< Hagai 2 >

1 Ɛda a ɛtɔ so aduonu baako wɔ bosome a ɛtɔ so nson no, Awurade de asɛm faa Odiyifoɔ Hagai so sɛ:
In septimo mense, vigesima et prima mensis, factum est verbum Domini in manu Aggæi prophetæ, dicens:
2 “Ka yei kyerɛ Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado ne Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ a wɔwɔ asase no so hɔ no. Bisa wɔn sɛ,
Loquere ad Zorobabel, filium Salathiel, ducem Iuda, et ad Iesum, filium Iosedec, sacerdotem magnum, et ad reliquos populi, dicens:
3 ‘Mo a mo aka yi mu hwan na ɔhunuu saa fie yi animuonyam sɛdeɛ na ɛteɛ kane no? Ɛte mo sɛn ɛnnɛ? Ɛnyɛ mo sɛ ɛnsɛ hwee seesei anaa?
Quis in vobis est derelictus, qui vidit domum istam in gloria sua prima? et quid vos videtis hanc nunc? numquid non ita est, quasi non sit in oculis vestris?
4 Enti, Serubabel, nya akokoɔduru seesei.’ Saa na Awurade seɛ, ‘Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua, nya akokoɔduru. Mo nnipa a mowɔ asase no so seesei no, monnya akokoɔduru. Awurade na ɔseɛ. Monnya akokoɔduru na monnyɛ adwuma, ɛfiri sɛ, meka mo ho.’ Saa na Asafo Awurade ka.
Et nunc confortare, Zorobabel, dicit Dominus: et confortare, Iesu, fili Iosedec, sacerdos magne: et confortare, omnis populus terræ, dicit Dominus exercituum: et facite (quoniam ego vobiscum sum, dicit Dominus exercituum)
5 ‘Yei ne apam a me ne mo yɛeɛ ɛberɛ a mofirii Misraim. Me Honhom ka mo ho. Ɛno enti monnsuro.’
verbum quod pepigi vobiscum cum egrederemini de terra Ægypti: et spiritus meus erit in medio vestrum: nolite timere.
6 “Yei ne asɛm a Asafo Awurade seɛ. ‘Ɛrenkyɛre biara, mɛwoso ɔsoro ne asase bio. Mɛwoso ɛpo hahanaa ne asase kesee nso.
Quia hæc dicit Dominus exercituum: Adhuc unum modicum est, et ego commovebo cælum, et terram, et mare, et aridam.
7 Mɛwoso aman nyinaa, na aman nyinaa anidasoɔ bɛba, na mede animuonyam bɛhyɛ saa fie ha ma.’ Saa na Asafo Awurade seɛ.
Et movebo omnes gentes, et veniet Desideratus cunctis gentibus: et implebo domum istam gloria, dicit Dominus exercituum.
8 ‘Dwetɛ no yɛ me dea. Na sikakɔkɔɔ yɛ me dea.’ Sei na Asafo Awurade seɛ.
Meum est argentum, et meum est aurum, dicit Dominus exercituum.
9 ‘Saa fie yi animuonyam bɛkorɔn asene nʼanimuonyam a atwam no.’ Saa na Asafo Awurade ka. ‘Na mɛma asomdwoeɛ aba ha.’ Me, Asafo Awurade na makasa.”
Magna erit gloria domus istius novissimæ plus quam primæ, dicit Dominus exercituum: et in loco isto dabo pacem, dicit Dominus exercituum.
10 Ɔhene Dario adedie mfeɛ mmienu mu, ɔbosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu ɛnan, Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Odiyifoɔ Hagai.
In vigesima et quarta noni mensis, in anno secundo Darii regis, factum est verbum Domini ad Aggæum prophetam, dicens:
11 “Asɛm a Asafo Awurade ka nie: ‘Mommisa asɔfoɔ no deɛ mmara no ka.
Hæc dicit Dominus exercituum: Interroga sacerdotes legem, dicens:
12 Sɛ ɛnam kronkron bi hyɛ obi atadeɛ mmuano mu, na sɛ ɛho kɔ ka burodo anaa abɔmu, nsã anaa ngo anaa aduane foforɔ bi a, ɛno nso bɛyɛ kronkron anaa?’” Asɔfoɔ no buaa sɛ: “Dabi.”
Si tulerit homo carnem sanctificatam in ora vestimenti sui, et tetigerit de summitate eius panem, aut pulmentum, aut vinum, aut oleum, aut omnem cibum, numquid sanctificabitur? Respondentes autem sacerdotes, dixerunt: Non.
13 Na Hagai bisaa sɛ, “Na sɛ obi nso de ne ho ka efunu de gu ne ho fi, na ɔde ne ho twitwiri nneɛma a wɔabobɔ din yi bi ho a, na wɔagu ho fi anaa?” Na asɔfoɔ no buaa sɛ, “Aane.”
Et dixit Aggæus: Si tetigerit pollutus in anima ex omnibus his, numquid contaminabitur? Et responderunt sacerdotes, et dixerunt: Contaminabitur.
14 Afei, Hagai kaa sɛ, “‘Saa ara na nnipa no ne saa ɔman yi teɛ.’ Saa na Awurade seɛ. ‘Biribiara a wɔyɛ ne biribiara a wɔde ba no ho agu fi.
Et respondit Aggæus, et dixit: Sic populus iste, et sic gens ista ante faciem meam, dicit Dominus, et sic omne opus manuum eorum: et omnia quæ obtulerunt ibi, contaminata erunt.
15 “‘Enti, ɛfiri ɛnnɛ, monnwene saa adeɛ yi ho yie. Monkae sɛdeɛ na nneɛma teɛ, ansa na moreto Awurade asɔredan no fapem no.
Et nunc ponite corda vestra a die hac et supra, antequam poneretur lapis super lapidem in templo Domini.
16 Ɛberɛ a modwene sɛ mobɛnya mfudeɛ susukora aduonu no, monyaa edu pɛ. Ɛberɛ a mode mo ani buu sɛ mobɛnya gyare aduonum afiri nsakyibea no, monyaa aduonu pɛ.
Cum accederetis ad acervum viginti modiorum, et fierent decem: et intraretis ad torcular, ut exprimeretis quinquaginta lagenas, et fiebant viginti.
17 Memaa yadeɛ a ɛsɛe mfudeɛ, ɛbɔ ne ampariboɔ bɛsɛee mo nsa ano nnwuma nyinaa. Nanso, moampɛ sɛ mobɛsane aba me nkyɛn. Saa na Awurade seɛ.
Percussi vos vento urente, et aurugine, et grandine omnia opera manuum vestrarum: et non fuit in vobis qui reverteretur ad me, dicit Dominus.
18 Ɛfiri ɔbosome a ɛtɔ so nkron, da a ɛtɔ so aduonu ɛnan yi, monnwene da a wɔtoo Awurade asɔredan fapem no ho yie.
Ponite corda vestra ex die ista, et in futurum, a die vigesima et quarta noni mensis: a die qua fundamenta iacta sunt templi Domini, ponite super cor vestrum.
19 Aba bi aka asan no so anaa? Ɛbɛsi ɛnnɛ, bobe, borɔdɔma, ateaa ne ngo dua aso wɔn aba anaa? “‘Ɛfiri saa da yi rekorɔ no, mɛhyira mo.’”
Numquid iam semen in germine est, et adhuc vinea, et ficus, et malogranatum, et lignum olivæ non floruit? ex die ista benedicam.
20 Awurade asɛm baa Hagai nkyɛn ne mprenu so wɔ ɔbosome no da a ɛtɔ aduonu ɛnan:
Et factum est verbum Domini secundo ad Aggæum in vigesima et quarta mensis, dicens:
21 “Ka kyerɛ Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado no sɛ, merebɛwoso ɔsoro ne asase.
Loquere ad Zorobabel ducem Iuda, dicens: Ego movebo cælum pariter et terram,
22 Mɛbutu ahennwa, na masɛe ananafoɔ ahemman no tumi. Mɛdane wɔn nteaseɛnam ne wɔn a wɔka no abutu. Apɔnkɔ akafoɔ no bɛhwehwe ase na wɔakunkum wɔn ho.
et subvertam solium regnorum, et conteram fortitudinem regni gentium: et subvertam quadrigam et ascensorem eius, et descendent equi, et ascensores eorum, vir in gladio fratris sui.
23 “‘Ɛda no’ Asafo Awurade ka sɛ, ‘Mɛfa wo, Sealtiel babarima, me ɔsomfoɔ Serubabel, mɛfa wo sɛ nsɔano kawa, ɛfiri sɛ mayi wo.’ Me Asafo Awurade, na makasa.”
In die illa, dicit Dominus exercituum, assumam te, Zorobabel, fili Salathiel, serve meus, dicit Dominus: et ponam te quasi signaculum, quia te elegi, dicit Dominus exercituum.

< Hagai 2 >