< Hosea 1 >

1 Ɛberɛ a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia yɛ ahemfo wɔ Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di ɔhene wɔ Israel no, Awurade de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn.
Parole de l’Eternel qui fut adressée à Osée, fils de Beéri, du temps d’Ouzia, de Jotham, d’Achaz et d’Ezéchias, rois de Juda, et du temps de Jéroboam, fils de Joas, roi d’Israël.
2 Ɛberɛ a Awurade dii ɛkan kasa faa Hosea so no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔware odwamanfoɔ, na wo ne no nwo, ɛfiri sɛ ɔman no di adwamammɔ ho fɔ na wɔnam so atete wɔ ne Onyankopɔn ntam.”
Lorsque l’Eternel commença à s’adresser à Osée, il lui dit: "Va, unis-toi à une femme prostituée, et qu’elle te donne des enfants de prostituée, car ce pays se prostitue vraiment en délaissant l’Eternel."
3 Enti, ɔwaree Diblaim babaa Gomer, na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima maa no.
II alla et épousa Gomer, fille de Diblaïm; elle conçut et lui enfanta un fils.
4 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “To ne din Yesreel, ɛfiri sɛ, merebɛtwe ɔhene Yehu fie aso, de atua awudie a ɔdii wɔ Yesreel no so ka. Na mede Israel ahennie bɛba awieeɛ.
Et l’Eternel lui dit: "Appelle-le Jezreël, car encore un peu et je demanderai compte du sang de Jezreël à la maison de Jéhu, et je ferai disparaître la dynastie de la maison d’Israël.
5 Saa ɛda no, mɛbubu Israel tadua wɔ Yesreel bɔnhwa no mu.”
Ce jour-là, je briserai l’arc d’Israël dans la vallée de Jezreël."
6 Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea sɛ, “To ne din Lo-ruhama ɛfiri sɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfoɔ mma bio, na meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn koraa.
Elle conçut encore et enfanta une fille et Dieu lui dit: "Appelle-la Lo Rouhama ("non chérie"), car je ne continuerai pas à chérir la maison d’Israël, de façon à lui accorder un plein pardon.
7 Nanso, mɛyi me dɔ akyerɛ Yudafoɔ. Me Awurade wɔn Onyankopɔn, mede me tumi bɛgye wɔn afiri wɔn atamfoɔ nsam a meremfa tadua, akofena anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ.”
Quant à la maison de Juda, je la chérirai et j’assurerai son salut par l’Eternel, son Dieu; mais je ne la sauverai ni par l’arc et le glaive, ni par les combats, les chevaux et les cavaliers."
8 Ɛberɛ a Gomer twaa Lo-ruhama nufoɔ akyi no, ɔwoo ɔba barima foforɔ.
Elle sevra Lo Rouhama, puis elle conçut et enfanta un fils.
9 Na Awurade kaa sɛ, “To ne din Lo-ami, ɛfiri sɛ monnyɛ me nkurɔfoɔ na mennyɛ mo Onyankopɔn.
Et Dieu dit: "Appelle-le Lo Ammi ("non mon peuple"), car vous n’êtes plus mon peuple, et moi, je ne serai plus à vous."
10 “Nanso, Israelfoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔntumi nkane wɔn. Beaeɛ a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monnyɛ me nkurɔfoɔ’ no, wɔbɛka sɛ, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefoɔ mma.’
Il arrivera que la multitude des enfants d’Israël égalera le sable de la mer, qu’on ne peut ni mesurer, ni compter; et au lieu de s’entendre dire: "Vous n’êtes point mon peuple", ils seront dénommés "les Fils du Dieu vivant."
11 Na Yudafoɔ ne Israelfoɔ bɛka abɔ mu bio, na wɔbɛyi ɔkwankyerɛfoɔ baako ama wɔn, na wɔn nyinaa bɛsane afiri nnommum no mu aba. Saa ɛda no bɛyɛ da kɛseɛ ama Yesreel.”
Et les enfants de Juda et ceux d’Israël, ensemble réunis, se donneront un même chef et sortiront du pays, car il sera grand, le jour de Jezreël.

< Hosea 1 >