< Hebrifoɔ 4 >
1 Afei, ɛsiane sɛ bɔhyɛ a ɛfa ne mu home da so wɔ hɔ enti, momma yɛnhwɛ yie na mo mu bi antɔ sini wɔ mu.
Да се бојимо, дакле, да како док је још остављено обећање да се улази у покој Његов, не закасни који од вас.
2 Ɛfiri sɛ wɔaka Asɛmpa no akyerɛ yɛn sɛdeɛ wɔka kyerɛ wɔn no. Nanso, wɔammu asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔtiee no no annye anni.
Јер је нама објављено као и онима; али онима не помаже чувена реч, јер не вероваше они који чуше.
3 Na yɛn a yɛagye adi no nko ara na yɛkɔ saa home no mu sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ, “Enti mefiri mʼabufuo mu ka ntam sɛ, ‘Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.’” Ɔkaa saa asɛm yi deɛ, nanso ɛfiri ɛberɛ a ɔbɔɔ ewiase no, na wawie ɔhome dwumadie no dada.
Јер ми који веровасмо улазимо у покој, као што рече: Зато се заклех у гневу свом да неће ући у покој мој, ако су дела и била готова од постања света.
4 Na Atwerɛsɛm no mu baabi wɔka biribi fa da a ɛtɔ so nson no ho sɛ, “Ɛda a ɛtɔ so nson no, Onyankopɔn home firii ne nnwuma nyinaa mu.”
Јер негде рече за седми дан овако: и почину Бог у дан седми од свих дела својих.
5 Wɔkaa saa asɛm korɔ yi ara bio sɛ, “Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.”
И на овом месту опет: Неће ући у покој мој.
6 Wɔn a wɔdii ɛkan tee Asɛmpa no annya saa ahome no, ɛfiri sɛ, wɔannye anni. Afoforɔ bi nso wɔ hɔ a wama wɔn ɛkwan sɛ wɔnnya ahome no.
Будући, пак, да неки имају да уђу у њега, и они којима је најпре јављено не уђоше за непослушање;
7 Enti Onyankopɔn aka sɛ wayi ɛda bi ato hɔ a wɔfrɛ no “Ɛnnɛ.” Mfeɛ bebree akyi no, ɔnam Dawid so kaa wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a mommpirim mo akoma.”
Опет одреди један дан, данас, говорећи у Давиду по толиком времену, као што се пре каза: Данас ако глас Његов чујете, не будите дрвенастих срца.
8 Sɛ Yosua dii nnipa no anim de wɔn kɔɔ Onyankopɔn home mu a, anka akyire no Onyankopɔn anka da foforɔ ho asɛm.
Јер да је Исус оне довео у покој, не би за други дан говорио потом.
9 Sɛdeɛ ɛte yi, ɔhome da so wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson no.
Дакле је остављено још почивање народу Божијем.
10 Obiara a ɔbɛhome wɔ Onyankopɔn mu no bɛhome afiri nʼankasa ne nnwuma mu, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne nnwuma mu no.
Јер који уђе у покој Његов, и он почива од дела својих, као и Бог од својих.
11 Enti, momma yɛmmɔ yɛn ho mmɔden na yɛatumi akɔ Onyankopɔn home mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu bi yɛ asoɔden sɛdeɛ wɔyɛɛ asoɔden a enti wɔankɔ mu no.
Да се постарамо, дакле, ући у тај покој, да не упадне ко у ону исту гатку неверства.
12 Onyankopɔn asɛm yɛ nkwa, na tumi wɔ mu. Ɛyɛ nnam sene sekan anofanu. Ɛhwire mu kɔsi sɛ ɛpaapae honhom ne ɔkra, apɔ ne ɛhon mu. Ɛda yɛn akoma mu ne yɛn adwene mu nsusuiɛ nyinaa adi.
Јер је жива реч Божија, и јака, и оштрија од сваког мача оштрог с обе стране, и пролази тја до растављања и душе и духа, и зглавака и мозга, и суди мислима и помислима срца.
13 Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yie. Abɔdeɛ mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn ho akonta kyerɛ no.
И нема твари непознате пред Њиме, него је све голо и откривено пред очима Оног коме говоримо.
14 Ɛno enti, momma yɛnsɔ gyidie a yɛka ho asɛm no mu den. Ɛfiri sɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanin kɛseɛ wɔ Onyankopɔn anim.
Имајући, дакле, великог Поглавара свештеничког, који је прошао небеса, Исуса сина Божијег, да се држимо признања.
15 Yɛnni sɔfopanin bi a ɔntumi nhwɛ yɛn mmerɛyɛ ho nhunu yɛn mmɔbɔ. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ akwan ahodoɔ nyinaa so sɛ yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne.
Јер немамо Поглавара свештеничког који не може пострадати с нашим слабостима, него који је у свачему искушан као и ми, осим греха.
16 Momma yɛnsi yɛn bo na yɛmmra Onyankopɔn ahennwa a adom wɔ mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔborɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn ɛberɛ a ɛsɛ mu.
Да приступимо, дакле, слободно к престолу благодати, да примимо милост и нађемо благодат за време кад нам затреба помоћ.