo firii Misraim. Nnye Onyankopɔn biara nto mu sɛ me, anaa Ɔgyefoɔ biara sɛ me.
“Nanso mene Awurade wo Nyankopɔn, a miyii wo fii Misraim. Nnye Onyankopɔn biara nto mu sɛ me, anaa Ogyefo biara sɛ me.
5 Mehwɛɛ wo wɔ anweatam so, asase a ɛso yɛ hye yie no so.
Mehwɛɛ wo wɔ nweatam so, asase a so yɛ hyew yiye no so.
6 Memaa wɔn aduane no, wɔdi meeɛ; wɔmeeɛ no, wɔyɛɛ ahantan; na wɔn werɛ firii me.
Memaa wɔn aduan no, wodi mee; wɔmee no, wɔyɛɛ ahantan; na wɔn werɛ fii me.
7 Enti, mɛto ahyɛ wɔn so sɛ gyata, mɛtɛ wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ.
Enti mɛtow ahyɛ wɔn so sɛ gyata, mɛtɛw wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ.
8 Mɛto ahyɛ wɔn so na matete wɔn mu te sɛ sisire bi a wɔawia ne mma. Mɛwe wɔn te sɛ gyata; wiram aboa bɛsunsuan wɔn mu.
Mɛtow ahyɛ wɔn so na matetew wɔn mu te sɛ sisi bi a wɔawia ne mma. Mɛwe wɔn te sɛ gyata; wuram aboa besunsuan wɔn mu.
9 “Wɔasɛe wo, Ao Israel, ɛfiri sɛ woasɔre atia me, me a meyɛ wo ɔboafoɔ.
“Wɔasɛe wo, Israel, efisɛ woasɔre atia me, me a meyɛ wo boafo.
10 Wo ɔhene a ɔbɛgye wo no wɔ he? Wo sodifoɔ a wɔwɔ wo nkuro so wɔ he, wɔn a wokaa wɔ wɔn ho sɛ, ‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no?
Wo hene wɔ he na wabegye wo? Wo sodifo a wɔwɔ wo nkurow nyinaa so no wɔ he, wɔn a wokaa faa wɔn ho se, ‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no?
11 Enti mʼabufuo mu, memaa wo ɔhene, na mʼanibereɛ mu no, meyii no hɔ.
Enti mʼabufuw mu, memaa wo ɔhene, na mʼanibere mu no, miyii no hɔ.
12 Efraim afɔdie no wɔaboaboa ano wɔatwerɛ ne bɔne agu hɔ.
Efraim afɔdi no wɔaboaboa ano wɔakyerɛw ne bɔne agu hɔ.
13 Ɔbɛte ɔyea te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ, na abɔfra no nnim nyansa nti; sɛ berɛ no duru a, ɔmma awotwaa no ano.
Ɔbɛte ɔyaw te sɛ ɔbea a ɔreko awo, na abofra no nnim nyansa nti; sɛ bere no du a, ɔmma awotwaa no ano.
14 “Mɛpata agye wɔn afiri damena tumi mu. Mɛgye wɔn afiri owuo nsam. Owuo wo nwowɔeɛ wɔ he? Asaman wo sɛeɛ wɔ he? “Merennya ayamhyehyeɛ, (Sheol h7585)
“Mɛpata agye wɔn afi ɔda tumi mu. Megye wɔn afi owu nsam. Owu, wo nwowɔe wɔ he? Asaman, wo sɛe wɔ he? “Merennya ayamhyehye biara, (Sheol h7585)
15 mpo sɛ ɔyɛ yie wɔ ne nuanom mu a. Apueeɛ mframa a ɛfiri Awurade hɔ bɛba, ɛbɛbɔ afiri anweatam so; osuo rentɔ osutɔberɛ na nʼabura bɛwe. Wɔbɛfom nʼakoradan mu nneɛma deɛ ɛsom bo no nyinaa.
mpo sɛ ɔyɛ yiye wɔ ne nuanom mu a. Apuei mframa a efi Awurade hɔ bɛba, ɛbɛbɔ afi nweatam so; osu rentɔ asusowbere na nʼabura bɛyow. Wɔbɛfom ne koradan mu nneɛma nea ɛsom bo no nyinaa.
16 Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdie to mu, ɛfiri sɛ wɔayɛ ɛdɔm atia wɔn Onyankopɔn. Wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano; wɔbɛtoto wɔn mmɔfra ahwehwe fam, wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.”
Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdi to mu, efisɛ wɔayɛ dɔm atia wɔn Nyankopɔn. Wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano; wɔbɛtotow wɔn mmofra ahwehwe fam, wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.”

< Hosea 13 >