< Hosea 12 >

1 Efraim de mframa ayɛ aduane; ɔdi apueeɛ mframa akyi daa na ɔdi atorɔ yɛ akakabensɛm bebree. Ɔne Asiria yɛ apam na ɔde ngo kɔ Misraim.
以法莲吃风,且追赶东风, 时常增添虚谎和强暴, 与亚述立约,把油送到埃及。
2 Awurade wɔ soboɔ de bɔ Yuda; ɔbɛtwe Yakob aso, wɔ nʼakwan ho na watua no ne nneyɛeɛ so ka.
耶和华与犹大争辩, 必照雅各所行的惩罚他, 按他所做的报应他。
3 Ɔyafunu mu na ɔsɔɔ ne nua nantin; ɔnyiniiɛ no, ɔne Onyankopɔn pepree so.
他在腹中抓住哥哥的脚跟, 壮年的时候与 神较力,
4 Ɔne ɔbɔfoɔ tentameeɛ dii ne so nkonim; ɔde nisuo srɛɛ ne nkyɛn adom. Ɔhunuu no wɔ Bet-El ne no kasaa wɔ hɔ.
与天使较力,并且得胜, 哭泣恳求, 在伯特利遇见耶和华。 耶和华—万军之 神在那里晓谕我们以色列人; 耶和华是他可记念的名。
5 Asafo Awurade Onyankopɔn, Awurade ne ne din a ahyeta!
6 Ɛsɛ sɛ wo sane kɔ wo Onyankopɔn nkyɛn. Tena ɔdɔ ne tenenee mu, na twɛn wo Onyankopɔn daa.
所以你当归向你的 神, 谨守仁爱、公平,常常等候你的 神。
7 Ɔdwadini de nsisie nsania yɛ nʼadwuma; nʼani gye nsisie ho.
以法莲是商人, 手里有诡诈的天平,爱行欺骗。
8 Efraim hoahoa ne ho sɛ, “Meyɛ ɔdefoɔ; manya me ho. Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhunu amumuyɛ biara wɔ me ho.”
以法莲说: 我果然成了富足,得了财宝; 我所劳碌得来的, 人必不见有什么不义,可算为罪的。
9 “Mene Awurade wo Onyankopɔn, a meyii wo firii Misraim. Mɛma woakɔtena ntomadan mu bio sɛdeɛ na woyɛ wɔ wʼapontoɔ afahyɛ nna mu no.
自从你出埃及地以来, 我就是耶和华—你的 神; 我必使你再住帐棚,如在大会的日子一样。
10 Mekasa kyerɛɛ adiyifoɔ, memaa wɔn anisoadehunu bebree na mefaa wɔn so kaa mmɛbusɛm.”
我已晓谕众先知, 并且加增默示, 借先知设立比喻。
11 Gilead yɛ otirimuɔdenfoɔ anaa? Emu nnipa no yɛ ahuhufoɔ! Wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ wɔ Gilgal anaa? Wɔn afɔrebukyia bɛyɛ te sɛ aboɔ a wɔahɔre no sie wɔ asase a wɔafuntum soɔ.
基列人没有罪孽吗? 他们全然是虚假的。 人在吉甲献牛犊为祭, 他们的祭坛好像田间犁沟中的乱堆。
12 Yakob dwane kɔɔ Aramfoɔ asase so; Israel someeɛ de nyaa yere, ɔhwɛɛ nnwan de tua etiri nsa.
从前雅各逃到亚兰地, 以色列为得妻服事人, 为得妻与人放羊。
13 Awurade nam odiyifoɔ so yii Israel firii Misraim, ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ no.
耶和华借先知领以色列从埃及上来; 以色列也借先知而得保存。
14 Nanso, Efraim ahyɛ no abufuo yaayaaya; nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdie ada ne so na ɔbɛtua nʼanimtiabuo no so ka.
以法莲大大惹动主怒, 所以他流血的罪必归在他身上。 主必将那因以法莲所受的羞辱归还他。

< Hosea 12 >