< 1 Mose 36 >
1 Yeinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefoɔ.
These were the descendants of Esau (also called Edom).
2 Esau waree Kanaanfoɔ mmaa baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babaa, Ana babaa Oholibama a ɔsane yɛ Hewini Sibeon nana ne
Esau took his wives from the Canaanites. These were his wives: Adah the daughter of Elon the Hittite; Oholibamah the daughter of Anah, the granddaughter of Zibeon the Hivite;
3 Basmat a ɔyɛ Ismael babaa na ɔyɛ Nebaiot nuabaa.
and Basemath, Ishmael's daughter, sister of Nebaioth.
4 Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel.
Adah bore Eliphaz to Esau, and Basemath bore Reuel.
5 Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmammarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no.
Oholibamah bore Jeush, Jalam, and Korah. These were the sons of Esau who were born to him in the land of Canaan.
6 Esau faa ne yerenom, ne mmammarima, ne mmammaa, ne fiefoɔ nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapadeɛ biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu firii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so akyirikyiri.
Esau took his wives, his sons, his daughters, and all the members of his household, his livestock—all his animals, and all his possessions, which he had gathered in the land of Canaan, and went into a land away from his brother Jacob.
7 Ɛfiri sɛ, na wɔn ahonyadeɛ no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob bɛtumi atena faako. Na wɔn mmoa dodoɔ enti, wɔn baanu no nsene asase a wɔte so no so.
He did this because their possessions were too many for them to stay together. The land where they had settled could not support them because of their livestock.
8 Ɛno enti, Esau a wɔfrɛ no Edom no kɔbɔɔ nʼatenaeɛ wɔ Seir bepɔ so.
So Esau, also known as Edom, settled in the hill country of Seir.
9 Yeinom ne Esau a ɔyɛ Edomfoɔ agya no asefoɔ a wɔwoo wɔn maa no ɛberɛ a na ɔwɔ Seir bepɔ so no.
These were the descendants of Esau, the ancestor of the Edomites in the hill country of Seir.
10 Esau mmammarima no din na ɛdidi so yi: Elifas, a ɔyɛ Esau yere panin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima.
These were the names of Esau's sons: Eliphaz son of Adah, the wife of Esau; Reuel son of Basemath, the wife of Esau.
11 Elifas nso mmammarima din na ɛdidi so yi: Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas.
The sons of Eliphaz were Teman, Omar, Zepho, Gatam, and Kenaz.
12 Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nananom.
Timna, a concubine of Eliphaz, Esau's son, bore Amalek. These were the grandsons of Adah, Esau's wife.
13 Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi: Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nananom.
These were the sons of Reuel: Nahath, Zerah, Shammah, and Mizzah. These were the grandsons of Basemath, Esau's wife.
14 Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa, na ɔsane yɛ Sibeon nana no mmammarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne yeinom: Yeus, Yalam ne Kora.
These were the sons of Oholibamah, Esau's wife, who was the daughter of Anah and the granddaughter of Zibeon. She bore to Esau Jeush, Jalam, and Korah.
15 Yeinom ne Esau asefoɔ no mu atitire: Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmammarima din na ɛdidi so yi: Atitire Teman, Omar, Sefo, Kenas,
These were the clans among Esau's descendants: the descendants of Eliphaz, the firstborn of Esau: Teman, Omar, Zepho, Kenaz,
16 Kora, Gatam ne Amalek. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefoɔ atitire a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitire yi yɛ Ada nananom.
Korah, Gatam, and Amalek. These were the clans descended from Eliphaz in the land of Edom. They were the grandsons of Adah.
17 Esau babarima Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi: Otitire Nahat, Otitire Serah, Otitire Sama ne Otitire Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Ruel a ɔyɛ Esau ba a ɔtɔ so mmienu no nnipa atitire a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nananom.
These were the clans from Reuel, Esau's son: Nahath, Zerah, Shammah, Mizzah. These were the clans descended from Reuel in the land of Edom. They were the grandsons of Basemath, Esau's wife.
18 Esau yere Oholibama mmammarima din na ɛdidi so yi: Otitire Yeus, Otitire Yalam ne Otitire Kora. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no asefoɔ nnipa atitire no.
These were the clans of Oholibamah, Esau's wife: Jeush, Jalam, Korah. These are the clans that descended from Esau's wife Oholibamah, daughter of Anah.
19 Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmammarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitire no.
These were the sons of Esau (who was known as Edom), and these were their chiefs.
20 Yeinom ne Horini Seir mmammarima a na saa ɛberɛ no wɔtete Seir asase so no: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,
These were the sons of Seir the Horite, the inhabitants of the land: Lotan, Shobal, Zibeon, Anah,
21 Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmammarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitire no.
Dishon, Ezer, and Dishan. These were the clans of the Horites, the inhabitants of Seir in the land of Edom.
22 Lotan mmammarima ne yeinom: Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabaa.
The sons of Lotan were Hori and Heman, and Timna was Lotan's sister.
23 Sobal nso mmammarima ne yeinom: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.
These were the sons of Shobal: Alvan, Manahath, Ebal, Shepho, and Onam.
24 Na yeinom ne Sibeon mmammarima: Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, ɛberɛ bi ɔde nʼagya Sibeon mfunumu kɔɔ adidi wɔ ɛserɛ no so a ɔkɔhunuu asuo aniwa bi a na nsuohyeɛ firi mu ba no.
These were the sons of Zibeon: Aiah and Anah. This is Anah who found the hot springs in the wilderness, as he was pasturing donkeys of Zibeon his father.
25 Ana mma nie: Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no.
These were the children of Anah: Dishon and Oholibamah, the daughter of Anah.
26 Dison mmammarima nie: Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.
These were the sons of Dishon: Hemdan, Eshban, Ithran, and Keran.
27 Eser mmammarima ne yeinom: Bilhan, Saawan ne Akan.
These were the sons of Ezer: Bilhan, Zaavan, and Akan.
28 Yeinom ne Disan mma: Us ne Aran.
These were the sons of Dishan: Uz and Aran.
29 Yeinom ne Horifoɔ nnipa atitire: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,
These were the clans of the Horites: Lotan, Shobal, Zibeon, and Anah,
30 Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifoɔ nnipa atitire a ɛberɛ a na wɔwɔ Seir asase so no, wɔdii wɔn mmusua no so.
Dishon, Ezer, Dishan: These were clans of the Horites, according to their clan lists in the land of Seir.
31 Yeinom ne nnipa a wɔdii ɛkan dii ɔhene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebɛdi Israel mma so ɔhene:
These were the kings who reigned in the land of Edom before any king reigned over the Israelites:
32 Bela a ɔyɛ Beor babarima bɛdii ɔhene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkuro din de Dinhaba.
Bela son of Beor, reigned in Edom, and the name of his city was Dinhabah.
33 Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
When Bela died, then Jobab son of Zerah of Bozrah, reigned in his place.
34 Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
When Jobab died, Husham who was of the land of the Temanites, reigned in his place.
35 Husam wuo akyiri Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit.
When Husham died, Hadad son of Bedad who defeated the Midianites in the land of Moab, reigned in his place. The name of his city was Avith.
36 Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.
When Hadad died, then Samlah of Masrekah reigned in his place.
37 Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene.
When Samlah died, then Shaul of Rehoboth by the river reigned in his place.
38 Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene.
When Shaul died, then Baal-Hanan son of Akbor reigned in his place.
39 Akbor babarima Baal-Hanan nso wuiɛ no, Hadad bɛdii nʼadeɛ, tenaa nʼahennwa so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkuro no din de Pau, ɛnna ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana.
When Baal-Hanan son of Akbor, died, then Hadar reigned in his place. The name of his city was Pau. His wife's name was Mehetabel, the daughter of Matred, the granddaughter of Me Zahab.
40 Sɛdeɛ wɔn a wɔdidi so yi a wɔyɛ Esau asefoɔ no mmusua ne wɔn tenabea te nie: Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua,
These were the names of the heads of clans from Esau's descendants, according to their clans and their regions, by their names: Timna, Alvah, Jetheth,
41 Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua,
Oholibamah, Elah, Pinon,
42 Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua,
Kenaz, Teman, Mibzar,
43 Magdiel abusua ne Iram abusua. Yeinom ne Edom mmusua a wɔde wɔn atenaeɛ no edin totoeɛ. Na wɔn nyinaa yɛ Edomfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ.
Magdiel, and Iram. These were the clan heads of Edom, according to their settlements in the land they possessed. This was Esau, the father of the Edomites.