< Hebrifoɔ 9 >

1 Na apam a ɛdi ɛkan no wɔ mmara a wɔnam so som. Saa ara nso na na wɔwɔ beaeɛ a nnipa asiesie a wɔsom.
Habuit quidem et prius, iustificationes culturæ, et sanctum sæculare.
2 Wɔsii ntomadan a wɔatwa mu mmienu. Ɛdan a ɛdi ɛkan no a wɔfrɛ no Kronkronbea no na kaneadua, ɛpono ne burodo a wɔate ho a wɔde ma Onyankopɔn no wɔ.
Tabernaculum enim factum est primum, in quo erant candelabra, et mensa, et propositio panum, quæ dicitur Sancta.
3 Ntwamu no akyi a wɔfrɛ hɔ Kronkron mu Kronkron no,
Post velamentum autem secundum, tabernaculum, quod dicitur Sancta sanctorum:
4 na sika aduhwamhyeɛ afɔrebukyia ne Apam Adaka a wɔde sika adura ho nyinaa wɔ. Saa adaka no mu na na sika pɔre a mana ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ ne apam abopono no wɔ.
aureum habens thuribulum, et arcam testamenti circumtectam ex omni parte auro, in qua urna aurea habens manna, et virga Aaron, quæ fronduerat, et tabulæ testamenti,
5 Adaka no so hɔ nso na animuonyam Kerubim a wɔatrɛ wɔn ntaban mu akata Adaka no nkatasoɔ no so si. Nanso, yɛrentumi nka nneɛma yi ho asɛm nkɔ akyiri seesei.
superque eam erant Cherubim gloriæ obumbrantia propitiatorium: de quibus non est modo dicendum per singula.
6 Saa na wɔahyehyɛ nneɛma no. Ɛda biara na asɔfoɔ no kɔ ɛdan a ɛdi ɛkan no mu kɔyɛ wɔn adwuma;
His vero ita compositis: in priori quidem tabernaculo semper introibant sacerdotes, sacrificiorum officia consummantes:
7 nanso na Ɔsɔfopanin no nko ara na ɔwɔ ho ɛkwan sɛ ɔkɔ Kronkron mu Kronkron hɔ pɛnkorɔ pɛ afe biara. Ɔde mogya a ɔde bɔ ɔno ankasa ne ne nkurɔfoɔ mfomsoɔ ho afɔdeɛ ka ne ho kɔ.
in secundo autem semel in anno solus pontifex non sine sanguine, quem offert pro sua, et populi ignorantia:
8 Honhom Kronkron no nam saa ɛkwan yi so kyerɛ yɛn sɛ, wɔnnya mmuee ɛkwan a wɔde kɔ Kronkron mu Kronkron hɔ wɔ ɛberɛ a Ntomadan no ne emu nneɛma da so wɔ hɔ.
hoc significante Spiritu Sancto, nondum propalatam esse sanctorum viam, adhuc priore tabernaculo habente statum.
9 Ɛyɛ mfatoho ma ɛnnɛ berɛ yi. Ɛkyerɛ sɛ akyɛdeɛ ne mmoa a na wɔde bɔ afɔdeɛ ma Onyankopɔn no rentumi mma wɔn a wɔsom no akoma mu nyɛ kronn.
Quæ parabola est temporis instantis: iuxta quam munera, et hostiæ offeruntur, quæ non possunt iuxta conscientiam perfectum facere servientem, solummodo in cibis, et in potibus,
10 Wɔde nnuane, anonneɛ ne nneɛma ahodoɔ a wɔde dwira wɔn ho na ɛdi dwuma no. Yei yɛ ɔhonam fam nhyehyɛeɛ a ɛyɛ adwuma kɔsi ɛberɛ a nhyehyɛeɛ foforɔ bɛba.
et variis baptismatibus, et iustitiis carnis usque ad tempus correctionis impositis.
11 Nanso, Kristo aba dada sɛ Ɔsɔfopanin ama nneɛma pa a yɛwɔ dada yi. Ntomadan a ɔsom wɔ mu no so na ɛdi mu kyɛn dada no. Ɛnnyɛ nnipa na wɔyɛeɛ. Afei nso, ɛmmfiri adebɔ yi mu.
Christus autem assistens Pontifex futurorum bonorum, per amplius et perfectius tabernaculum non manufactum, id est, non huius creationis:
12 Ɛberɛ a Kristo kɔɔ ntomadan no mu a ɔkɔɔ Kronkronbea hɔ pɛnkorɔ no, wamfa mmirekyie ne anantwie mogya na ɛkɔbɔɔ afɔdeɛ. Mmom, ɔno ara de ne mogya na ɛbɔɔ afɔdeɛ de gyee nkwa a ɛnni awieeɛ maa yɛn. (aiōnios g166)
neque per sanguinem hircorum, aut vitulorum, sed per proprium sanguinem introivit semel in Sancta, æterna redemptione inventa. (aiōnios g166)
13 Na sɛ mmirekyie ne anantwinini mogya ne anantwibereɛ nsõ a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi te wɔn ho kɔ honam ahofirie mu a,
Si enim sanguis hircorum, et taurorum, et cinis vitulæ aspersus inquinatos sanctificat ad emundationem carnis:
14 mpɛn ahe na Kristo a ɔnam Honhom so, de ne ho bɔɔ afɔdeɛ a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rente mo ho mfiri nnwuma bɔne mu, na mo nkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase no? (aiōnios g166)
quanto magis sanguis Christi, qui per Spiritum Sanctum semetipsum obtulit immaculatum Deo, emundabit conscientiam nostram ab operibus mortuis, ad serviendum Deo viventi? (aiōnios g166)
15 Yei enti na Kristo yɛ apam foforɔ no ntamgyinafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no bɛnya nhyira a ɛnni awieeɛ sɛdeɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ no. Yei aba saa, ɛfiri sɛ, owuo bi asi a ɛgye nnipa firi wɔn bɔne a wɔyɛɛ ɛberɛ a na wɔwɔ apam a ɛdi ɛkan no mu no. (aiōnios g166)
Et ideo novi testamenti Mediator est: ut morte intercedente, in redemptionem earum prævaricationum, quæ erant sub priori testamento, repromissionem accipiant qui vocati sunt æternæ hereditatis. (aiōnios g166)
16 Sɛ nsamanseɛ bi wɔ hɔ a, ɛwɔ sɛ wɔtumi kyerɛ sɛ onipa a ɔhyɛɛ saa samanseɛ no awu.
Ubi enim testamentum est: mors necesse est intercedat testatoris.
17 Sɛ onipa a ɔhyɛɛ nsamanseɛ no te ase a, saa nsamanseɛ no nka hwee. Ɛberɛ a wawu no na ɛka biribi.
Testamentum enim in mortuis confirmatum est: alioquin nondum valet, dum vivit qui testatus est.
18 Ɛno enti na apam a ɛdi ɛkan no wɔnam mogya so na wɔhyɛɛ no den no.
Unde nec primum quidem sine sanguine dedicatum est.
19 Deɛ ɛdi ɛkan no, Mose kaa mmaransɛm no nyinaa, sɛdeɛ ɛwɔ Mmara no mu no kyerɛɛ nnipa no. Nantwie mma mogya ne nsuo ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee Mmara nwoma no ne nnipa no nyinaa so
Lecto enim omni mandato legis a Moyse universo populo: accipiens sanguinem vitulorum et hircorum cum aqua et lana coccinea, et hyssopo: ipsum quoque librum, et omnem populum aspersit,
20 kaa sɛ, “Yei ne mogya a ɛsɔ apam a Onyankopɔn ahyɛ mo sɛ monni so no ano.”
dicens: Hic sanguis testamenti, quod mandavit ad vos Deus.
21 Saa ara na Mose petee mogya guu ntomadan no ne nneɛma a wɔde som no nyinaa so ne no.
Etiam tabernaculum, et omnia vasa ministerii sanguine similiter aspersit:
22 Nokorɛm, sɛdeɛ Mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ mogya na ɛtumi te adeɛ nyinaa ho, na saa ara nso na gye sɛ mogya ahwie agu ansa na bɔnefakyɛ aba.
Et omnia pene in sanguine secundum legem mundantur: et sine sanguinis effusione non fit remissio.
23 Saa ɛkwan yi ara so na wɔnam ma biribiara a ɛyɛ ɔsoro nhwɛsodeɛ no ho te. Nanso, ɔsoro nneɛma no ankasa deɛ, afɔdeɛ a ɛyɛ kyɛn yeinom na wɔde te ho.
Necesse est ergo exemplaria quidem cælestium his mundari: ipsa autem cælestia melioribus hostiis quam istis.
24 Ɛfiri sɛ, Kristo ankɔ baabi a ɛyɛ kronkron a nnipa de wɔn nsa na ayɛ a ɛyɛ ade kann nhwɛsodeɛ. Ɔkɔɔ ɔsoro ankasa na ɔsi yɛn ananmu wɔ hɔ wɔ Onyankopɔn anim.
Non enim in manufacta Sancta Iesus introivit exemplaria verorum: sed in ipsum Cælum, ut appareat nunc vultui Dei pro nobis:
25 Afe biara Yudafoɔ Sɔfopanin de aboa mogya kɔ Kronkronbea hɔ. Nanso, Kristo amfa ne ho amma mpɛn bebree saa.
Neque ut sæpe offerat semetipsum, quemadmodum pontifex intrat in Sancta per singulos annos in sanguine alieno:
26 Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ no, ɔbɛhunu amane mpɛn bebree. Mmom, waba prɛko a nneɛma nyinaa reba awieeɛ, na ɔnam afɔdeɛ a ɔde ne ho bɔeɛ no so apepa bɔne. (aiōn g165)
alioquin oportebat eum frequenter pati ab origine mundi: nunc autem semel in consummatione sæculorum, ad destitutionem peccati, per hostiam suam apparuit. (aiōn g165)
27 Ɛsɛ sɛ obiara wu prɛko pɛ, na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn.
Et quemadmodum statutum est hominibus semel mori, post hoc autem iudicium:
28 Saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔdeɛ baako pɛ de gyee dodoɔ no ara wɔ wɔn bɔne mu. Ɔbɛba ne mprenu so a ɔmmɛgye nnebɔneyɛfoɔ na mmom, ɔbɛba abɛgye wɔn a wɔretwɛn no no nkwa.
sic et Christus semel oblatus est ad multorum exhaurienda peccata: secundo sine peccato apparebit expectantibus se, in salutem.

< Hebrifoɔ 9 >