< 1 Mose 40 >
1 Mmerɛ tiawa bi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene Farao nsãhyɛfoɔ panin ne ne burodotofoɔ panin fom no.
這事以後,埃及王的酒政和膳長得罪了他們的主-埃及王,
2 Farao bo fuu ne nsãhyɛfoɔ panin no ne ne burodotofoɔ panin no yie.
法老就惱怒酒政和膳長這二臣,
3 Enti, ɔde wɔn too afiase wɔ ɔwɛmfoɔ panin Potifar no fie, baabi korɔ no ara a wɔde Yosef kɔtoeɛ hɔ.
把他們下在護衛長府內的監裏,就是約瑟被囚的地方。
4 Ɔwɛmfoɔ panin Potifar de wɔn hyɛɛ Yosef nsa sɛ, ɔnhwɛ na ɔnyɛ deɛ ɛhia wɔn nyinaa mma wɔn. Wɔdaa afiase hɔ kyɛɛ kakraa no,
護衛長把他們交給約瑟,約瑟便伺候他們;他們有些日子在監裏。
5 nnipa baanu no nyinaa a na wɔyɛ ɔhene Farao burodotofoɔ panin ne nsãhyɛfoɔ panin a na wɔgu afiase hɔ no sosoo daeɛ anadwo korɔ no ara. Na saa daeɛ mmienu no mu biara wɔ ne nkyerɛaseɛ.
被囚在監之埃及王的酒政和膳長二人同夜各做一夢,各夢都有講解。
6 Adeɛ kyeeɛ a Yosef baa nneduafoɔ baanu no nkyɛn no, ɔhunuu sɛ wɔn nyinaa ayeyɛ mosomosoo.
到了早晨,約瑟進到他們那裏,見他們有愁悶的樣子。
7 Enti, ɔbisaa Farao fie mpanimfoɔ nneduafoɔ a na wɔne no gu afiase hɔ no sɛ, “Adɛn enti na ɛnnɛ deɛ, mo werɛ aho mo ho sɛɛ?”
他便問法老的二臣,就是與他同囚在他主人府裏的,說:「你們今日為甚麼面帶愁容呢?」
8 Nneduafoɔ no buaa Yosef sɛ, “Anadwo yi, yɛn baanu nyinaa sosoo daeɛ, nanso yɛnnya obiara wɔ ha nkyerɛ yɛn aseɛ.” Yosef nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛwom sɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛ daeɛ ase deɛ, nanso monka mo daeɛ a mososoeɛ no nkyerɛ me.”
他們對他說:「我們各人做了一夢,沒有人能解。」約瑟說:「解夢不是出於上帝嗎?請你們將夢告訴我。」
9 Enti, Farao nsãhyɛfoɔ panin no dii ɛkan kaa ne daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ Yosef sɛ, “Me daeɛ mu no, mehunuu bobe dua.
酒政便將他的夢告訴約瑟說:「我夢見在我面前有一棵葡萄樹,
10 Na saa bobe dua no apan mman mmiɛnsa. Ɛguu nhyerɛnne, hyehyɛeɛ, nyiniiɛ, yɛɛ siaka bereeɛ.
樹上有三根枝子,好像發了芽,開了花,上頭的葡萄都成熟了。
11 Na mekura ɔhene Farao nsã kuruwa. Metetee bobe aba no, kyikyi guu ɔhene Farao nsã kuruwa no mu, de maa no sɛ ɔnnom.”
法老的杯在我手中,我就拿葡萄擠在法老的杯裏,將杯遞在他手中。」
12 Yosef ka kyerɛɛ nsãhyɛfoɔ panin deduani no sɛ, “Wo daeɛ no ase nie: mman mmiɛnsa a wohunuiɛ no kyerɛ nnansa.
約瑟對他說:「你所做的夢是這樣解:三根枝子就是三天;
13 Nnansa ntam no, Farao bɛyi wo, ama woakɔdi wo dibea sɛ ɔhene nsãhyɛfoɔ panin. Na wode Farao kuruwa bɛhyɛ ne nsa sɛdeɛ na woyɛ no kane no.
三天之內,法老必提你出監,叫你官復原職,你仍要遞杯在法老的手中,和先前作他的酒政一樣。
14 Na sɛ ɛsi wo yie a, kae me. Mesrɛ wo, ɛyɛ a, ka me ho asɛm kyerɛ ɔhene Farao, na ɔmma wɔmmɛyi me mfiri afiase ha.
但你得好處的時候,求你記念我,施恩與我,在法老面前提說我,救我出這監牢。
15 Ɛfiri sɛ, nokorɛ ni, manyɛ bɔne biara na wɔkyeree me firii me manfoɔ Hebrifoɔ asase so de mebaa ha. Na ɛha nso mpo a meda yi, manyɛ afɔdisɛm biara a ɛsɛ sɛ wɔgyina so de me to afiase.”
我實在是從希伯來人之地被拐來的;我在這裏也沒有做過甚麼,叫他們把我下在監裏。」
16 Ɛberɛ a burodotofoɔ panin deduani no hunuu sɛ Yosef akyerɛ nsãhyɛfoɔ panin no daeɛ no ase, ama atɔ asom no, ɔka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Me nso, mesoo daeɛ bi. Me daeɛ no mu, na mesoso nkɛntɛn mmiɛnsa a burodo gugu mu.
膳長見夢解得好,就對約瑟說:「我在夢中見我頭上頂着三筐白餅;
17 Kɛntɛn a ɛsi ɛsoro pɛɛ no, na nnuane ahodoɔ a wɔato a mede rekɔma Farao gu mu a na nnomaa sisi aduane no so wɔ mʼatifi, redi.”
極上的筐子裏有為法老烤的各樣食物,有飛鳥來吃我頭上筐子裏的食物。」
18 Yosef ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo daeɛ a wosoeɛ no asekyerɛ ni. Nkɛntɛn mmiɛnsa no gyina hɔ ma nnansa.
約瑟說:「你的夢是這樣解:三個筐子就是三天;
19 Nnansa ntam no, Farao bɛma wɔabɛyi wo afiri afiase ha, atwa wo ti, de wo kuntunsini no akɔsɛn dua so, ama nnomaa asosɔ wo ɛnam.”
三天之內,法老必斬斷你的頭,把你掛在木頭上,必有飛鳥來吃你身上的肉。」
20 Ne nnansa so no, na Farao redi nʼawoda. Enti, ɔtoo ɛpono kɛseɛ bi maa ne mpanimfoɔ ne ne fiefoɔ nyinaa. Ɔsoma ma wɔkɔyii ne burodotofoɔ panin ne ne nsãhyɛfoɔ panin nneduafoɔ no firii afiase hɔ baa nʼanim.
到了第三天,是法老的生日,他為眾臣僕設擺筵席,把酒政和膳長提出監來,
21 Ɔhene Farao sane de ne nsãhyɛfoɔ panin no sii ne siberɛ, ma ɔhyɛɛ ɔhene Farao nsã.
使酒政官復原職,他仍舊遞杯在法老手中;
22 Nanso, ne burodotofoɔ panin no deɛ, Farao ma wɔkɔsɛn no sɛdeɛ Yosef kyerɛɛ ne daeɛ no ase kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ.
但把膳長掛起來,正如約瑟向他們所解的話。
23 Nsãhyɛfoɔ panin no nso werɛ firii Yosef a wankae no koraa.
酒政卻不記念約瑟,竟忘了他。