< 1 Mose 3 >
1 Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafoɔ wɔ wiram mmoadoma a Awurade Onyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbaa no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Enti, ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Monnni turo yi mu aduaba biara?’”
さて主なる神が造られた野の生き物のうちで、へびが最も狡猾であった。へびは女に言った、「園にあるどの木からも取って食べるなと、ほんとうに神が言われたのですか」。
2 Ɔbaa no buaa ɔwɔ sɛ, “Yɛtumi di nnua a ɛwɔ turo yi mu no so aduaba biara,
女はへびに言った、「わたしたちは園の木の実を食べることは許されていますが、
3 nanso Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ yɛdi dua a ɛsi turo no mfimfini no so aduaba, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nsa mpo ka, anyɛ saa a, yɛbɛwuwu.’”
ただ園の中央にある木の実については、これを取って食べるな、これに触れるな、死んではいけないからと、神は言われました」。
4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Morenwuwu.
へびは女に言った、「あなたがたは決して死ぬことはないでしょう。
5 Onyankopɔn nim sɛ, ɛda a mobɛdi no ara pɛ, mo ani bɛba mo ho so, ama moayɛ sɛ Onyankopɔn, na moahunu papa ne bɔne.”
それを食べると、あなたがたの目が開け、神のように善悪を知る者となることを、神は知っておられるのです」。
6 Ɛberɛ a ɔbaa no hunuu sɛ dua a ɛsi mfimfini no so aba no wɔdi a, ɛbɛyɛ yie, na ɛyɛ akɔnnɔ, na afei ɛte ani no, ɔtee bi diiɛ, de bi ma ne kunu a na ɔne no wɔ hɔ maa ɔno nso diiɛ.
女がその木を見ると、それは食べるに良く、目には美しく、賢くなるには好ましいと思われたから、その実を取って食べ、また共にいた夫にも与えたので、彼も食べた。
7 Wɔdi wieeɛ no, wɔn baanu ani baa wɔn ho so, na wɔhunuu sɛ wɔn nyinaa da adagya. Enti, wɔkekaa nhahan sisii animu de kataa wɔn adagya so.
すると、ふたりの目が開け、自分たちの裸であることがわかったので、いちじくの葉をつづり合わせて、腰に巻いた。
8 Ɛda no anwummerɛ, wɔtee Awurade Onyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu. Enti, Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kɔsiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn renhunu wɔn.
彼らは、日の涼しい風の吹くころ、園の中に主なる神の歩まれる音を聞いた。そこで、人とその妻とは主なる神の顔を避けて、園の木の間に身を隠した。
9 Enti, Awurade Onyankopɔn frɛɛ Adam bisaa no sɛ, “Mowɔ he?”
主なる神は人に呼びかけて言われた、「あなたはどこにいるのか」。
10 Adam buaa sɛ, “Metee wo nka wɔ turo no mu hɔ, nanso na mesuro, ɛfiri sɛ, na meda adagya enti mekɔtɛeɛ.”
彼は答えた、「園の中であなたの歩まれる音を聞き、わたしは裸だったので、恐れて身を隠したのです」。
11 Na Onyankopɔn bisaa no sɛ, “Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ na woda adagya? Gyama dua a meka kyerɛɛ wo sɛ, nni so aba no, woadi nʼaba no bi?”
神は言われた、「あなたが裸であるのを、だれが知らせたのか。食べるなと、命じておいた木から、あなたは取って食べたのか」。
12 Adam kaa sɛ, “Aane. Ɔbaa no a wode no maa me sɛ me ne no ntena no na ɔde aduaba a ɔte firii dua no so no brɛɛ me ma mediiɛ.”
人は答えた、「わたしと一緒にしてくださったあの女が、木から取ってくれたので、わたしは食べたのです」。
13 Enti, Awurade Onyankopɔn bisaa ɔbaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi?” Ɔbaa no buaa sɛ, “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma mediiɛ.”
そこで主なる神は女に言われた、「あなたは、なんということをしたのです」。女は答えた、「へびがわたしをだましたのです。それでわたしは食べました」。
14 Enti, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ, “Esiane saa adeɛ a woayɛ yi enti, “Wɔadome wo wɔ mmoa nyinaa ne nkekaboa mu. Wobɛwea wʼafuru so, na wo nkwa nna nyinaa woadi mfuturo.
主なる神はへびに言われた、「おまえは、この事を、したので、すべての家畜、野のすべての獣のうち、最ものろわれる。おまえは腹で、這いあるき、一生、ちりを食べるであろう。
15 Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ne wʼasefoɔ ne nʼasefoɔ ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.”
わたしは恨みをおく、おまえと女とのあいだに、おまえのすえと女のすえとの間に。彼はおまえのかしらを砕き、おまえは彼のかかとを砕くであろう」。
16 Afei, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no nso sɛ, “Wobɛte ɔyea pa ara wɔ wʼawoɔ mu; ɔyea mu na wobɛwo mma. Yei nyinaa akyiri no, wʼani bɛgyina wo kunu na ɔbɛdi wo so.”
つぎに女に言われた、「わたしはあなたの産みの苦しみを大いに増す。あなたは苦しんで子を産む。それでもなお、あなたは夫を慕い、彼はあなたを治めるであろう」。
17 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso sɛ, “Esiane sɛ wotiee wo yere asɛm, na wodii dua a mehyɛɛ wo sɛ, ‘Nni so aba no’ enti, “Madome asase, na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wobɛdidi so wo nkwa nna nyinaa.
更に人に言われた、「あなたが妻の言葉を聞いて、食べるなと、わたしが命じた木から取って食べたので、地はあなたのためにのろわれ、あなたは一生、苦しんで地から食物を取る。
18 Ɛbɛfifiri nkasɛɛ ne nkyɛkyerɛ ama wo na woadi wiram nhahan.
地はあなたのために、いばらとあざみとを生じ、あなたは野の草を食べるであろう。
19 Wobɛsiam wʼanim fifire ansa na woanya aduane adi, kɔsi sɛ wobɛwu akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ, dɔteɛ no mu na menwonoo wo firiiɛ; woyɛ dɔteɛ, na dɔteɛ mu na wobɛsane akɔ.”
あなたは顔に汗してパンを食べ、ついに土に帰る、あなたは土から取られたのだから。あなたは、ちりだから、ちりに帰る」。
20 Adam too ne yere no edin Hawa, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛyɛ ateasefoɔ nyinaa na.
さて、人はその妻の名をエバと名づけた。彼女がすべて生きた者の母だからである。
21 Awurade Onyankopɔn de aboa nwoma yɛɛ ntadeɛ maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho.
主なる神は人とその妻とのために皮の着物を造って、彼らに着せられた。
22 Awurade Onyankopɔn kaa sɛ, “Afei, onipa no abɛyɛ sɛ yɛn ara a, wahunu papa ne bɔne. Ɛnsɛ sɛ yɛma no ɛkwan na ɔtene ne nsa kɔte nkwa dua no so aba no bi die, na ɔtena ase afebɔɔ.”
主なる神は言われた、「見よ、人はわれわれのひとりのようになり、善悪を知るものとなった。彼は手を伸べ、命の木からも取って食べ、永久に生きるかも知れない」。
23 Enti, Awurade Onyankopɔn pamoo no firii Eden turo no mu sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ asase a, wɔnwonoo no firii mu no so.
そこで主なる神は彼をエデンの園から追い出して、人が造られたその土を耕させられた。
24 Ɔpamoo onipa no. Na Eden turo no apueeɛ fam hɔ no, ɔde Kerubim ne afena a ɛredɛre twa ne ho fa baabiara no sii hɔ sɛ, ɛnwɛn ɛkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho.
神は人を追い出し、エデンの園の東に、ケルビムと、回る炎のつるぎとを置いて、命の木の道を守らせられた。