< Hebrifoɔ 5 >

1 Wɔyi Ɔsɔfopanin biara firi nnipa bi mu na wasi wɔn ananmu de wɔn akyɛdeɛ ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ asom Onyankopɔn.
For every high priest, being taken from among men, is appointed for men in things pertaining to God, that he may offer both gifts and sacrifices for sins.
2 Esiane sɛ nʼankasa yɛ mmerɛ akwan ahodoɔ pii so no enti, ɔtumi to ne bo ase ma wɔn a wɔnnim na wɔyɛ mfomsoɔ no.
The high priest can deal gently with those who are ignorant and going astray, because he himself is also surrounded with weakness.
3 Ne mmerɛyɛ enti, sɛ ɔrebɔ bɔne ho afɔdeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ma ne ho ne afoforɔ nso.
Because of this, he must offer sacrifices for sins for the people, as well as for himself.
4 Obiara ntumi nyi ne ho mfa nhyɛ ne ho animuonyam sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin. Onyankopɔn frɛ nko na onipa nam so bɛyɛ Ɔsɔfopanin sɛdeɛ wɔfrɛɛ Aaron no.
Nobody takes this honor on himself, but he is called by God, just like Aaron was.
5 Saa ara nso na Kristo annye anto ne ho so sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin amfa anhyɛ ne ho animuonyam. Na mmom, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Woyɛ me Ba: ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.”
So also Christ didn’t glorify himself to be made a high priest, but it was he who said to him, “You are my Son. Today I have become your father.”
6 Ɔsane kaa wɔ baabi foforɔ sɛ, “Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ akɔsi daa sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.” (aiōn g165)
As he says also in another place, “You are a priest forever, after the order of Melchizedek.” (aiōn g165)
7 Yesu baa ɔhonam mu wɔ asase so no, ɔbɔɔ mpaeɛ nam nkotosrɛ so de nʼabisadeɛ too Onyankopɔn a ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu no anim. Esiane sɛ ɔdwo na ɔde ne ho nyinaa som no no enti, Onyankopɔn tiee no.
He, in the days of his flesh, having offered up prayers and petitions with strong crying and tears to him who was able to save him from death, and having been heard for his godly fear,
8 Ɛwom sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba deɛ, nanso ɔnam nʼamanehunu so suaa ahobrɛaseɛ.
though he was a Son, yet learned obedience by the things which he suffered.
9 Na ɔwiee pɛyɛ no, wɔn a wɔtie no no nam ne so nya nkwagyeɛ a ɛnni awieeɛ, (aiōnios g166)
Having been made perfect, he became to all of those who obey him the author of eternal salvation, (aiōnios g166)
10 na Onyankopɔn ada no adi sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.
named by God a high priest after the order of Melchizedek.
11 Yɛwɔ yei ho nsɛm pii ka, nanso emu kyerɛkyerɛ yɛ den, ɛfiri sɛ, mo nteaseɛ yɛ den.
About him we have many words to say, and hard to interpret, seeing you have become dull of hearing.
12 Moayɛ nkyerɛkyerɛ adwuma no akyɛre, nanso ɛsɛ sɛ monya obi ma ɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn ho asɛm firi ne ahyɛaseɛ. Anka ɛsɛ sɛ saa ɛberɛ yi modi aduane a ɛyɛ den, nanso nufosuo na ɛyɛ ma mo.
For although by this time you should be teachers, you again need to have someone teach you the rudiments of the first principles of the revelations of God. You have come to need milk, and not solid food.
13 Obiara a nufosuo yɛ ma no da so yɛ abadomaa a ɔnnim deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ.
For everyone who lives on milk is not experienced in the word of righteousness, for he is a baby.
14 Aduane a ɛyɛ den yɛ ma mpanimfoɔ a wɔatete wɔn na wɔahunu nsonsonoeɛ a ɛda papa ne bɔne ntam.
But solid food is for those who are full grown, who by reason of use have their senses exercised to discern good and evil.

< Hebrifoɔ 5 >