< Hebrifoɔ 7 >
1 Na saa Melkisedek yi yɛ Salemhene, ɛnna ɔsane yɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn ɔsɔfoɔ. Ɛberɛ a Abraham firi ɔko a ɔkumm ahemfo ano reba no, Melkisedek hyiaa no hyiraa no.
Na saa Melkisedek yi yɛ Salemhene, na ɔsan yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo. Bere a Abraham fi ɔko a okum ahemfo ano reba no, Melkisedek hyiaa no hyiraa no.
2 Abraham maa no nʼasadeɛ no mu nkyɛmu edu mu baako. Melkisedek din no nkyerɛaseɛ a ɛdi ɛkan no ne Tenenee Ɔhene. Esiane sɛ na ɔyɛ Salemhene no enti, wɔkyerɛɛ ne din no ase sɛ Asomdwoeɛhene.
Abraham maa no nʼasade no mu nkyɛmu du mu baako. Melkisedek din no nkyerɛase a edi kan no ne Trenee Hene. Esiane sɛ na ɔyɛ Salem hene no nti, wɔkyerɛɛ ne din no ase sɛ Asomdwoe hene.
3 Obi nnim Melkisedek agya, ne maame, ne ne mpanimfoɔ ho asɛm. Saa ara nso na obi nnim nʼawoɔ ne ne owuo nso ho asɛm. Ɔsɛ Onyankopɔn Ba, na ɔda so yɛ ɔsɔfoɔ daadaa.
Obi nnim Melkisedek agya, ne na, ne ne mpanyimfo ho asɛm. Saa ara na obi nnim nʼawo ne ne wu nso ho asɛm. Ɔsɛ Onyankopɔn Ba, na ɔda so yɛ ɔsɔfo daadaa.
4 Yei di ho adanseɛ sɛ na ɔyɛ onipa kɛseɛ a Agya Abraham mpo tumi ma no nʼasadeɛ mu nkyɛmu edu mu baako.
Eyi di ho adanse sɛ na ɔyɛ onipa kɛse a Agya Abraham mpo tumi ma no nʼasade mu nkyɛmu du mu baako.
5 Nanso, Lewi asefoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no Mmara na ɛhyɛ wɔn sɛ wɔnnye nkyɛmu edu mu baako mfiri wɔn ara wɔn nkurɔfoɔ Israelfoɔ nkyɛn a wɔn nso yɛ Abraham asefoɔ no.
Nanso Lewi asefo a wɔyɛ asɔfo no Mmara na ɛhyɛ wɔn sɛ wonnye nkyɛmu du mu baako mfi wɔn ara wɔn nkurɔfo Israelfo a wɔn nso yɛ Abraham asefo no nkyɛn.
6 Melkisedek nyɛ Lewi aseni, nanso ɔgyee nkyɛmu edu mu baako firii Abraham nkyɛn hyiraa no maa ɔnyaa Onyankopɔn bɔhyɛ no.
Melkisedek nyɛ Lewi aseni, nanso ogyee nkyɛmu du mu baako fii Abraham nkyɛn hyiraa no ma onyaa Onyankopɔn bɔhyɛ no.
7 Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ deɛ ɔma nhyira so sene deɛ ɔgye nhyira.
Akyinnye biara nni ho sɛ nea ɔma nhyira so sen nea ogye nhyira.
8 Wɔde nnipa akatua nkyɛmu edu mu baako ma asɔfoɔ, nanso asɔfoɔ yi nyinaa wu, gye Melkisedek a Atwerɛsɛm no ka sɛ ɔte ase.
Wɔde nnipa akatua nkyɛmu du mu baako ma asɔfo a wowu, gye Melkisedek a Kyerɛwsɛm no ka se ɔte ase.
9 Enti, nokorɛm, Abraham tuaa nkyɛmu edu no, Lewi a nʼasefoɔ gye nkyɛmu edu no nso nam Abraham so tuaa bi maa Melkisedek.
Enti nokware, Abraham tuaa nkyɛmu du no, Lewi a nʼasefo gye nkyɛmu du no nso nam Abraham so tuaa bi maa Melkisedek.
10 Na wɔnwoo Lewi, nanso ɛsiane sɛ na ɔhyɛ ne nana Abraham mu saa ɛberɛ no a Melkisedek hyiaa no no enti na ɔtuaeɛ.
Na wɔnwoo Lewi ɛ, nanso esiane sɛ na ɔhyɛ ne nena Abraham mu saa bere no a Melkisedek hyiaa no no nti na otuae.
11 Ɛnam Lewi asɔfodie so enti na wɔde Mmara no maa Israelfoɔ. Ɛno enti sɛ Lewifoɔ asɔfodie no tumi de pɛyɛ brɛ nnipa a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛfa ɔsɔfoɔ foforɔ bi sɛ Melkisedek a ɔmfiri Aaron abusua mu.
Esiane Lewi asɔfodi nti na wɔde Mmara no maa Israelfo. Ɛno nti sɛ Lewifo asɔfodi no tumi de pɛyɛ brɛ nnipa a, anka ho nhia sɛ wɔbɛfa ɔsɔfo foforo bi sɛ Melkisedek a omfi Aaron abusua mu.
12 Sɛ ɛba sɛ asɔfodie no sesa a, ɛma ɛho mmara no nso sesa.
Sɛ ɛba sɛ asɔfodi no sesa a, ɛma ho mmara no nso sesa.
13 Nanso, yɛn Awurade a wɔka saa asɛm yi nyinaa fa ne ho no firi abusua foforɔ mu. Ne busuani biara nnii ɔsɔfoɔ wɔ afɔrebukyia ho da.
Nanso yɛn Awurade a wɔka saa asɛm yi nyinaa fa ne ho no fi abusua foforo mu. Ne busuani biara nnii ɔsɔfo wɔ afɔremuka ho da.
14 Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ wɔwoo no too Yuda abusua mu, na Mose kaa asɔfoɔ ho asɛm no nso, wammɔ nʼabusua din da.
Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ wɔwoo no too Yuda abusua mu, na Mose kaa asɔfo ho asɛm no nso, wammɔ nʼabusua din da.
15 Asɛm no da ne ho adi pefee, ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ foforɔ bi aba a ɔte sɛ Melkisedek.
Asɛm no da ne ho adi pefee, efisɛ ɔsɔfo foforo bi aba a ɔte sɛ Melkisedek.
16 Ɔno deɛ, ɛnnam onipa mmara so na wɔhyɛɛ no ɔsɔfoɔ, na mmom wɔnam nkwa a ɛnni awieeɛ tumi so na ɛyɛɛ no ɔsɔfoɔ.
Ɔno de, ɛnnam onipa mmara so na wɔhyɛɛ no ɔsɔfo, na mmom wɔnam nkwa a enni awiei tumi so na ɛyɛɛ no ɔsɔfo.
17 Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ akɔsi daa sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.” (aiōn )
Kyerɛwsɛm no ka se, “Wobɛyɛ ɔsɔfo akosi daa sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no.” (aiōn )
18 Wɔato mmara dada no atwene, ɛfiri sɛ, sintɔ bi wɔ mmara no mu, na ɛho nni mfasoɔ nso.
Wɔatow mmara dedaw no akyene, efisɛ sintɔ bi wɔ mmara no mu, na so nni mfaso nso,
19 Ɛno enti, Mose Mmara no antumi amma biribiara anyɛ pɛ. Nanso wɔde anidasoɔ pa bi a yɛnam so bɛn Onyankopɔn aba.
efisɛ Mose Mmara no antumi amma biribiara anni mu, na wɔde anidaso pa bi a yɛnam so bɛn Onyankopɔn aba.
20 Ɛno akyi, Onyankopɔn ntam abɛka ho. Ɛberɛ a ɔhyɛɛ Aaron asefoɔ asɔfoɔ no na ntam a ɛte saa nni hɔ.
Na wɔanyɛ a ntanka nka ho. Bere a ɔhyɛɛ Aaron asefo asɔfo no, na ntam a ɛte saa nni hɔ.
21 Yesu deɛ, ɔnam ntam so bɛyɛɛ ɔsɔfoɔ ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade aka ntam; na ɔrensesa nʼadwene: ‘Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ daa nyinaa.’” (aiōn )
Yesu de, ɔnam ntam so bɛyɛɛ ɔsɔfo bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Awurade aka ntam; na ɔrensesa nʼadwene a ese, ‘Wobɛyɛ ɔsɔfo daa nyinaa no.’” (aiōn )
22 Saa ntam yi enti, Yesu gyina mu ma yɛn, na ɛma yɛne Onyankopɔn apam no di mu.
Saa ntam yi nti, Yesu gyina mu ma yɛn, na ɛma yɛne Onyankopɔn apam no di mu.
23 Nsonsonoeɛ foforɔ bi nso wɔ hɔ. Na saa asɔfoɔ no dɔɔso, ɛfiri sɛ, na wɔwuwu a wɔntumi ntoa wɔn adwuma so.
Nsonoe foforo bi nso wɔ hɔ. Na saa asɔfo no dɔɔso, efisɛ na wowuwu a wontumi ntoa wɔn adwuma so.
24 Nanso, Yesu deɛ, ɔwɔ hɔ daa na nʼasɔfodwuma no nso, obi ntoa so mma no. (aiōn )
Nanso esiane sɛ Yesu wɔ hɔ daa no nti, ɔwɔ asɔfodi a ɛtena hɔ daa. (aiōn )
25 Enti, ɔtumi gye wɔn a wɔnam ne so ba Onyankopɔn nkyɛn no ɛnnɛ ne daa, ɛfiri sɛ, ɔte hɔ daa srɛ Onyankopɔn ma wɔn.
Enti otumi gye wɔn a wɔnam ne so ba Onyankopɔn nkyɛn no nnɛ ne daa, efisɛ, ɔte hɔ daa srɛ Onyankopɔn ma wɔn.
26 Yesu ne Ɔsɔfopanin a ɔboa yɛn wɔ yɛn ahiasɛm mu. Ɔyɛ kronkron. Ɔnni mfomsoɔ biara wɔ ne mu, na ɔnyɛ bɔne. Wɔate no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho na wɔapagya no aboro ɔsoro so.
Yesu ne Ɔsɔfopanyin a ɔboa yɛn wɔ yɛn ahiasɛm mu. Ɔyɛ kronkron. Onni mfomso biara wɔ ne mu, na ɔnyɛ bɔne. Wɔatew no afi nnebɔneyɛfo ho na wɔama no so aboro ɔsoro so.
27 Ɔnte sɛ asɔfoɔ mpanin a aka no a, daa afɔrebɔ a ɔbɔ no kane no ɔbɔ wɔ ne bɔne a wayɛ ho ansa na afei, wabɔ afoforɔ deɛ no. Ɔbɔɔ afɔdeɛ baako pɛ a ɔde ne ho na ɛbɔeɛ.
Ɔnte sɛ asɔfo mpanyin a wɔaka no a, daa afɔre a wɔbɔ no kan no wɔbɔ wɔ wɔn bɔne a wayɛ ho ansa na afei, wabɔ afoforo de no. Ɔbɔɔ afɔre baako pɛ a ɔde ne ho na ɛbɔe.
28 Mose Mmara no yi nnipa a wɔmfata ma wɔyɛ asɔfoɔ mpanin, nanso Onyankopɔn bɔ a ɔde ntam kaa ho no a ɛtaa Mmara no akyi no, yii Ɔba no a ɔyɛ pɛ daa nyinaa no. (aiōn )
Mose Mmara no yi nnipa a wɔmfata sɛ wɔyɛ asɔfo mpanyin, nanso Onyankopɔn bɔ a ɔde ntam kaa ho no a ɛbaa wɔ Mmara no akyi no yii Ɔba no a ɔyɛ pɛ daa nyinaa no. (aiōn )