< Hebrifoɔ 2 >

1 Yei enti na ɛsɛ sɛ yɛsɔ nokorɛ a yɛate no mu denden sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, biribi rentu yɛn aso.
Eyi nti na ɛsɛ sɛ yeso nokware a yɛate no mu dennen, sɛnea ɛbɛyɛ a biribi rentu yɛn aso.
2 Nsɛm a abɔfoɔ no kaeɛ no yɛ nokorɛ enti obiara a wanni so no nyaa asotwe a ɛfata no.
Nsɛm a abɔfo no kae no yɛ nokware, enti obiara a wanni so no nyaa asotwe a ɛfata no.
3 Na sɛ yɛantie saa nkwagyesɛm yi a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adwane? Awurade no ankasa na ɔdii ɛkan kaa saa nkwagyeɛ yi ho asɛm na wɔn a wɔtiee no no, ama yɛahunu sɛ ɛyɛ nokorɛ.
Na sɛ yɛantie saa nkwagye yi a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aguan? Awurade no ankasa na odii kan kaa saa nkwagye yi ho asɛm na wɔn a wotiee no no ama yɛahu sɛ ɛyɛ nokware.
4 Saa ɛberɛ korɔ no ara mu Onyankopɔn nam ne nsɛnkyerɛnneɛ ne nʼanwanwadwuma so dii ho adanseɛ. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛdeɛ ɔpɛ.
Saa bere koro no ara mu na Onyankopɔn nam ne nsɛnkyerɛnne ne nʼanwonwadwuma so dii ho adanse. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛnea ɔpɛ.
5 Onyankopɔn amma abɔfoɔ anni ewiase a na wayɛ nʼadwene sɛ ɔrebɛbɔ no so; saa ewiase a yɛka ho asɛm no.
Onyankopɔn amma abɔfo anni wiase a na wayɛ nʼadwene sɛ ɔrebɛbɔ no so; saa wiase a yɛka ho asɛm no.
6 Na mmom, wɔaka no Atwerɛsɛm no mu baabi sɛ: “Onipa ne hwan a wokae no; na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho?
Na mmom wɔaka wɔ Kyerɛwsɛm no mu baabi se, “Onipa ne hena a wokae no; na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?
7 Wobɔɔ no maa ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ; na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire,
Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo; na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri,
8 sɛ ɔnni nneɛma nyinaa so.” Ɛka sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ “nneɛma nyinaa sodifoɔ.” Yei kyerɛ sɛ biribiara nni hɔ a wɔamfa anhyɛ nʼase. Nanso, seesei yɛnya nhunuu sɛ onipa di nneɛma nyinaa so.
sɛ onni nneɛma nyinaa so.” Ɛka se Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ, “Nneɛma nyinaa sodifo,” eyi da no adi sɛ biribiara ka ho. Nanso yenhu sɛ mprempren onipa di nneɛma nyinaa so.
9 Na mmom, yɛhunu Yesu! Mmerɛ tiawa bi, wɔbrɛɛ no ase sene abɔfoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Onyankopɔn adom enti, ɔbɛwu ama nnipa nyinaa. Owuo a ɔwuiɛ no enti, Onyankopɔn de animuonyam abotire abɔ no.
Nanso yehu Yesu! Mmere tiaa bi, wɔbɔɔ no hyɛɛ abɔfo ase sɛnea ɛbɛyɛ a esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti ɛsɛ sɛ owu ma nnipa nyinaa no. Yehu no sɛ esiane owu a owui no nti, wɔahyɛ no anuonyam.
10 Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, na ɔwɔ tumi sɛ ɔyɛ biribiara. Ne saa enti, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔde ne mma nyinaa bɛba nʼanimuonyam mu no, ɔmaa Agyenkwa no faa amanehunu mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ne mma no nsa bɛka nkwagyeɛ a ɛyɛ pɛ no. Ɛfiri sɛ, Yesu nko ara ne Onipa a ɔbɛtumi adi wɔn anim akɔ nkwagyeɛ mu.
Eye sɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa na ɔhwɛ so no bɛma Yesu afa nʼamanehunu no mu ayɛ pɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne mma nyinaa akɔ saa anuonyam no mu bi. Efisɛ Yesu no nko ara ne Onipa a obedi wɔn anim akɔ nkwagye no mu.
11 Ɔma nnipa yɛ kronkron firi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno enti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no.
Ɔma nnipa yɛ kronkron fi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno nti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no.
12 Ɔka sɛ, “Mɛka wo ho asɛm akyerɛ me nuanom, mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.”
Ɔka se, “Mɛka wo ho asɛm akyerɛ me nuanom, mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.”
13 Ɔsane ka bio sɛ, “Mede me ho bɛto Onyankopɔn so.” Na ɔno nso ka sɛ, “Mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie.”
Ɔsan ka bio se, “Mede me ho bɛto Onyankopɔn so.” Na ɔno nso ka se, “Mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no ni.”
14 Esiane sɛ mma no wɔ honam ne mogya enti, Yesu nso baa onipa tebea mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne wuo no so bɛsɛe ɔbonsam a ɔkura owuo tumi no ahoɔden.
Esiane sɛ mma no wɔ ɔhonam ne mogya nti, Yesu nso baa onipa tebea mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam ne wu no so bɛsɛe ɔbonsam a okura owu tumi no ahoɔden.
15 Na ɔnam so agye wɔn a ɛsiane sɛ wɔsuro owuo enti, wɔn asetena mu nyinaa, wɔayɛ nkoa no.
Na ɔnam so agye wɔn a esiane sɛ wosuro owu nti, wɔayɛ akoa wɔ wɔn asetena nyinaa mu no.
16 Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ ɛnyɛ abɔfoɔ na ɔboa wɔn. Na mmom, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, “Ɔboa Abraham asefoɔ.”
Ɛyɛ nokware turodoo sɛ ɛnyɛ abɔfo na ɔboa wɔn. Na mmom sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, “Ɔboa Abraham asefo.”
17 Yei kyerɛ sɛ, ɛkwan biara so no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ sɛ ne nuanom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛyɛ wɔn nokwafoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ Ɔsɔfopanin wɔ Onyankopɔn anim, na ɛnam so ma wɔde nnipa bɔne akyɛ wɔn.
Eyi kyerɛ sɛ ɔkwan biara so no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ sɛ ne nuanom, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ wɔn Sɔfopanyin nokwafo ne mmɔborɔhunufo wɔ Onyankopɔn som mu, na anam so ma wɔde nnipa bɔne akyɛ wɔn.
18 Enti afei, ɔbɛtumi aboa wɔn a wɔasɔ wɔn ahwɛ ɛfiri sɛ, ɔno ankasa wɔsɔɔ no hwɛeɛ maa ɔhunuu amane.
Enti afei, obetumi aboa wɔn a wɔasɔ wɔn ahwɛ no, efisɛ wɔsɔɔ ɔno ankasa hwɛe, ma ohuu amane.

< Hebrifoɔ 2 >