< Hebrifoɔ 6 >

1 Momma yɛnnyae Kristosom ahyɛaseɛ ho nkyerɛkyerɛ no, na yɛnsua ne ho nsɛm a ɛkɔ anim no. Ɛho nnhia bio sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ deɛ enti a ɛsɛ sɛ yɛnu yɛn ho wɔ nneyɛeɛ a ɛde owuo berɛ yɛn ho ne deɛ enti a ɛsɛ sɛ yɛnya Onyankopɔn mu gyidie.
Wherefore omitting the discourse about the first principles of the doctrine of Christ, let us proceed to perfection: not laying again the foundation of repentance from dead works,
2 Ɛho nhia bio nso sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ asubɔ, nsa a wɔde gu nnipa so, awufosɔreɛ ne daa atemmuo ho nsɛm. (aiōnios g166)
and of faith in God, of the doctrine of baptisms, and laying on of hands, and of the resurrection from the dead, and of eternal judgement: (tho' we will do this also, if God permit: ) (aiōnios g166)
3 Momma yɛnkɔ yɛn anim! Na sɛ Onyankopɔn ma ɛkwan a, saa ara na yɛbɛyɛ.
for it is impossible that those,
4 Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛsane de wɔn a wɔahwe ase aba ama wɔanu wɔn ho bio? Na anka wɔwɔ Onyankopɔn hann mu. Wɔkaa ɔsoro akyɛdeɛ hwɛeɛ na wɔnyaa wɔn kyɛfa wɔ Honhom Kronkron no mu.
who were once enlightened, and have tasted of the heavenly gift, and were made partakers of the holy Spirit,
5 Wɔfiri osuahunu mu ahunu sɛ Onyankopɔn asɛm yɛ, na wɔahunu ewiase a ɛreba no mu tumi. (aiōn g165)
and of the good word of God, (aiōn g165)
6 Nanso, ɛno akyi, wɔhwee ase. Enti, ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn bɛsane aba bio sɛ wɔmmɛnu wɔn ho, ɛfiri sɛ, wɔresane abɔ Onyankopɔn Ba no asɛnnua mu nam so agu nʼanim ase akyerɛ.
and the powers of the gospel-age, and yet fall away, should be renewed again to repentance: since they again crucify to themselves the Son of God, and make an open example of Him.
7 Onyankopɔn hyira asase a ɛnonom nsuo a ɛtɔ gu so na ɛma ɛso afifideɛ yɛ yie ma wɔn a wɔn enti wɔduaeɛ no.
For as the earth, which imbibeth the rain that is frequently coming upon it, and produceth herbs fit for those by whom it is cultivated, receiveth a blessing from God:
8 Na sɛ nkasɛɛ ne wura hunu fifiri so a, ɛnyɛ mma hwee. Onyankopɔn bɛdome no na wɔde ogya asɛe no.
but that which bringeth forth thorns and briars, is rejected and near to a curse, (whose end is burning) so are they.
9 Nanso, me nnamfonom, nsɛm a yɛaka yi nyinaa akyi no, yɛnim pefee sɛ ade pa bi a nkwagyeɛ bata ho bɛfiri mo mu aba.
But, beloved, we are persuaded better things of you, and things that accompany salvation, though we thus speak for your caution.
10 Onyankopɔn nnyɛ deɛ ɔntene. Ne werɛ remfiri adwuma a moyɛeɛ anaa ɔdɔ a modaa no adi maa no ne mmoa a mode boaa mo mfɛfoɔ Akristofoɔ na mogu so de boa wɔn no.
For God is not unjust to forget your work and labor of love, which ye have shewn to his name, by having ministred to the saints, and yet ministring.
11 Deɛ yɛrehwehwɛ ne sɛ mo mu biara bɛboa no mmɔdemmɔ so de akɔsi awieeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nsa bɛka adeɛ a mo ani da so no.
And we desire that every one of you would shew the same diligence to acquire the full assurance of hope even unto the end:
12 Yɛmpɛ sɛ moyɛ aniha. Na mmom, yɛpɛ sɛ yɛhunu mo sɛ agyidifoɔ a mowɔ boasetɔ na mo nsa aka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ mo no.
that ye would not be sluggish, but imitators of them who through faith and patience are inheriting the promises.
13 Ɛberɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, ɔkaa deɛ wahyɛ ho bɔ no ho ntam. Esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔkorɔn sene no no enti, ɔde ɔno ara ne din na ɛkaa saa ntam no.
For when God made the promise to Abraham, because He could swear by no greater, He sware by Himself, saying,
14 Ɔkaa ntam no sɛ, “Mehyɛ wo bɔ sɛ, mɛhyira wo na mama wʼase adɔre.”
"Verily blessing I will bless thee, and multiplying I will multiply thee."
15 Na Abraham wɔ boasetɔ enti, ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ no no, ne nsa kaeɛ.
And thus waiting patiently he obtained the promise.
16 Sɛ onipa ka ntam a, ɔde obi a ɔkorɔn sene no din na ɛka saa ntam no de siesie nnipa ntam.
For men swear by a greater Being, and an oath for confirmation is to them an end of all controversy.
17 Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔda no adi pefee kyerɛ wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔn nsa ka ne bɔhyɛ no sɛ ɔrensesa nʼatirimsɛm, enti ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔhyɛ no mu den.
Wherefore God being willing more abundantly to manifest unto the heirs of the promise the immutability of his counsel, confirmed it with an oath:
18 Saa nneɛma mmienu yi na ɛrentumi nsesa na Onyankopɔn ntumi nni ho atorɔ. Enti, yɛn a yɛnam ne so anya nkwa no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkura yɛn anidasoɔ no mu den.
that by two immutable things, in which it is impossible for God to fail, we might have strong consolation, who have fled for refuge to lay hold on the hope set before us;
19 Yɛwɔ saa anidasoɔ yi sɛ ɔkra sɛkyɛ. Ɛtim hɔ, na ɛma yɛhyɛne tra ntwamutam no mu kɔsi Kronkron mu Kronkron hɔ.
which we have as an anchor of the soul safe and stedfast, and which entereth within the veil.
20 Yesu asi yɛn ananmu adi yɛn ɛkan kɔ hɔ. Wayɛ Ɔsɔfopanin afebɔɔ sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no. (aiōn g165)
Whither Jesus our fore-runner is entered for us, being made an high-priest for ever, after the order of Melchisedec. (aiōn g165)

< Hebrifoɔ 6 >