< 1 Mose 35 >

1 Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Kɔ Bet-El kɔtena hɔ. Sɛ woduru hɔ a, si afɔrebukyia ma me. Me na meyii me ho adi kyerɛɛ wo ɛberɛ a na woredwane afiri wo nua Esau nkyɛn no.”
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob se, “Kɔ Bet-El kɔtena hɔ. Sɛ wudu hɔ a, si afɔremuka ma me. Me na miyii me ho adi kyerɛɛ wo bere a na woreguan afi wo nua Esau nkyɛn no.”
2 Enti, Yakob ka kyerɛɛ ne fiefoɔ ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ, “Monsɛe mo anyame a mode wɔn firi amanɔne baeɛ no nyinaa. Monwira mo ho, na monsesa mo ntadeɛ nso.”
Enti Yakob ka kyerɛɛ ne fifo ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa se, “Monsɛe mo anyame a mode wɔn fi amannɔne bae no nyinaa. Munnwira mo ho, na monsesa mo ntade nso.”
3 Ɔtoaa so sɛ, “Yɛrebɛtu ɛkwan akɔ Bet-El. Na sɛ yɛduru hɔ a, yɛbɛsi afɔrebukyia ama Onyankopɔn a ɔtiee me mpaeɛbɔ wɔ mʼamanehunu mu, na ɔkaa me ho wɔ mʼakwantuo mu no.”
Ɔtoaa so se, “Yɛrebetu kwan akɔ Bet-El. Na sɛ yedu hɔ a, yebesi afɔremuka ama Onyankopɔn a otiee me mpaebɔ wɔ mʼamanehunu mu, na ɔkaa me ho wɔ mʼakwantu mu no.”
4 Enti, wɔn nyinaa de wɔn ahoni ne nsonkawa maa Yakob. Yakob tuu fam wɔ odum bi ase wɔ Sekem, de ne nyinaa hyɛɛ hɔ.
Enti wɔn nyinaa de wɔn ahoni ne asokaa maa Yakob. Yakob tuu fam wɔ odum bi ase wɔ Sekem, de ne nyinaa hyɛɛ hɔ.
5 Afei, wɔsiim. Wɔrekɔ no, Onyankopɔn bɔɔ nkuro a wɔfaa so no nyinaa mu nnipa no hu a, ɛno enti obiara antumi anti wɔn.
Na wosii mu. Wɔrekɔ no, Onyankopɔn bɔɔ nkurow a wɔfaa so no nyinaa mu nnipa no hu a ɛno nti obiara antumi antaa wɔn.
6 Yakob ne ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no bɛduruu Lus a ɛno ara ne Bet-El a ɛwɔ Kanaan asase so no.
Yakob ne ne nkurɔfo a wɔka ne ho no beduu Lus a ɛno ara ne Bet-El a ɛwɔ Kanaan asase so no.
7 Ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, too hɔ edin El-Bet-El, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na ɛberɛ a ɔredwane afiri ne nua Esau nkyɛn no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ no.
Osii afɔremuka wɔ hɔ, too hɔ din El-Bet-El, efisɛ ɛhɔ na bere a ɔreguan afi ne nua Esau nkyɛn no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ no.
8 Yei akyiri no, Debora a ɔyɛ Rebeka bagyegyefoɔ no wuiɛ, ma wɔsiee no wɔ odum bi a ɛwɔ Bet-El bɔn mu no ase. Ɛfiri saa ɛberɛ no, wɔtoo beaeɛ hɔ edin Alon-Bakut, a asekyerɛ ne Agyaadwotwa Dum.
Eyi akyi no, Debora a ɔyɛ Rebeka bagyigyefo no wu ma wosiee no wɔ odum bi a ɛwɔ Bet-El bon mu no ase. Efi saa bere no, wɔtoo beae hɔ din Alon-Bakut, a ne nkyerɛase ne Agyaadwotwa Dum.
9 Yakob firi Paddan-Aram bɛduruu Bet-El no, Onyankopɔn sane yii ne ho adi kyerɛɛ no, hyiraa no.
Yakob fi Paddan-Aram beduu Bet-El no, Onyankopɔn san yii ne ho adi kyerɛɛ no, hyiraa no.
10 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛwom sɛ wɔfrɛ wo Yakob deɛ, nanso ɛfiri ɛnnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom, wɔbɛfrɛ wo Israel a asekyerɛ ne Onipa a ɔne Onyankopɔn adi asie. Enti Onyankopɔn too ne din sɛ, Israel.”
Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Ɛwɔ mu sɛ wɔfrɛ wo Yakob de, nanso efi nnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom, wɔbɛfrɛ wo Israel a ne nkyerɛase ne Onipa a ɔne Onyankopɔn adi asi.” Enti Onyankopɔn too ne din se Israel.
11 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Mene Onyankopɔn tumfoɔ no. Wʼase nnɔre, na wʼase mfɛe. Ɔman ne aman asafo bɛfiri wo mu aba. Saa ara na ahemfo nso bɛfiri wo mu aba.
Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob se, “Mene Onyankopɔn tumfo no. Wʼase nnɔ, na wʼase mfɛe. Ɔman ne aman asafo befi wo mu aba. Saa ara na ahemfo nso befi wo mu aba.
12 Mede asase a mede maa Abraham ne Isak no bɛma wo. Aane, mede saa asase korɔ yi ara bɛma wʼasefoɔ.”
Mede asase a mede maa Abraham ne Isak no bɛma wo. Yiw, mede saa asase koro yi ara bɛma wʼasefo.”
13 Yei akyiri no, Onyankopɔn firii beaeɛ a na ɔne Yakob rekasa hɔ no kɔɔ ɔsoro.
Na Onyankopɔn fii faako a na ɔne Yakob rekasa hɔ no kɔɔ ɔsoro.
14 Afei, Yakob sii ɔbodum wɔ hɔ, hwiee afɔresa guu so, de bɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Ɔsane de afɔrengo sraa odum no ho.
Yakob sii ɔbodum wɔ hɔ, hwiee afɔresa guu so, de bɔɔ Onyankopɔn afɔre. Ɔsan de afɔrengo sraa odum no ho.
15 Yakob too beaeɛ a Onyankopɔn ne no kasaeɛ no Bet-El, a asekyerɛ ne Onyankopɔn fie.
Yakob too beae a Onyankopɔn ne no kasae no Bet-El, a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn fi.
16 Yakob ne ne fiefoɔ siim firii Bet-El, de wɔn ani kyerɛɛ Efrat. Wɔrekɔ no, awoɔ kaa Rahel wɔ akwantemfi.
Yakob ne ne fifo sii mu fii Bet-El, de wɔn ani kyerɛɛ Efrat. Wɔrekɔ no, awo kaa Rahel wɔ akwantemfi.
17 Ɛberɛ a ɔreko awoɔ no, ɔbaa ɔwogyefoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro na worebɛwo ɔbabarima bio.”
Bere a ɔreko awo no, ɔbea ɔwogyefo no ka kyerɛɛ no se, “Nsuro na worebɛwo ɔbabarima bio.”
18 Nanso, Rahel koo awoɔ tɔeɛ. Na ɛberɛ a ne kra refiri ne mu na ɔreyɛ awuo no, ɔtoo ne babarima a wawo no no edin Ben-Oni, a asekyerɛ ne Mʼawerɛhoɔ Mu Ba. “Nanso, nʼagya sane too no edin Benyamin, a asekyerɛ ne Me dɔba.”
Nanso Rahel koo awo tɔe. Na bere a ne kra refi ne mu na ɔreyɛ awu no, ɔtoo ne babarima a wawo no no din Ben-Oni, a ne nkyerɛase ne Mʼawerɛhow Mu Ba. “Nanso nʼagya san too no din Benyamin a, ne nkyerɛase ne Me dɔba.”
19 Rahel wuiɛ, ma wɔsiee no wɔ Efrat a ɛno ara ne Betlehem no akwantemfi.
Rahel wu ma wosiee no Efrat a ɛno ara ne Betlehem no akwantemfi.
20 Yakob yɛɛ nkaeɛdum sii Rahel ɛda no so a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
Yakob yɛɛ nkaedum sii Rahel da no so a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ.
21 Israel toaa nʼakwantuo no so, kɔsii ne ntomadan wɔ Edir abantenten no akyiri nohoa baabi.
Israel toaa nʼakwantu no so, kosii ne ntamadan wɔ Edir abantenten no akyi nohɔ baabi.
22 Ɛberɛ a Israel te saa asase no so no, ɔtee sɛ ne ba panin Ruben ne Bilha a ɔyɛ nʼagya afenaa a waware no no akɔda. Na Yakob wɔ mmammarima dumienu:
Bere a Israel te saa asase no so no, ɔtee sɛ ne ba panyin Ruben ne Bilha a ɔyɛ nʼagya afenaa a waware no no akɔda. Na Yakob wɔ mmabarima dumien:
23 Lea mma na wɔn din didi so yi: Ruben a ɔno ne Israel abakan, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon.
Lea mma na wɔn din didi so yi: Ruben a ɔno ne Israel abakan, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon.
24 Rahel nso mmammarima baanu no ne Yosef ne Benyamin.
Rahel nso mmabarima baanu no ne Yosef ne Benyamin.
25 Rahel afenaa Bilha mmammarima baanu no ne Dan ne Naftali
Rahel afenaa Bilha mmabarima baanu no ne Dan ne Naftali
26 Lea afenaa Silpa nso mmammarima baanu no ne Gad ne Aser. Yeinom ne Yakob mmammarima a wɔwoo wɔn wɔ Paddan-Aram no.
Lea afenaa Silpa nso mmabarima baanu no ne Gad ne Aser. Eyinom ne Yakob mmabarima a wɔwoo wɔn wɔ Paddan-Aram no.
27 Akyire no, Yakob baa nʼagya Isak nkyɛn wɔ Mamrɛ wɔ Kiriat-Arba, a ɛno ara ne Hebron, baabi a Abraham ne Isak tenaa sɛ ahɔhoɔ no.
Akyiri yi no, Yakob baa nʼagya Isak nkyɛn wɔ Mamrɛ wɔ Kiriat-Arba, a ɛno ara ne Hebron, faako a Abraham ne Isak tenaa sɛ ahɔho no.
28 Isak dii mfeɛ ɔha ne aduɔwɔtwe.
Isak dii mfe ɔha ne aduɔwɔtwe.
29 Isak wuiɛ, ma wɔfaa no kɔkaa ne mpanimfoɔ ho; na wabɔ akɔkoraa posoposo. Ne mmammarima Esau ne Yakob na wɔsiee no.
Isak wu ma wɔfaa no kɔkaa ne mpanyimfo ho; na wabɔ akwakoraa posoposo. Ne mmabarima Esau ne Yakob na wosiee no.

< 1 Mose 35 >