< Habakuk 2 >

1 Mɛgyina mʼahwɛeɛ na mawɛn. Mɛbɔ nsra na mahwɛ deɛ ɔbɛka akyerɛ me, ne mʼanoyie a mede bɛma nkurobɔ yi.
I will stand at my guard post and station myself on the ramparts. I will watch to see what He will say to me, and how I should answer when corrected.
2 Afei, Awurade buaa sɛ, “Twerɛ adiyie yi wɔ abopono so ma emu nna hɔ pefee ama ɔkenkanfoɔ ate aseɛ.
Then the LORD answered me: “Write down this vision and clearly inscribe it on tablets, so that a herald may run with it.
3 Adiyisɛm no retwɛn hyɛberɛ bi; ɛka awieeɛ ho asɛm na ɛbɛba mu. Ɛwom sɛ ɛrekyɛre deɛ, nanso twɛn, ɛrenkyɛre, ɛbɛba mu.
For the vision awaits an appointed time; it testifies of the end and does not lie. Though it lingers, wait for it, since it will surely come and will not delay.
4 “Hwɛ, wama ne ho so; nʼapɛdeɛ ntene, nanso ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa.
Look at the proud one; his soul is not upright — but the righteous will live by faith —
5 Nokorɛm, nsã ayi no ama wayɛ ahantan na ɔnni ahotɔ. Esiane sɛ ɔyɛ adifudepɛ sɛ damena na ɔte sɛ owuo a hwee mmee no enti ɔfom aman no nyinaa na ɔfa amanfoɔ no nyinaa nnommum. (Sheol h7585)
and wealth indeed betrays him. He is an arrogant man never at rest. He enlarges his appetite like Sheol, and like Death, he is never satisfied. He gathers all the nations to himself and collects all the peoples as his own. (Sheol h7585)
6 “Nnommumfoɔ yi nyinaa bɛdi ne ho fɛ asere no aka sɛ, “‘Nnome nka deɛ ɔboaboa korɔnodeɛ ano, na ɔnam apoobɔ so nya ne ho! Yei nkɔ so nkɔsi da bɛn?’
Will not all of these take up a taunt against him, speaking with mockery and derision: ‘Woe to him who amasses what is not his and makes himself rich with many loans! How long will this go on?’
7 Wɔn a wode wɔn ka no bɛsɔre mpofirim so. Wɔbɛsɔre ama wo ho apopo na wɔbɛtwi afa wo so.
Will not your creditors suddenly arise and those who disturb you awaken? Then you will become their prey.
8 Esiane sɛ woafo aman bebree enti, wɔn a wɔaka no bɛfo wo bi. Ɛfiri sɛ woahwie nnipa mogya agu; woasɛe nsase, nkuropɔn ne wɔn a wɔtete mu.
Because you have plundered many nations, the remnant of the people will plunder you— because of your bloodshed against man and your violence against the land, the city, and all their dwellers.
9 “Nnome nka deɛ ɔde korɔnodeɛ kyekyere ne ɔman, a ɔyɛ ne pirebuo wɔ sorɔnsorɔmmea, sɛdeɛ ɔbɛyi ne ho afiri ɔsɛeɛ mu.
Woe to him who builds his house by unjust gain, to place his nest on high and escape the hand of disaster!
10 Woatu nnipa bebree sɛeɛ ho agyina, de agu wo fie anim ase, na wode wo nkwa atwa so.
You have plotted shame for your house by cutting off many peoples and forfeiting your life.
11 Aboɔ a ɛhyehyɛ afie afasuo mu no bɛteam na ɛbɛgyegye wɔ mpunan a wɔahyehyɛ no mu.
For the stones will cry out from the wall, and the rafters will echo it from the woodwork.
12 “Nnome nka deɛ ɔnam mogya hwieguo so kyekyere kuropɔn na ɔnam awudie so kyekyere kuro.
Woe to him who builds a city with bloodshed and establishes a town by iniquity!
13 Asafo Awurade ahyɛ sɛ, nnipa no adwumayɛ bɛyɛ ogya a wɔhye. Aman no brɛ gu kwa.
Is it not indeed from the LORD of Hosts that the labor of the people only feeds the fire, and the nations weary themselves in vain?
14 Na Awurade animuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase nyinaa ma, sɛdeɛ nsuo hyɛ ɛpo ma no.
For the earth will be filled with the knowledge of the glory of the LORD as the waters cover the sea.
15 “Due! Wo a woma wo mfɛfoɔ nsã, Wohwie ma wɔnom kɔsi sɛ wɔbɛboro, na afei woahwɛ wɔn adagya.
Woe to him who gives drink to his neighbors, pouring it from the wineskin until they are drunk, in order to gaze at their nakedness!
16 Worennya animuonyam biara. Wʼani bɛwu. Afei aduru wo so. Nom na tɔ ntintan. Kuruwa a ɛfiri Awurade nsa nifa reba wo so, Aniwuo bɛkata wʼanimuonyam so
You will be filled with shame instead of glory. You too must drink and expose your uncircumcision! The cup in the LORD’s right hand will come around to you, and utter disgrace will cover your glory.
17 Awurukasɛm a wode adi Lebanon no bɛmene wo, ɔsɛeɛ a wosɛee mmoa nso bɛbɔ wo hu. Woaka nnipa mogya agu; woasɛe nsase, nkuropɔn ne nnipa a wɔwɔ mu.
For your violence against Lebanon will overwhelm you, and the destruction of animals will terrify you, because of your bloodshed against men and your violence against the land, the city, and all their dwellers.
18 “Ɛdeɛn mfasodeɛ na monya firi ahoni a onipa ayɛ mu? Anaa nsɛsodeɛ a ɛkyerɛkyerɛ atorɔ? Deɛ ɔyɛ ohoni no de ne ho to ɔno ankasa nsa ano adwuma so; na ɔyɛ anyame a wɔntumi nkasa.
What use is an idol, that a craftsman should carve it— or an image, a teacher of lies? For its maker trusts in his own creation; he makes idols that cannot speak.
19 Nnome nka deɛ ɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Nya nkwa!’ Anaa ɔka kyerɛ ɛboɔ a ɛnni nkwa sɛ, ‘Nyane!’ Ɛbɛtumi ama akwankyerɛ? Wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ adura ho; nanso ahomeɛ nni mu.”
Woe to him who says to wood, ‘Awake!’ or to silent stone, ‘Arise!’ Can it give guidance? Behold, it is overlaid with gold and silver, yet there is no breath in it at all.”
20 Nanso Awurade wɔ nʼasɔrefie kronkron mu. Momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ nʼanim.
But the LORD is in His holy temple; let all the earth be silent before Him.

< Habakuk 2 >