< Hebrifoɔ 1 >
1 Mmerɛ a atwam no, na Onyankopɔn nam akwan ahodoɔ bebree so fa adiyifoɔ so kasa kyerɛ yɛn mpanimfoɔ.
天主在古時,曾多次並以多種方式,藉著先知對我們的祖先說過話;
2 Nanso, mmerɛ a ɛdi akyire no deɛ, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na Onyankopɔn nam ne so bɔɔ ewiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awieeɛ no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne dea. (aiōn )
但在這末期內,衪藉著自己的兒子對我們說了話。天主立了衪為萬有的承繼者,並藉著衪造成了宇宙。 (aiōn )
3 Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn animuonyam hyerɛn no so hran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no sɔ ewiase mu. Ɔtee nnipa ho firii wɔn bɔne mu wieeɛ no, ɔtenaa Otumfoɔ Onyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro.
衪是天主光榮的反映,是天主本體的真像,以自己大能的話支撐萬有;當衪滌除了罪惡之後,便在高天上坐於「尊威」的右邊。
4 Ɛno enti, ɔyɛɛ kɛse sene abɔfoɔ no, ɛfiri sɛ, edin a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sene wɔn deɛ no.
衪所承受的名字既然超越眾天使的名字,所以衪遠超過眾天使之上。
5 Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no mu biara sɛ, “Woyɛ me Ba; na ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.” Ɛnna wanka ankyerɛ ɔbɔfoɔ biara sɛ, “Mɛyɛ wʼAgya na wayɛ me Ba.”
天主曾向那一位天使說過:『你是我的兒子,我今日生了你﹖』或說過:『我要作衪的父親,衪要作我的兒子﹖』
6 Ɛberɛ a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba ewiase no, ɔsane kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa som no.”
再者,當天主引領首生子進入世界的時候,又說:『天主的眾天使都要崇拜衪。』
7 Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfoɔ no ho ne sɛ, “Onyankopɔn soma nʼabɔfoɔ sɛ mframa, na ɔsoma nʼasomfoɔ sɛ gyadɛreeɛ.”
論到天使固然說過:『天主使自己的天使為風,使自己的僕役為火燄。』
8 Na ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kaa sɛ, “Ao, Onyankopɔn, wʼahennwa bɛtena hɔ daa nyinaa; wʼAhennie yɛ atɛntenenee. (aiōn )
可是,論到自己的兒子卻說:『天主,你的御座,永遠常存,你治國的權杖,是公正的權杖。 (aiōn )
9 Wodɔ tenenee, na wokyiri bɔne, ɛno enti, Onyankopɔn wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so, na ɔde anigyeɛ ngo asra wo.”
你愛護正義,憎恨不法;為此天主,你的天主,用歡愉的油傅了你,勝過你的伴侶。』
10 Onyankopɔn sane kaa sɛ, “Mfitiaseɛ no wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.
又說:『上主,你在起初但但奠定了下地上天是你手的功績;
11 Ne nyinaa bɛtwam na wo deɛ wobɛtena hɔ daa; wɔbɛtete sɛ atadeɛ.
諸天必要毀滅,而你永遠存在;萬物必要如同衣裳一樣破壞。
12 Wɔbɛbobɔ no sɛ ntoma; na wɔbɛsesa no sɛ ntadeɛ. Nanso, wote sɛdeɛ woteɛ, na wo mfeɛ to rentwa da.”
你將它們捲起好似外套,它門必如衣服,都要變換更新;但是你卻永存不變,你的壽命無盡無限。』
13 Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no sɛ, “Montena me nifa so kɔsi sɛ mede mo atamfoɔ bɛyɛ mo nan ntiasoɔ.”
又向那一位天使說過:『你坐在我右邊,等我使你的仇敵,變作你腳下的踏板﹖』
14 Sɛ saa a, na abɔfoɔ no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagyeɛ no.
眾天使豈不都是奉職的神被派遣給那些要承受救恩的人服務嗎﹖