< 1 Mose 29 >

1 Yakob toaa nʼakwantuo so kɔduruu apueeɛfoɔ asase so.
Yakob toaa nʼakwantu so koduu apueifo asase so.
2 Asase no so baabi na ɔkɔhunuu abura bi a nnwankuo mmiɛnsa butubutu ho. Ɛfiri sɛ, saa abura no mu nsuo na wɔsa ma nnwan no nom. Na ɛboɔ kɛseɛ bi na ɛkata abura no so.
Asase no so baabi na okohuu abura bi a nguankuw abiɛsa butubutuw ho. Efisɛ saa abura no mu nsu na na wɔsaw ma nguan no nom. Na ɔbo kɛse bi na ɛkata abura no so.
3 Ɛberɛ biara a nnwankuo no bɛboa wɔn ho ano wɔ hɔ no, nnwanhwɛfoɔ no pire ɛboɔ no firi abura no ano ma nnwan no nsuo nom. Sɛ nnwan no nom nsuo no wie a, na nnwanhwɛfoɔ no asane de ɛboɔ no akata abura no ano.
Bere biara a nguankuw no bɛboa wɔn ho ano wɔ hɔ no, nguanhwɛfo no pirew ɔbo no fi abura no ano ma nguan no nsu nom. Sɛ nguan no nom nsu no wie a, na nguanhwɛfo no asan de ɔbo no akata abura no ano.
4 Yakob bisaa wɔn sɛ, “Anuanom, mofiri he na mobaa ha?” Wɔbuaa Yakob sɛ, “Yɛfiri Haran.”
Yakob bisaa wɔn se, “Anuanom, mufi he na mobaa ha?” Wobuaa Yakob se, “Yefi Haran.”
5 Yakob sane bisaa wɔn sɛ, “Monim Nahor nana Laban anaa?” Nnwanhwɛfoɔ no nso buaa no sɛ, “Aane, yɛnim no.”
Yakob san bisaa wɔn se, “Munim Nahor nena Laban ana?” Nguanhwɛfo no nso buaa no se, “Yiw, yenim no.”
6 Afei, Yakob bisaa wɔn sɛ, “Na ne ho te sɛn?” Wɔbuaa no sɛ, “Ne ho yɛ. Na ne babaa Rahel koraa na ɔne ne nnwan reba yi.”
Na Yakob bisaa wɔn se, “Na ne ho te dɛn?” Wobuaa no se, “Ne ho ye. Na ne babea Rahel koraa na ɔne ne nguan reba yi.”
7 Yakob kaa sɛ, “Monhwɛ. Owia no ano yɛ den dodo. Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔboaboa mmoa no ano nnuruiɛ. Momma wɔn nsuo nnom, na monka wɔn nkɔ wɔn adidibea.”
Yakob kae se, “Monhwɛ. Owia no ano yɛ den dodo. Bere a ɛsɛ sɛ wɔboaboa mmoa no ano nnui. Momma wɔn nsu nnom, na monka wɔn nkɔ wɔn adidibea.”
8 Nnwanhwɛfoɔ no buaa Yakob sɛ, “Sɛ yɛmmoaboaa nnwan no nyinaa ano, na yɛmpiree ɛboɔ no mfirii abura no ano a, yɛrentumi mma wɔn nsuo nnom.”
Nguanhwɛfo no buaa Yakob se, “Sɛ yɛmmoaboaa nguan no nyinaa ano, na yempirew ɔbo no mfii abura no ano a, yɛrentumi mma wɔn nsu nnom.”
9 Yakob gu so ne wɔn rekasa no ara na Rahel a ɔno nso yɛ odwanhwɛfoɔ no de nʼagya nnwan baa hɔ.
Yakob gu so ne wɔn rekasa no ara na Rahel a ɔno nso yɛ oguanhwɛfo no de nʼagya nguan baa hɔ.
10 Ɛberɛ a Yakob hunuu ne maame nuabarima Laban babaa Rahel ne ne wɔfa Laban nnwan no, ɔkɔpiree ɛboɔ no firii abura no ano. Afei, wɔmaa nnwan no nsuo nomeeɛ.
Bere a Yakob huu ne na nuabarima Laban babea Rahel ne ne wɔfa Laban nguan no, okopirew ɔbo no fii abura no ano. Afei, wɔmaa nguan no nsu nomee.
11 Afei, Yakob fee Rahel ano, na ɔsuiɛ.
Afei, Yakob few Rahel ano, na osui.
12 Na Yakob aka akyerɛ Rahel sɛ, ɔno Yakob yɛ Rahel no agya busuani a ɔsane yɛ nʼagya Laban no nuabaa Rebeka babarima. Enti, Rahel tuu mmirika kɔka kyerɛɛ nʼagya.
Na Yakob aka akyerɛ Rahel se, ɔno Yakob yɛ Rahel no agya busuani a ɔsan yɛ nʼagya Laban no nuabea Rebeka babarima. Enti Rahel tuu mmirika kɔka kyerɛɛ nʼagya.
13 Laban tee ne nuabaa Rebeka ba Yakob ho asɛm no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa no. Laban yɛɛ no atuu, fee nʼano, de no baa ne fie, maa Yakob bɔɔ no nʼananteseɛ.
Laban tee ne nuabea Rebeka ba Yakob ho asɛm no, ɔyɛɛ ntɛm kohyiaa no. Laban yɛɛ no atuu, few nʼano, de no baa ne fi maa Yakob bɔɔ no nʼanantese.
14 Laban ka kyerɛɛ no sɛ, nokorɛ ni, “woyɛ me busuani.” Na Yakob tenaa Laban nkyɛn bosome.
Laban ka kyerɛɛ no se, “Woyɛ me dehye.” Na Yakob tenaa Laban nkyɛn ɔsram.
15 Ɛda koro bi, Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Ɛwom sɛ woyɛ me busuani deɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ woyɛ adwuma ma me a ɛnsɛ sɛ metua wo ka. Kyerɛ me akatua a wopɛ na memfa mma wo.”
Da koro bi, Laban ka kyerɛɛ Yakob se, “Ɛwɔ mu sɛ woyɛ me busuani de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ woyɛ adwuma ma me a ɛnsɛ sɛ mitua wo ka. Kyerɛ me akatua a wopɛ na memfa mma wo.”
16 Na Laban wɔ mmammaa baanu. Na ɔpanin no din de Lea ɛnna akumaa no nso de Rahel.
Na Laban wɔ mmabea baanu. Na ɔpanyin no din de Lea na akumaa no nso de Rahel.
17 Na Lea aniwa aba yɛ fɛ, ɛnna Rahel yɛ ɔbaa fɛfɛ a nʼanim yɛ nyam yie.
Na Lea aniwa aba yɛ fɛ, na Rahel yɛ ɔbea fɛfɛ a nʼanim yɛ nyam yiye.
18 Na Yakob dɔ Rahel awadeɛ kwan so, enti ɔka kyerɛɛ Rahel agya Laban sɛ, “Sɛ wode wo babaa kumaa Rahel bɛma me aware a, anka me nso mɛsom wo mfeɛ nson.”
Na Yakob dɔ Rahel wɔ aware kwan so, nti ɔka kyerɛɛ Rahel agya Laban se, “Sɛ wode wo babea kumaa Rahel bɛma me aware a, anka me nso mɛsom wo mfe ason.”
19 Laban kaa sɛ, “Mepene so! Ɛyɛ sɛ mede no bɛma wo aware mmom sene sɛ mede no bɛma obi foforɔ bi a mennim no. Enti, tena me nkyɛn.”
Laban kae se, “Mepene so! Eye sɛ mede no bɛma wo aware mmom sen sɛ mede no bɛma obi foforo bi a minnim no. Enti tena me nkyɛn.”
20 Esiane ɔdɔ a na Yakob dɔ Rahel enti, ɔsomm Laban mfeɛ nson, na wanhunu koraa sɛ, wasom akyɛre saa. Ɛyɛɛ no sɛ gyama ɔsomee nnansa bi pɛ.
Esiane ɔdɔ a na Yakob dɔ Rahel nti, ɔsom Laban mfe ason, na wanhu koraa sɛ wasom akyɛ saa. Ɛyɛɛ no sɛ gyama ɔsomee nnansa bi pɛ.
21 Yakob som wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Laban sɛ, “Masom awie enti, fa Rahel ma me na menware no.”
Yakob som wiee no, ɔka kyerɛɛ Laban se, “Masom awie nti, fa Rahel ma me na menware no.”
22 Ɛno enti, Laban too ɛpono kɛseɛ, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa a na ɔne wɔn wɔ hɔ nyinaa baa apontoɔ no ase.
Ɛno nti, Laban too pon kɛse, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa a na ɔne wɔn wɔ hɔ nyinaa baa aponto no ase.
23 Na ɛduruu anadwo a esum aduru no, Laban de ne babaa Lea kɔmaa Yakob, maa ɔne no daeɛ.
Na eduu anadwo a sum aduru no, Laban de ne babea Lea kɔmaa Yakob, maa ɔne no dae.
24 Ɛno akyiri no, Laban de nʼafenawa Silpa kaa Lea ho sɛ ɔnkɔsom no.
Ɛno akyi no, Laban de nʼafenaa Silpa kaa Lea ho sɛ ɔnkɔsom no.
25 Adeɛ kyeeɛ no, ɔhunuu sɛ Lea mmom na ɔda nʼakyi. Ɛnna Yakob bisaa Laban sɛ, “Asɛm bɛn na wo ne me adi yi? Ɛnyɛ Rahel enti na mesom wo? Adɛn enti na woadaadaa me sei?”
Ade kyee no, ohuu sɛ Lea mmom na ɔda nʼakyi. Ɛnna Yakob bisaa Laban se, “Asɛm bɛn na wo ne me adi yi? Ɛnyɛ Rahel nti na mesom wo? Adɛn nti na woadaadaa me sɛɛ?”
26 Laban buaa Yakob sɛ, “Ɛha deɛ, ɛnyɛ yɛn amanneɛ sɛ yɛde ɔbabaa kumaa ma aware wɔ ɛberɛ a ɔpanin no nwareeɛ.
Laban buaa Yakob se, “Ɛha de, ɛnyɛ yɛn amanne sɛ yɛde ɔbabea kumaa ma aware wɔ bere a ɔpanyin no nwaree ɛ.
27 Ma Lea nni nnawɔtwe wɔ wo nkyɛn, na nnawɔtwe no akyiri no, sɛ wopɛ Rahel ara a, mɛma woasane asom mfirinhyia nson bio, na mede no ama wo aware.”
Ma Lea nni nnaawɔtwe wɔ wo nkyɛn, na nnaawɔtwe no akyi no, sɛ wopɛ Rahel ara a, mɛma woasan asom mfirihyia ason bio, na mede no ama wo aware.”
28 Yakob penee so ne Lea tenaa nnawɔtwe. Ɛno akyiri, ɔsomm mfeɛ nson ansa na Laban de ne babaa Rahel nso maa no wareeɛ.
Yakob penee so ne Lea tenaa nnaawɔtwe. Ɛno akyi no, ɔsom mfe ason ansa na Laban de ne babea Rahel nso maa no waree.
29 Laban de nʼafenawa Bilha nso maa ne babaa Rahel sɛ ɔnkɔsom no.
Laban de nʼafenaa Bilha nso maa ne babea Rahel sɛ ɔnkɔsom no.
30 Yakob de ne ho kaa Rahel nso. Na ɔdɔ Rahel sene Lea. Yakob tenaa Laban nkyɛn, somm no mfirinhyia nson bio sɛdeɛ ɔne no hyehyɛeɛ no.
Yakob de ne ho kaa Rahel nso. Na ɔdɔ Rahel sen Lea. Yakob tenaa Laban nkyɛn, som no mfirihyia ason bio sɛnea ɔne no hyehyɛe no.
31 Awurade hunuu sɛ Yakob ani nnye Lea ho no, ɔbuee ne yafunu mu, nanso Rahel deɛ, na ɔnwo.
Awurade huu sɛ Yakob ani nnye Lea ho no, obuee ne yafunu mu, nanso Rahel de, na ɔnwo.
32 Lea nyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima. Ɔtoo no edin Ruben a asekyerɛ ne “Awurade ahunu mmɔborɔ a meyɛ.” Na Lea kaa sɛ, “Awurade ahunu me mmɔbɔ. Nokorɛm, afei na me kunu ani bɛgye me ho.”
Lea nyinsɛn woo ɔbabarima. Ɔtoo no din Ruben a nkyerɛase ne “Awurade ahu mmɔbɔ a meyɛ.” Na Lea kae se, “Awurade ahu me mmɔbɔ. Nokware, afei na me kunu ani begye me ho.”
33 Lea nyinsɛnee bio na ɔsane woo ɔbabarima bio no, ɔkaa sɛ, “Esiane sɛ Awurade hunuu sɛ me kunu ani nnye me ho enti, wasane akyɛ me ɔbabarima bio.” Enti, ɔtoo ne din Simeon a asekyerɛ ne “Awurade ate!”
Lea nyinsɛnee bio na ɔsan woo ɔbabarima bio no, ɔkae se, “Esiane sɛ Awurade huu sɛ me kunu ani nnye me ho nti, wasan akyɛ me ɔbabarima bio.” Enti, ɔtoo ne din Simeon a nkyerɛase ne “Awurade ate!”
34 Lea sane nyinsɛnee bio. Na ɔwoo ɔbabarima bio no, ɔkaa sɛ, “Afei deɛ, me kunu de ne ho bɛfam me ho, ɛfiri sɛ, mawo mmammarima baasa ama no.” Ɛno enti, ɔtoo no edin Lewi a asekyerɛ ne “Ahofam.”
Lea san nyinsɛnee bio. Na ɔwoo ɔbabarima bio no, ɔkae se, “Afei de, me kunu de ne ho bɛfam me ho, efisɛ mawo mmabarima baasa ama no.” Ɛno nti, ɔtoo no din Lewi a nkyerɛase ne “Ahofam.”
35 Lea sane nyinsɛnee. Ɛberɛ a ɔsane woo ɔbabarima bio no, ɔkaa sɛ, “Saa ɛberɛ yi deɛ, mɛkamfo Awurade.” Ɛno enti, ɔtoo no edin Yuda, a asekyerɛ ne “Nkamfoɔ.” Yei akyiri no, ɔhomee awoɔ so.
Lea san nyinsɛnee. Bere a ɔsan woo ɔbabarima bio no, ɔkae se, “Saa bere yi de, mɛkamfo Awurade.” Ɛno nti, ɔtoo no din Yuda, a ne nkyerɛase ne “Nkamfo.” Eyi akyi no, ɔhomee awo so.

< 1 Mose 29 >