< Habakuk 1 >

1 Yei ne asɛm a odiyifoɔ Habakuk nya firii Awurade nkyɛn wɔ anisoadehunu mu.
Eyi ne asɛm a odiyifo Habakuk nya fii Awurade nkyɛn wɔ anisoadehu mu.
2 Ao, Awurade, memfrɛ mmisa mmoa nkɔsi da bɛn, a nso wontie me? Meteam mefrɛ wo, akakabensɛm enti, nanso womma mmɛgye me.
Awurade, enkosi da bɛn na memfrɛ nsrɛ mmoa, nanso wuntie me? Meteɛ mu frɛ, “Akakabensɛm!” nanso womma mmegye me.
3 Adɛn na woma mehwɛ ntɛnkyea? Adɛn enti na wotena bɔne ho? Ɔsɛeɛ ne akakabensɛm da mʼanim, basabasayɛ ne abɛbrɛsɛ atwa me ahyia.
Adɛn na woma mehwɛ ntɛnkyew? Adɛn nti na wotena bɔne ho? Ɔsɛe ne akakabensɛm da mʼanim, basabasayɛ ne abɛbrɛsɛ atwa me ho ahyia.
4 Enti, mmara nyɛ adwuma na atɛntenenee nni baabiara, atirimuɔdenfoɔ aka ateneneefoɔ ahyɛ, enti wɔkyea atemmuo.
Enti mmara nyɛ adwuma na atɛntrenee nni baabiara, atirimɔdenfo aka atreneefo ahyɛ, enti wɔkyea atemmu.
5 “Momma ɛnyɛ mo nwanwa, na mo ho nnwiri mo! Merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so, na sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni.
“Hwɛ aman no, na wo ho bedwiriw wo! Merebɛyɛ biribi wɔ wo bere so, na sɛ wɔka kyerɛ wo a, worennye nni.
6 Mema Babiloniafoɔ asɔre, ɔman a wɔyɛ atirimuɔdenfoɔ ne ntɔkwapɛfoɔ; wɔbufa asase nyinaa so, na wɔfa tenabea a ɛnyɛ wɔn dea.
Merema Babiloniafo asɔre, ɔman a wɔyɛ atirimɔdenfo ne ntɔkwapɛfo; wobu fa asase nyinaa so, na wɔfa tenabea a ɛnyɛ wɔn de.
7 Wɔn ho yɛ hu na nnipa suro wɔn; wɔyɛ wɔn bo so adeɛ, de pɛ animuonyam ma wɔn ho.
Wɔn ho yɛ hu na nnipa suro wɔn; wɔyɛ wɔn koko so ade, de pɛ anuonyam ma wɔn ho.
8 Wɔn apɔnkɔ ho yɛ herɛ sene asebɔ, na wɔn ho yɛ hu sene pataku a ɔnam anadwo, wɔn apɔnkɔsotefoɔ kɔ wɔn anim mmarima so, wɔfiri akyirikyiri nsase so, na wɔto hoo sɛ akroma a ɔrekɔkye aboa.
Wɔn apɔnkɔ ho yɛ hare sen asebɔ, na wɔn ho yɛ hu sen pataku a ɔnam anadwo, wɔn apɔnkɔsotefo kɔ wɔn anim mmarima so, wofi akyirikyiri nsase so, na wɔbɔ hoo sɛ akorɔma a ɔrekɔkyere aboa.
9 Wɔn nyinaa ba sɛ wɔrebɛyɛ basabasayɛ. Wɔn dɔm pem kɔ wɔn anim te sɛ anweatam so mframa, na wɔtase nneduafoɔ sɛ anwea.
Wɔn nyinaa ba sɛ wɔrebɛyɛ basabasayɛ. Wɔn dɔm pem kɔ wɔn anim te sɛ nweatam so mframa, na wɔtase nneduafo sɛ nwea.
10 Wɔmmmu ahene, wɔdi aman sodifoɔ ho fɛw, na wɔtwee nkuropɔn ho banbɔ denden. Wɔsisi dɔteɛ epie nam so kyekyere atamfoɔ.
Wodi ahene ho fɛw, wɔka aman sodifo anim, na wɔtwee nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ dennen. Wosisi dɔte mpie nam so kyekyere atamfo.
11 Wɔbɔ hoo te sɛ mframa kɔ wɔn anim. Afɔdifoɔ a wɔn ahoɔden yɛ wɔn nyame.”
Wɔbɔ hoo te sɛ mframa kɔ wɔn anim. Afɔdifo a wɔn ahoɔden yɛ wɔn nyame.”
12 Ao, Awurade, wonni hɔ firi tete anaa? Me Onyankopɔn, me Kronkronni, wo a wote ase daa. Ao, Awurade, woapa wɔn sɛ wɔmmu atɛn; Ao Ɔbotantim, woahyɛ wɔn sɛ wɔntwe aso.
Awurade, wunni hɔ fi tete ana? Me Nyankopɔn, me Kronkronni, wo a wote ase daa. Wo, Awurade, woapaw wɔn sɛ wommu atɛn; wo, me Botantim, woahyɛ wɔn sɛ wɔntwe aso.
13 Wʼaniwa yɛ kronkron, a wontumi nhwɛ nnebɔne; wonnyegye bɔne so. Na ɛdeɛn enti na wogyegye nnipa kɔntɔnkye so, na ɛdeɛn enti na wayɛ komm wɔ ɛberɛ a atirimuɔdenfoɔ remene ateneneefoɔ?
Wʼaniwa yɛ kronkron a wuntumi nhwɛ nnebɔne; wunnyigye nnebɔne so. Na adɛn nti na wugyigye nnipa akɔntɔnkye so, na dɛn nti na wayɛ komm wɔ bere a atirimɔdenfo rememene atreneefo?
14 Woama nnipa ayɛ sɛ nsuomnam a ɛwɔ ɛpo mu, te sɛ abɔdeɛ a ɛwɔ ɛpo mu a wonni sodifoɔ.
Woama nnipa ayɛ sɛ nsumnam a ɛwɔ po mu, te sɛ abɔde a ɛwɔ po mu a wonni sodifo.
15 Ɔtamfoɔ tirimuɔdenfoɔ no de darewa yi wɔn, ɔgu nʼasau de buma wɔn, na afei ɔsɛpɛ ne ho ma nʼani gye.
Ɔtamfo tirimɔdenfo no de darewa yi wɔn, ogu nʼasau de buma wɔn, na afei ɔsɛpɛw ne ho ma nʼani gye.
16 Ne saa enti ɔbɔ afɔdeɛ ma nʼasau na wahye aduhwam ama no, ɛfiri sɛ asau yi so na ɔnam nya ateyie, na ɔdi nʼakɔnnɔ aduane.
Ne saa nti ɔbɔ afɔre ma nʼasau na wahyew aduhuam ama no, efisɛ asau yi so na ɔnam nya yiyedi, na odi nʼakɔnnɔ aduan.
17 Enti ɔnkɔ so nni nʼasau mu nam, na ɔmfa atirimuɔden nsɛe aman anaa?
Enti ɔnkɔ so nni nʼasau mu nam, na ɔmfa atirimɔden nsɛe aman ana?

< Habakuk 1 >