< 1 Mose 46 >

1 Enti, Israel de nʼahodeɛ nyinaa siim kɔduruu Beer-Seba. Ɔbɔɔ Onyankopɔn a na nʼagya Isak somm no no afɔdeɛ wɔ hɔ.
ויסע ישראל וכל אשר לו ויבא בארה שבע ויזבח זבחים לאלהי אביו יצחק
2 Anadwo anisoadehunu mu no, Onyankopɔn frɛɛ Yakob sɛ, “Yakob! Yakob!” Yakob gyee so sɛ, “Me nie.”
ויאמר אלהים לישראל במראת הלילה ויאמר יעקב יעקב ויאמר הנני
3 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene Onyankopɔn. Onyankopɔn a wʼagya somm no. Nsuro sɛ wobɛkɔ Misraim, ɛfiri sɛ, mɛma wʼase adɔre ayɛ ɔman kɛseɛ wɔ hɔ.
ויאמר אנכי האל אלהי אביך אל תירא מרדה מצרימה כי לגוי גדול אשימך שם
4 Mʼankasa me ne wo bɛkɔ Misraim, na masane ne wo aba ha bio. Ɛduru ɛberɛ a worebɛwu a, wobɛwu Yosef anim.”
אנכי ארד עמך מצרימה ואנכי אעלך גם עלה ויוסף ישית ידו על עיניך
5 Afei, Yakob siim firii Beer-Seba. Israel mma no de wɔn agya Yakob, wɔn yerenom ne wɔn mma tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma maa wɔde bɛfaa wɔn no mu.
ויקם יעקב מבאר שבע וישאו בני ישראל את יעקב אביהם ואת טפם ואת נשיהם בעגלות אשר שלח פרעה לשאת אתו
6 Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapadeɛ a wɔanya wɔ Kanaan asase so nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefoɔ nyinaa siim kɔɔ Misraim.
ויקחו את מקניהם ואת רכושם אשר רכשו בארץ כנען ויבאו מצרימה יעקב וכל זרעו אתו
7 Israel de ne mmammarima, ne nananom, ne mmammaa ne wɔn mma a wɔn nyinaa yɛ nʼasefoɔ kaa ne ho kɔɔ Misraim.
בניו ובני בניו אתו בנתיו ובנות בניו וכל זרעו--הביא אתו מצרימה
8 Edin a ɛdidi so yi yɛ Israelfoɔ, Yakob asefoɔ a ɔde wɔn kɔɔ Misraim. Ruben yɛ Yakob abakan.
ואלה שמות בני ישראל הבאים מצרימה יעקב ובניו בכר יעקב ראובן
9 Ruben nso mmammarima edin na ɛdidi so yi: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.
ובני ראובן--חנוך ופלוא וחצרן וכרמי
10 Simeon nso mmammarima yɛ: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a ne na yɛ Kanaanni.
ובני שמעון ימואל וימין ואהד--ויכין וצחר ושאול בן הכנענית
11 Lewi mmammarima din na ɛdidi so yi: Gerson, Kohat ne Merari.
ובני לוי--גרשון קהת ומררי
12 Yuda nso mmammarima yɛ: Er, Onan, Sela, Peres ne Serah. Nanso Er ne Onan deɛ, wɔwuwuiɛ wɔ Kanaan asase so, ansa na Israel reba Misraim asase so. Peres mmammarima yɛ: Hesron ne Hamul.
ובני יהודה ער ואונן ושלה--ופרץ וזרח וימת ער ואונן בארץ כנען ויהיו בני פרץ חצרן וחמול
13 Isakar mmammarima nso yɛ: Tola, Puwa, Hiob ne Simron.
ובני יששכר--תולע ופוה ויוב ושמרן
14 Sebulon mmammarima nso yɛ: Sered, Elon ne Yakleel.
ובני זבלון--סרד ואלון ויחלאל
15 Wɔn a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Lea mma a ɔne Yakob woeɛ wɔ Paddan-Aram a ne babaa Dina nso ka ho. Saa mmammarima ne ne babaa yi nyinaa dodoɔ si nnipa aduasa mmiɛnsa.
אלה בני לאה אשר ילדה ליעקב בפדן ארם ואת דינה בתו כל נפש בניו ובנותיו שלשים ושלש
16 Gad nso mma din na ɛdidi so yi: Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli.
ובני גד צפיון וחגי שוני ואצבן ערי וארודי ואראלי
17 Aser nso mma din na ɛdidi so yi: Yimna, Isua, Isui ne Beria ne wɔn nuabaa Sera. Beria nso mma yɛ: Heber ne Malkiel.
ובני אשר ימנה וישוה וישוי ובריעה--ושרח אחתם ובני בריעה חבר ומלכיאל
18 Yeinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babaa Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob wareeɛ no mma. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunsia.
אלה בני זלפה אשר נתן לבן ללאה בתו ותלד את אלה ליעקב שש עשרה נפש
19 Yakob yere Rahel mma yɛ: Yosef ne Benyamin.
בני רחל אשת יעקב יוסף ובנימן
20 Yosef ne ne yere Asnat, a ɔyɛ Potifera a ɔyɛ On bosomfoɔ babaa woo Manase ne Efraim wɔ Misraim.
ויולד ליוסף בארץ מצרים אשר ילדה לו אסנת בת פוטי פרע כהן אן--את מנשה ואת אפרים
21 Benyamin nso mmammarima din na ɛdidi so yi: Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard.
ובני בנימן בלע ובכר ואשבל גרא ונעמן אחי וראש מפים וחפים וארד
22 Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Rahel mmammarima a ɔne Yakob woeɛ. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunan.
אלה בני רחל אשר ילד ליעקב--כל נפש ארבעה עשר
23 Dan babarima yɛ Husim.
ובני דן חשים
24 Naftali nso mmammarima din na ɛdidi so yi: Yahseel, Guni, Yeser ne Silem.
ובני נפתלי--יחצאל וגוני ויצר ושלם
25 Bilha a ɔyɛ Laban afenaa a ɔde no maa ne babaa Rahel mmammarima a ɔne Yakob woeɛ no na wɔabobɔ wɔn din yi. Na wɔn dodoɔ ano si nnipa baason.
אלה בני בלהה אשר נתן לבן לרחל בתו ותלד את אלה ליעקב כל נפש שבעה
26 Nnipa a Yakob de wɔn kɔɔ Misraim nyinaa, a wɔyɛ nʼasefoɔ ankasa, a ne mmammarima yerenom nka ho dodoɔ ano si aduosia nsia.
כל הנפש הבאה ליעקב מצרימה יצאי ירכו מלבד נשי בני יעקב--כל נפש ששים ושש
27 Sɛ wɔde Yosef mmammarima baanu a ɔwoo wɔn wɔ Misraim no ka ho a, na Yakob asefoɔ a ɔde wɔn kɔɔ Misraim no nyinaa dodoɔ ano si nnipa aduɔson.
ובני יוסף אשר ילד לו במצרים נפש שנים כל הנפש לבית יעקב הבאה מצרימה שבעים
28 Israel somaa Yuda, ma ɔdii ɛkan kɔɔ Yosef hɔ kɔbisaa no Gosen ɛkwan. Akyire no, wɔkɔduruu Gosen.
ואת יהודה שלח לפניו אל יוסף להורת לפניו גשנה ויבאו ארצה גשן
29 Yosef siesiee ne nteaseɛnam ma wɔkɔɔ Gosen kɔhyiaa nʼagya Israel. Yosef duruu nʼagya Yakob anim pɛ, ɔbam no, suiɛ ara kwansin.
ויאסר יוסף מרכבתו ויעל לקראת ישראל אביו גשנה וירא אליו ויפל על צואריו ויבך על צואריו עוד
30 Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ohunu a mahunu wo sɛ wote ase yi enti, sɛ owuo bɛfa me ɛnnɛ koraa a, mepɛ.”
ויאמר ישראל אל יוסף אמותה הפעם אחרי ראותי את פניך כי עודך חי
31 Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no ne nʼagya fiefoɔ no sɛ, “Mɛkɔ makɔka makyerɛ Farao sɛ, ‘Me nuammarimanom ne mʼagya fiefoɔ a na anka wɔte Kanaan asase so nyinaa aba ha abɛka me ho.
ויאמר יוסף אל אחיו ואל בית אביו אעלה ואגידה לפרעה ואמרה אליו אחי ובית אבי אשר בארץ כנען באו אלי
32 Mmarima no yɛ nnwanhwɛfoɔ. Wɔhwɛ mmoa so. Na wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne biribiara a wɔwɔ aba.’
והאנשים רעי צאן כי אנשי מקנה היו וצאנם ובקרם וכל אשר להם הביאו
33 Sɛ Farao frɛ mo, na ɔbisa mo sɛ, ‘Adwuma bɛn na moyɛ a,’
והיה כי יקרא לכם פרעה ואמר מה מעשיכם
34 momma no mmuaeɛ sɛ, ‘Wo nkoa ayɛn mmoa firi wɔn mmɔfraase, te sɛ deɛ yɛn agyanom yɛeɛ no ara pɛpɛɛpɛ.’ Sɛ moka saa kyerɛ no a, ɔbɛma mode Gosen ayɛ mo atenaeɛ, ɛfiri sɛ, Misraimfoɔ kyiri nnwanhwɛfoɔ kɔkɔɔkɔ.”
ואמרתם אנשי מקנה היו עבדיך מנעורינו ועד עתה--גם אנחנו גם אבתינו בעבור תשבו בארץ גשן כי תועבת מצרים כל רעה צאן

< 1 Mose 46 >