< 1 Mose 49 >

1 Yakob frɛɛ ne mmammarima nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛtwa me ho nhyia, na menka mo deɛ ɛbɛba mo so.
Jakob berief nun seine Söhne und sprach: "Versammelt euch, damit ich euch verkünde, was euch begegnet in der Folgezeit.
2 “Yakob mmammarima, mommoaboa mo ho ano, na montie; montie mo agya Israel.
Schart euch zusammen! Ihr Jakobssöhne, hört! Auf euren Vater Israel hört jetzt!"
3 “Ruben, wo na woyɛ mʼabakan. Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan a ɛboro animuonyam ne tumi so.
"Ruben! Mein Erstling du, du meine Kraft, du Erstling meiner Stärke! Aufrechter Pflock! Du starker Pflock!
4 Woyɛ kirikiri sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio, ɛfiri sɛ, woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdaeɛ, de guu mʼanim ase.
Des Wassers Überschwang sei nimmer dir zu eigen! Denn du erstiegest deines Vaters Bett, entweihtest mit Gewalt mein Lager."
5 “Simeon ne Lewi yɛ anuanom. Wɔgyina hɔ ma basabasayɛ ne nsisie.
"Simeon und Levi! Das Brüderpaar. Des Unrechts Waffen waren ihre Schwerter.
6 Mma me nkɔka wɔn agyinatuo ho, ɛfiri sɛ, wɔnam wɔn abufuo so akunkum nnipa, na wɔkunkumm anantwie de gyee wɔn ani.
Nicht möchte meine Seele ihrem Plane beitreten! Nicht möchte mein Gemüt mit ihrem Anschlag sich befreunden! In ihrem Zorne mordeten sie Männer, verstümmelten in ihrer Laune Stiere.
7 Nnome nka wɔn abufuo, ɛfiri sɛ, ano yɛ den, na ɛyɛ atirimuɔdensɛm! Ɛno enti, mɛbɔ wɔn asefoɔ ahwete Israelman mu nyinaa.
Verflucht ihr Zorn, der stark, ihr Grimm, so hart! Und so verteile ich in Jakob sie, zerstreue sie in Israel."
8 “Yuda, wo nuammarimanom bɛyi wo ayɛ. Wobɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa. Wʼagya mmammarima bɛkoto wo.
"Dich, Juda, sollen deine Brüder preisen! Am Nacken deiner Feinde deine Hand! Die Söhne deines Vaters neigen sich vor dir.
9 Ao, Yuda, woyɛ gyata ba a woawe wʼatamfoɔ ɛnam awie. Wote sɛ gyata a wabutu. Hwan na ɔbɛtumi akɔka no?
Ein junger Leu ist Juda. Mein Sohn, vom Raube stiegest du empor. Er kauert, lagert wie der Leu, wie eine Löwin. Wer mag ihn reizen?
10 Ahempoma remfiri Yuda nsam, na saa ara nso na ahempoma remfiri ne nan ntam, kɔsi sɛ, deɛ ɛyɛ ne dea a aman nyinaa bɛtie no no bɛba.
Nicht weicht das Zepter je von Juda und nie der Herrscherstab von ihm, bis sein Ersehnter kommt, auf den die Völker hören.
11 Ɔbɛsa nʼafunumu wɔ bobe dua mu. Ɔde nʼafunumu ba bɛsa bobe pa mman mu. Ɔbɛsi ne ntoma wɔ nsã mu, na wasi nʼatadeɛ nso wɔ bobesa kɔɔ mu.
Sein Eselsfüllen bindet er an einen Weinstock und an die Edelrebe seiner Eselin Junges. Er wäscht in Wein sein Kleid, im Traubenblute sein Gewand.
12 Nʼaniwa aba bɛbiri asene bobesa. Ne se bɛyɛ fitaa asene nufosuo.
Von Wein die Augen fröhlich, die Zähne weiß von Milch."
13 “Sebulon bɛtena mpoano. Ɔbɛsisi ahyɛngyinabea ama ahyɛn. Nʼahyeɛ so bɛtrɛ akɔsi Sidon.
"Und Zabulon wohnt an dem Meeresstrand und fährt auf Schiffen, und seine Flanke reicht an Sidon."
14 “Isakar yɛ afunumu hoɔdenfoɔ a ɔbutu hɔ rehome wɔ nnwankuo mu.
"Issakar ist ein starker Esel, der zwischen Höhen lagert.
15 Sɛ ɔhunu sɛdeɛ nʼahomegyebea yɛ fa a, ne sɛdeɛ nʼasase no so dwo a, ɔbɛkuntunu agye adesoa, na wapene so sɛ akoa ama ɔhyɛ adwuma.
Er fand, daß Ruhe etwas Schönes und daß das Land gar prächtig. So beugte er zum Tragen seinen Nacken und ward ein Fronknecht."
16 “Dan bɛbu ne manfoɔ atɛn sɛ Israel mmusuakuo no baako.
"Und Dan schafft seinem Volke Recht, wie einer nur von Israels Stämmen.
17 Dan bɛyɛ sɛ ɔtweaseɛ a ɔda kwankyɛn; ɔbɛyɛ sɛ ahuritia a ɔnam tempɔn mu a ɔka ɔpɔnkɔ nantin, sɛdeɛ ɛbɛma ne sotefoɔ ate ahwe nʼakyiri.
Am Weg ist eine Schlange Dan und eine Hornviper am Pfad; sie beißt das Roß in seine Hinterfüße, und rückwärts stürzt sein Reiter.
18 “Ao, Awurade, wo nkwagyeɛ na meretwɛn.
Auf Deine Hilfe hoff ich, Herr."
19 “Nnipa bɔnefoɔ bɛto ahyɛ Gad so, na ɔno nso bɛti wɔn ato ahyɛ wɔn so.
"Den Gad umdrängt die Raubschar; doch schon drängt er dem Nachtrab nach."
20 “Aser aduane a ɔdi no bɛyɛ aduane pa. Na ɔbɛma ahennuane a ɛyɛ akɔnnɔ.
"Von Asser stammt gar fette Speise; er liefert königliche Leckerbissen."
21 “Naftali te sɛ ɔforoteɛ a wɔagyaa no a ɔwo mma ahoɔfɛfoɔ.
"Und Naphtali ist eine heilige Hirschkuh, die schöne Lämmer wirft."
22 “Yosef yɛ ngo dua a ɛso aba, a ɛsi asutene ho, na ne mman tra afasuo.
"Ein Stier ist Joseph, ein Stier an einer Quelle. Jungmänner ziehen gegen diesen Stier.
23 Agyantofoɔ kaa no hyɛeɛ, de abufuo to hyɛɛ ne so.
Und ihn bedrängen Pfeilschützen, die ihn beschießen und ihm zusetzen.
24 Nanso, ne bɛma no gyinaa pintinn, na ne basa mu yɛɛ den; esiane Otumfoɔ Onyankopɔn a Yakob somm no no a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ ne Israel botantim no;
Doch wird ihr Bogen unbiegsam, und ihrer Hände Arme zittern vor dem Jakobsfürsten und vor des Israelsohnes Hirten.
25 esiane Onyankopɔn a wʼagya somm no a ɔboa wo no; Otumfoɔ a ɔde ɔsoro nhyira bɛhyira wo; nhyira a ɛfiri asase ase pɛɛ; nhyira a ɛfiri nufoɔ ne yafunu mu no.
Dir helfe deines Vaters Gott, und der Allmächtige segne dich mit Himmelssegen oben, mit Segnungen der Tiefe drunten, mit Segnungen an Brust und Schoß!
26 Wʼagya nhyira a wɔahyira no no bɛdɔɔso asene tete ntredee mmepɔ ne nkokoɔ a ɛtintim hɔ daa no so nnɔbaeɛ. Yeinom nyinaa mmra Yosef a ɔda mu fua a wɔpaa no firii ne nuanom mu no so.
Die Segenswünsche deines Vaters, sie übertreffen jene meiner Eltern, den Wunsch der alten Hirten. Gelangen mögen sie auf Josephs Haupt, ja auf den Scheitel des Geweihten unter seinen Brüdern!"
27 “Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam; ɔbɔ aporɔ anɔpa, kye nʼahaboa we, na ɛduru anwummerɛ a, ɔkyekyɛ ɛnam nkaeɛ no.”
"Ein räuberischer Wolf ist Benjamin; am Morgen frißt er Raub und abends teilt er Beute."
28 Yei ne nhyira a Israel mmusuakuo dumienu no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛdeɛ ɛfata no.
All diese sind die zwölf Stämme Israels, und dies war es, was ihr Vater zu ihnen gesprochen hat. Er segnete sie; jeden segnete er mit seinem besonderen Segen.
29 Yakob rebɛwuo no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanimfoɔ ho. Sɛ mewu a, monsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuo a wɔsiee me mpanimfoɔ mu no mu.
Und er beschied sie und sprach zu ihnen: "Ich gehe nun zu meinem Volke ein. Begrabet mich bei meinen Vätern in der Höhle auf dem Feld des Chittiters Ephron,
30 Ɛno ne ɔboda ne afuo a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no firii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusieeɛ.
in jener Höhle auf dem Feld der Makpela, Mamre gegenüber im Lande Kanaan, auf jenem Feld, das Abraham von dem Chittiter Ephron zum Erbbegräbnis gekauft!
31 Saa ɔboda no mu na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wɔsiee Isak ne ne yere Rebeka, na mesiee Lea nso.
Dort hat man Abraham begraben und sein Weib Sara. Dort hat man Isaak begraben und sein Weib Rebekka; dort habe auch ich Lea begraben,
32 Me nana Abraham tɔɔ afuo no ne ɔboda a ɛka ho no nyinaa firii Hetifoɔ no nkyɛn.”
auf jenem Felde und in der Höhle, die von den Söhnen Chets stammt."
33 Ɛberɛ a Yakob kasa kyerɛɛ ne mma no wieeɛ no, ɔmaa ne nan so guu ne mpa so wuiɛ. Wɔkɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn.
Als Jakob die Aufträge an seine Söhne beendet hatte, zog er seine Füße auf dem Bett ein, verschied und ward zu seinen Vätern versammelt.

< 1 Mose 49 >