< 1 Mose 48 >
1 Yei akyiri no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Wʼagya yare.” Enti, Yosef faa ne mmammarima baanu, Efraim ne Manase kaa ne ho kɔsraa no.
Mmere bi akyi no, wɔka kyerɛɛ Yosef se, “Wʼagya yare.” Enti Yosef faa ne mmabarima baanu, Efraim ne Manase kaa ne ho kɔsraa no.
2 Ɛberɛ a wɔbɔɔ Yakob amaneɛ sɛ, “Wo ba Yosef aba wo nkyɛn rebɛsra wo” no, Yakob miaa nʼani sɔre tenaa ne mpa so maa no akwaaba.
Bere a wɔbɔɔ Yakob amanneɛ se, “Wo ba Yosef aba wo nkyɛn rebɛsra wo” no, Yakob miaa nʼani sɔre tenaa ne mpa so.
3 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Otumfoɔ Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na ɔhyiraa me,
Yakob ka kyerɛɛ Yosef se, “Otumfo Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na ohyiraa me,
4 ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mɛma woawo, ama wʼase afɛe. Mɛma wʼasefoɔ ayɛ ɔman kɛseɛ. Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ afebɔɔ.’
ka kyerɛɛ me se, ‘Mɛma woawo, ama wʼase afɛe. Mɛma wʼasefo ayɛ ɔman kɛse. Mede saa asase yi bɛma wʼasefo afebɔɔ sɛ wɔn agyapade.’
5 “Ɛno enti, mede wo mma baanu a wɔwoo wɔn maa wo ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Misraim asase so ha no bɛka me mma no ho. Efraim ne Manase bɛka me mma ho, sɛdeɛ Ruben ne Simeon yɛ me mma no.
“Ɛno nti, mede wo mma baanu a wɔwoo wɔn maa wo ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Misraim asase so ha no bɛka me mma no ho. Efraim ne Manase bɛka me mma ho, sɛnea Ruben ne Simeon yɛ me mma no.
6 Mma foforɔ biara a wobɛwo wɔn wɔ Efraim ne Manase akyiri no na wɔbɛyɛ wo dea. Wɔde wɔn bɛka wɔn nuanom no ho wɔ asase a wɔde bɛma wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ no so.
Mma foforo biara a wobɛwo wɔn wɔ Efraim ne Manase akyi no na wɔbɛyɛ wo de. Wɔde wɔn bɛka wɔn nuanom no ho wɔ asase a wɔde bɛma wɔn sɛ wɔn agyapade no so.
7 Ɛberɛ a mefiri Paddan-Aram reba no, ababaawa Rahel wuu wɔ ɛkwan mu, ma ɛyɛɛ me ya. Na aka akwansini kakra na yɛaduru Efrat. Ɛno enti, mesiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.”
Bere a mifi Paddan-Aram reba no, ababaa Rahel wuu wɔ ɔkwan mu ma ɛyɛɛ me yaw. Na aka akwansin kakraa bi na yɛadu Efrat. Ɛno nti, misiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.”
8 Ɛberɛ a Israel hunuu Yosef mmammarima no, ɔbisaa sɛ, “Na yeinom yɛ ɛhefoɔ?”
Bere a Israel huu Yosef mmabarima no, obisae se, “Na eyinom yɛ hefo?”
9 Yosef buaa nʼagya sɛ, “Wɔyɛ mmammarima a Onyankopɔn de wɔn adom me wɔ ha.” Na Israel kaa sɛ, “Fa wɔn bra mʼanim ha na menhyira wɔn.”
Yosef buaa nʼagya se, “Wɔyɛ mmabarima a Onyankopɔn de wɔn adom me wɔ ha.” Na Israel kae se, “Fa wɔn bra mʼanim ha na minhyira wɔn.”
10 Saa ɛberɛ no, ɛsiane onyini enti, na Israel ani so ayɛ wisiwisi a, ɔnhunu adeɛ papa. Ne saa enti, Yosef de ne mma no kɔɔ ne nkyɛn pɛɛ, ma ɔyɛɛ wɔn atuu, fefee wɔn ano.
Saa bere no, esiane onyin nti, na Israel ani so ayɛ wusiwusi a onhu ade papa. Ne saa nti, Yosef de ne mma no kɔɔ ne nkyɛn pɛɛ ma ɔyɛɛ wɔn atuu, fifew wɔn ano.
11 Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Manna mannwene sɛ mɛhunu wʼanim bio da, nanso hwɛ deɛ Onyame ayɛ. Wama me ho kwan ama mahunu wo mma nso.”
Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Manna mannwene sɛ mehu wʼanim bio da, nanso hwɛ nea Onyame ayɛ. Wama me ho kwan ama mahu wo mma nso.”
12 Yosef pagyaa wɔn firii Israel kotodwe anim, ɛnna ɔno ara nso buu nkotodwe de nʼanim butuu fam.
Yosef maa wɔn so fii Israel kotodwe anim, na ɔno ara nso buu nkotodwe de nʼanim butuw fam.
13 Ɔpagyaa ne mu no, ɔde ne nsa nifa sɔɔ Efraim mu, de no gyinaa Yakob benkum so, ɛnna ɔde ne nsa benkum sɔɔ Manase mu, de no gyinaa Yakob nifa so bɛn no pɛɛ.
Ɔsɔre no, ɔde ne nsa nifa soo Efraim mu, de no gyinaa Yakob benkum so, na ɔde ne nsa benkum soo Manase mu, de no gyinaa Yakob nifa so bɛn no pɛɛ.
14 Israel tenee ne nsa nifa de too Efraim a ɔyɛ akumaa no apampam, ɛnna ɔde ne nsa benkum no too Manase nso apampam. Ɛwom sɛ na Manase yɛ abakan deɛ, nanso ɔde ne nsa benkum na ɛtoo nʼapampam.
Israel teɛɛ ne nsa nifa de too Efraim a ɔyɛ akumaa no apampam, na ɔde ne nsa benkum no too Manase nso apampam. Ɛwɔ mu sɛ na Manase yɛ abakan de, nanso ɔde ne nsa benkum na ɛtoo nʼapampam.
15 Ɔhyiraa Yosef sɛ, “Onyankopɔn a mʼagyanom Abraham ne Isak nantee nʼanim, ne me Onyankopɔn a ɔhwɛɛ me sɛ odwanhwɛfoɔ de bɛsi ɛnnɛ no,
Ohyiraa Yosef se, “Onyankopɔn a mʼagyanom Abraham ne Isak nantew nʼanim, ne me Nyankopɔn a ɔhwɛɛ me sɛ oguanhwɛfo de besi nnɛ no,
16 ɔsoro ɔbɔfoɔ a ɔgyee me firii ɔhaw nyinaa mu no, ɔnhyira saa mmarimaa yi. Wɔmfa me din ne mʼagyanom, Abraham ne Isak edin ntoto wɔn, na wɔn ase mfɛe wɔ asase so.”
ɔsoro bɔfo a ogyee me fii ɔhaw nyinaa mu no, onhyira saa mmarimaa yi. Wɔmfa me din ne mʼagyanom, Abraham ne Isak din ntoto wɔn, na wɔn ase mfɛe wɔ asase so.”
17 Ɛberɛ a Yosef hunuu sɛ nʼagya de ne nsa nifa ato Efraim apampam no, anyɛ no dɛ. Enti, ɔyii nʼagya nsa nifa no firii Efraim apampam, kɔtoo Manase apampam.
Bere a Yosef huu sɛ nʼagya de ne nsa nifa ato Efraim apampam no, anyɛ no dɛ. Enti oyii nʼagya nsa nifa no fii Efraim apampam, kɔtoo Manase apampam.
18 Yosef ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Dabi, mʼagya, yei ne mʼabakan, enti fa wo nsa nifa to nʼapampam.”
Yosef ka kyerɛɛ nʼagya se, “Dabi, mʼagya, oyi ne mʼabakan, nti fa wo nsa nifa to nʼapampam.”
19 Nanso, nʼagya ampene so kaa sɛ, “Me ba, menim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na wayɛ kɛse. Nanso, ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asene no, na nʼasefoɔ bɛyɛ amanaman bebree.”
Nanso nʼagya ampene so kae se, “Me ba, minim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na wayɛ ɔkɛse. Nanso ne nua kumaa no bɛyɛ ɔkɛse asen no, na nʼasefo bɛyɛ aman bebree.”
20 Enti ɛda no, Yakob hyiraa mmarimaa no sɛ, “Israelfoɔ nyinaa nam mo din so bɛhyirahyira wɔn ho wɔn ho. Wɔbɛka sɛ, ‘Onyankopɔn bɛhyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te sɛ Efraim ne Manase.’” Saa ɛkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bɛdii Manase anim.
Enti da no, Yakob hyiraa mmarimaa no se, “Israelfo nyinaa nam mo din so behyirahyira wɔn ho wɔn ho. Wɔbɛka se, ‘Onyankopɔn behyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te sɛ Efraim ne Manase.’” Saa ɔkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bedii Manase anim.
21 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Merebɛwu, nanso Onyankopɔn bɛhwɛ mo so, na wasane de mo akɔ Kanaan, mo agyanom asase so bio.
Na Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Merebewu, nanso Onyankopɔn bɛhwɛ mo so, na wasan de mo akɔ Kanaan, mo agyanom asase so bio.
22 Wo a seesei woabɛyɛ wo nuanom nyinaa so panin no, mede asase a menam me sekan ne mʼagyan so gye firii Amorifoɔ nkyɛn no rema wo.”
Wo a mprempren woabɛyɛ wo nuanom nyinaa so panyin no, mede asase a menam me afoa ne mʼagyan so gye fii Amorifo nkyɛn no rema wo.”