< Hosea 10 >

1 Israel yɛɛ bobe a ɛretrɛtrɛ; ɔsoo aba maa ne ho. Ɛberɛ a nʼaba redɔɔso no, ɔsisii afɔrebukyia bebree; nʼasase rekɔ so yɛ yie no ɔsiesie nʼabosom dum kronkron no.
Israel is a luxuriant vine, which putteth forth his fruit: according to the multitude of his fruit he hath multiplied his altars; according to the goodness of his land they have made goodly pillars.
2 Nnaadaasɛm wɔ wɔn akoma mu, enti ɛsɛ sɛ wɔnya wɔn afɔdie so asotwe. Awurade bɛbubu wɔn afɔrebukyia, na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no.
Their heart is divided; now shall they be found guilty: he shall smite their altars, he shall spoil their pillars.
3 Afei, wɔbɛka sɛ, “Yɛnni ɔhene, ɛfiri sɛ, yɛamfa anidie amma Awurade. Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene kora a, ɛdeɛn na anka ɔbɛtumi ayɛ ama yɛn?”
Surely now shall they say, We have no king: for we fear not the LORD; and the king, what can he do for us?
4 Wɔhyɛ bɔ ahodoɔ bebree, Wɔka ntam hunu na wɔyɛ apam ahodoɔ; ɛno enti mansotwe sɔresɔre te sɛ wira a borɔ wɔ mu a afifiri asase a wɔafuntum so.
They speak [vain] words, swearing falsely in making covenants: therefore judgment springeth up as hemlock in the furrows of the field.
5 Nnipa a wɔte Samaria no suro ma Bet Awen nantwie ba ohoni no. Ne nkurɔfoɔ bɛsu. Saa ara na nʼabosomfoɔ nso bɛyɛ, wɔn a wɔgyee wɔn ani wɔ nʼanimuonyam ho no. Ɛfiri sɛ wɔafa no afiri wɔn nkyɛn kɔ nnommumfa mu.
The inhabitants of Samaria shall be in terror for the calves of Beth-aven: for the people thereof shall mourn over it, and the priests thereof that rejoiced over it, for the glory thereof, because it is departed from it.
6 Wɔde no bɛkɔ Asiria, de akɔhyɛ ɔhene kɛseɛ no animuonyam. Ɛbɛgu Efraim anim ase; na Israel ani bɛwu wɔ ne nnua ahoni ho.
It also shall be carried unto Assyria for a present to king Jareb: Ephraim shall receive shame, and Israel shall be ashamed of his own counsel.
7 Samaria na ne ɔhene bɛsene akɔ te sɛ dua sini a ɛtɛ nsuo ani.
[As for] Samaria, her king is cut off, as foam upon the water.
8 Wɔbɛsɛe abosonnan a wɔdi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no. Nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri hɔ, na akata wɔn afɔrebukyia so. Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Mommɛkata yɛn so!” na wase nkokoɔ sɛ, “Monnwiri ngu yɛn so!”
The high places also of Aven, the sin of Israel, shall be destroyed: the thorn and the thistle shall come up on their altars; and they shall say to the mountains, Cover us; and to the hills, Fall on us.
9 “Ɛfiri Gibea berɛ so, woayɛ bɔne, Ao, Israel, na ɛhɔ na woaka. Na ɔko rentwi amfa amumuyɛfoɔ ɛwɔ Gibea no so anaa?
O Israel, thou hast sinned from the days of Gibeah: there they stood; that the battle against the children of iniquity should not overtake them in Gibeah.
10 Ɛberɛ a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso; aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn. Wɔde mpokyerɛ bɛgu wɔn wɔ wɔn bɔne dodoɔ ho.
When it is my desire, I will chastise them; and the peoples shall be gathered against them, when they are bound to their two transgressions.
11 Efraim yɛ nantwie ba a wɔayɛn no, a ɔpɛ ayuporeeɛ adwuma, enti mede kɔnnua bɛto ne kɔn fɛfɛ mu. Mɛkyerɛ Efraim ɛkwan, ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no, na Yakob nso siesie so.
And Ephraim is an heifer that is taught, that loveth to tread out [the corn]; but I have passed over upon her fair neck: I will set a rider on Ephraim; Judah shall plow, Jacob shall break his clods.
12 Dua tenenee aba ma wo ho, twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa, siesie wʼasase a wɔmfuntum so no; na ɛberɛ aduru sɛ wohwehwɛ Awurade, kɔsi sɛ ɔbɛba abɛpete tenenee agu wo so.
Sow to yourselves in righteousness, reap according to mercy; break up your fallow ground: for it is time to seek the LORD, till he come and rain righteousness upon you.
13 Nanso, woadua atirimuɔden aba, na woatwa aba bɔne. Woadi nnaadaa aba. Ɛfiri sɛ wode wo ho ato wʼahoɔden ne wʼakodɔm bebrebe no so,
Ye have plowed wickedness, ye have reaped iniquity; ye have eaten the fruit of lies: for thou didst trust in thy way, in the multitude of thy mighty men.
14 ɔko mu hooyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfoɔ, na wʼaban nyinaa bɛsɛe, sɛdeɛ Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no, da a wɔde maamenom ne wɔn mma hwehwee fam no.
Therefore shall a tumult arise among thy people, and all thy fortresses shall be spoiled, as Shalman spoiled Beth-arbel in the day of battle: the mother was dashed in pieces with her children.
15 Saa ara na ɛbɛba wo so Ao, Bet-El, ɛfiri sɛ wʼatirimuɔdensɛm no dɔɔso. Sɛ ɛda no duru a, Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa.
So shall Beth-el do unto you because of your great wickedness: at daybreak shall the king of Israel be utterly cut off.

< Hosea 10 >