< 1 Mose 27 >
1 Isak bɔɔ akɔkoraa a nʼani so ayɛ no wisiwisi na ɔnhunu adeɛ papa no, ɛda koro bi, ɔfrɛɛ ne babarima panin Esau. “Me ba.” Ɛnna Esau gyee so sɛ, “Agya, menie.”
When Isaac was old, he became almost blind. One day he summoned Esau, his firstborn/older son,
2 Isak kaa sɛ, “Seesei mabɔ akɔkoraa, na mennim ɛda a mɛwu.
and said to him, “My son?” Esau replied, “Here I am!”
3 Fa wʼagyan ne wo bɛmma, na kɔ wiram kɔpɛ hanam bi brɛ me.
Isaac said, “Listen to me. I am very old, and I do not know when I will die. So now take your bow and quiver full of arrows and go out into the countryside, and hunt for a wild animal for me.
4 Fa noa mʼakɔnnɔduane no bi brɛ me, na menni, na menhyira wo ansa na mawu.”
Kill one and prepare the kind of tasty meat that I like. Then bring it to me so that after I eat it, I can give you a blessing before I die.”
5 Ɛberɛ a Isak ne ne ba Esau rekasa no, na Rebeka retie. Enti, ɛberɛ a Esau kɔɔ sɛ ɔrekɔkum ɛnam no aba pɛ, ɛnna
Rebekah was listening as Isaac said that to his son, Esau. So when Esau left the tent to go to the countryside to hunt for a wild animal in order to kill it and bring it back,
6 Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob sɛ, “Yakob tie! Metee sɛ wʼagya reka akyerɛ wo nua Esau sɛ,
Rebekah said to her son, Jacob, “Listen to me. I heard your father talking to your brother, Esau, saying,
7 ‘Kɔpɛ hanam bi fa noa mʼakɔnnɔduane no bi brɛ me, na menni, na menhyira wo wɔ Awurade anim, ansa na mawu.’
‘Go and kill some wild animal and bring it here, and prepare the meat in a tasty way, so that I may eat it, and then before I die I can give you my blessing while Yahweh is listening.’
8 Afei, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yie, na di so.
So now, my son, do what I am telling you.
9 Kɔ nnwankuo no mu, na kɔkyere nnwan mmienu a wɔadɔre sradeɛ brɛ me, na memfa nnoa akɔnnɔduane, sɛdeɛ wʼagya pɛ no pɛpɛɛpɛ mma no.
Go out to the flock and [kill] two nice young goats and bring [the meat] to me. Then I will prepare some tasty food for your father, the way he likes it.
10 Sɛ menoa wie a, fa kɔma no, na ɔnni, na ɔnhyira wo ansa na wawu.”
Then you can take it to your father, in order that he can eat it, and then, before he dies, he will give his blessing to you, [and not to your older brother].”
11 Yakob ka kyerɛɛ ne maame Rebeka sɛ, “Wonim sɛ me nua Esau ho wɔ nwi, na me nso, me ho yɛ toromtorom.
But Jacob said to his mother Rebekah, “But my brother Esau’s skin has hair all over it, and my skin is not like that! My skin is smooth!
12 Sɛ ɛba sɛ mʼagya de ne nsa fa me ho, na ɔhunu sɛ ɛnyɛ Esau a, ɛbɛyɛ sɛ gyama meredaadaa no, na wadome me mmom, sene sɛ anka ɔbɛhyira me.”
What will happen if my father touches me? He will realize that I am tricking him, and as a result (I will be cursed/he will say that God will do bad things to) me, not a blessing!”
13 Yakob maame ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, ma nnome no mmra me so. Wo deɛ, yɛ deɛ maka akyerɛ wo no ara. Kɔ na kɔkyere nnwan no brɛ me.”
His mother replied, “If that happens, let the curse be on me. You do what I am telling you. Go and get the goats for me!”
14 Enti, Yakob tiee ne maame Rebeka asɛm, kɔkyeree nnwan no brɛɛ no. Na ɔkumm wɔn, de noaa akɔnnɔduane bi, sɛdeɛ Isak pɛ no pɛpɛɛpɛ.
So Jacob went and killed two goats and brought them to his mother. Then [with the meat] his mother prepared some tasty food, just the way his father liked.
15 Ɛno akyiri no, Rebeka faa ne ba panin Esau atadeɛ papa bi a ɛwɔ fie hɔ de maa ne ba Yakob hyɛeɛ.
Then Rebekah took her older son Esau’s clothes that were with her in the tent, and she put them on her younger son Jacob.
16 Afei, ɔde nnwan a wɔkumm wɔn no nwoma yɛɛ ahyɛnsa, kataa Yakob nsa ho. Ɔde bi kataa ne kɔn ho nyinaa.
She also put the skins of the young goats on his hands and the smooth part of his neck.
17 Ɔde burodo a wato no foforɔ kaa akɔnnɔduane a wanoa no ho, de maa ne ba Yakob.
Then she handed him some bread and the tasty food that she had prepared.
18 Yakob de aduane no kɔmaa nʼagya Isak wɔ ne dan mu. Ɔduruu hɔ no, ɔkaa sɛ, “Agya!” Isak buaa sɛ, “Mewɔ hɔ na wo hwan a?”
Jacob took it to his father and said, “My father!” Isaac replied, “I’m here; which of my sons are you?”
19 Yakob ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau. Mayɛ deɛ woka kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Mede hanam a wopɛ no bi anoa wʼakɔnnɔduane no abrɛ wo, enti mesrɛ wo, sɔre tena ase, na didi, na sɛ wodidi wie a, woahyira me.”
Jacob said to his father, “I am Esau, your firstborn son. I did what you told me to do. Sit up and eat some of the meat so that you can then bless me.”
20 Isak bisaa ne ba no sɛ, “Ɛyɛɛ sɛn na wo ho ayɛ hare sɛɛ yi?” Yakob buaa sɛ, “Awurade, wo Onyankopɔn no, na ɔgyinaa mʼakyi maa me nsa kaa hanam no bi ntɛm.”
But Isaac asked his son, “My son, how is it that you were able to find and kill an animal so quickly?” Jacob replied, “Because Yahweh, whom you worship, enabled me to be successful.”
21 Afei, Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba, twe bɛn me, na memfa me nsa nka wo nhwɛ sɛ, wo ne me ba Esau no ampa anaa.”
Isaac said to Jacob, “Come near to me, my son, so that I can touch you and determine whether you are really my son Esau.”
22 Yakob twe bɛn nʼagya Isak, na ɔde ne nsa kekaa ne ho kaa sɛ, “Nne yi yɛ Yakob nne, nanso nsa yi yɛ Esau deɛ.”
So Jacob went close to him. Isaac. Isaac touched him and said, “Your voice sounds like Jacob, but your hands feel hairy, like the hands of your older brother, Esau.”
23 Isak anhunu sɛ ɛyɛ Yakob, ɛfiri sɛ, na ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau pɛpɛɛpɛ. Enti, ɔhyiraa no.
Isaac did not recognize Jacob, [because he was blind] and because Jacob’s hands were now hairy, like those of his older brother, Esau. So Isaac prepared to bless Jacob.
24 Isak sane bisaa Yakob sɛ, “Enti, ampa ara sɛ wo ne me ba Esau no?” Yakob buaa sɛ, “Aane, me ne Esau.”
But first Isaac asked, “Are you really my son Esau?” Jacob replied, “Yes, I am.”
25 Afei, Isak kaa sɛ, “Me ba, fa wʼaduane no brɛ me na menni, na medi wie a, mahyira wo.” Yakob de aduane no brɛɛ nʼagya Isak, na ɔdiiɛ; ɔsane de nsã brɛɛ no ma ɔnomeeɛ.
Isaac said, “My son, bring me some of the meat that you have cooked, so that I may eat it and then give you my blessing.” So Jacob brought him some, and he ate it. Jacob also brought him some wine, and he drank it.
26 Isak wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba, bra bɛfe mʼano!”
Then Isaac said to him, “My son, come here and kiss me.”
27 Enti, Yakob kɔɔ nʼagya Isak nkyɛn kɔfee nʼano. Ɛberɛ a Isak huaa Yakob atadeɛ mu, na ɔgye too mu sɛ, ɛyɛ ne ba Esau no, ɔhyiraa no sɛ, “Ampa ara! Me ba ho hwa te sɛ ehwa a ɛfiri afuo a Awurade ahyira so no mu.
So Jacob came close to him, and his father kissed him on the cheek. Isaac smelled the clothes Jacob was wearing. They smelled like Esau’s clothes. So he said, “Truly, the smell of my son is like the smell of a field that Yahweh has blessed.
28 Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosuo ne asase mu sradeɛ, na afuom aduane ne nsã mmu wo so.
I ask that God will send down to you dew from heaven [to water your fields], and cause you to have abundant crops, good harvests of grain, and grapes for wine.
29 Amanaman bɛsom wo, na nnipa nyinaa abu wo nkotodwe. Wobɛdi wo nuanom so, na wo maame mma nso akoto wo. Wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo nyinaa, na wɔn a wɔhyira wo nyinaa nso, wɔbɛhyira wɔn.”
I ask that people of many nations will serve you and bow down to you. I ask that you will rule over your brothers, and that your mother’s descendants will also bow down to you. I ask that God will curse/punish those who (curse you/ask God to do bad things to you), and bless those who bless you.”
30 Isak hyiraa Yakob wieeɛ, na ɔfirii nʼagya nkyɛn kɔeɛ ara pɛ, na ne nua Esau firi nʼahayɔ baeɛ.
After Isaac finished blessing Jacob, Jacob was just leaving the room where his father was, when his older brother, Esau, returned from hunting.
31 Ɔno nso noaa akɔnnɔduane brɛɛ nʼagya. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Agya, sɔre na di me hanamduane no, na hyira me.”
Esau cooked some tasty meat and brought it to his father. He said to his father, “My father, please sit up and eat some of the meat that I have cooked, so that you can then give me your blessing!”
32 Nʼagya Isak bisaa no sɛ, “Na hwan nie?” Esau buaa sɛ, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau.”
His father, Isaac, said to him, “Who are you?” He answered, “I am Esau, your firstborn son!”
33 Isak tee saa asɛm yi pɛ, ne ho hyɛɛ aseɛ wosoo biribiribiri, na ɔbisaa sɛ, “Ɛnneɛ, na hwan na ɔkɔɔ ahayɔ kɔkumm ɛnam de noaa aduane brɛɛ me yi. Medidi wieeɛ hyiraa onipa ko no pɛ na wobaeɛ yi? Nokorɛ mu ni, nhyira a mahyira no no, sɛ mesane mʼano a, ɛrenyɛ yie!”
Then Isaac, realizing that it was not Esau who had come earlier, trembled very violently. He said, “Then who is it that brought me some meat from an animal that he had hunted and killed, and I ate it all? He was here just before you came. I blessed him, and I cannot (take back that blessing/declare that those things will not happen to him).”
34 Ɛberɛ a Esau tee asɛm a nʼagya kaeɛ no, ɔno nso de awerɛhoɔ teaam dendeenden, ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Agya! Hyira me. Hyira me nso bi!”
When Esau heard those words of his father, he cried loudly. He was very disappointed. He said to his father, “My father, bless me, too!”
35 Nanso, Isak kaa sɛ, “Ɛnneɛ, na wo nua na ɔde nnaadaa abɛgye wo nhyira kɔ!”
But his father said, “Your brother came deceitfully and took your blessing!”
36 Esau kaa sɛ, “Ɛnyɛ nwanwa sɛ wɔfrɛ no Yakob a aseɛ kyerɛ nantitwitwafoɔ. Yei ne ne mprenu so a wadaadaa me. Deɛ ɛdi ɛkan ne sɛ, ɔdaadaa me gyee me panin. Deɛ ɛtɔ so mmienu nso ne sɛ, ɔde nnaadaa agye me nhyira!” Afei, Esau bisaa nʼagya sɛ, “Enti, woannya me nhyira no bi a wode bɛhyira me nso?”
Esau said, “It is right [RHQ] that his name is Jacob, which means ‘cheat,’ because he deceived me two times. The first time he took my rights from being his firstborn son, and this time he took my blessing!” Then he asked, “Do you not have any blessing left for me?”
37 Isak buaa Esau sɛ, “Manya de no ayɛ wo wura dada. Mede ne nuanom nyinaa ayɛ ne nkoa. Mahyira no sɛ, ɔbɛnya afuom nnuane ne nsã foforɔ bebree. Na afei, ɛdeɛn bio na aka a mɛtumi ayɛ ama wo, me ba?”
Isaac answered and said to Esau, “I have declared that your younger brother will rule over you, and declared that all his relatives will serve him. And I have said that God will give him plenty of grain and grapes for wine. So, my son, (what can I do for you?/There is nothing more that I can do for you!)” [RHQ]
38 Esau bisaa nʼagya sɛ, “Agya, enti nhyira baako pɛ na wowɔ? Ao, agya, hyira me nso bi!”
Esau said to his father, “My father, do you have only one blessing? My father, bless me, too!” Then Esau cried very loudly.
39 Afei, nʼagya Isak buaa no sɛ, “Tie! Asase kesee so na wobɛtena, na ɛsoro bosuo rentɔ wɔ so.
His father Isaac answered and said to him, “The place where you will live will be far from the fertile soil and from the dew that God sends from heaven [to water the fields].
40 Wode wo akofena na ɛbɛtena ase, na woasom wo nua kumaa. Nanso, daakye bi, sɛ wokentene wo ho a, wobɛfiri wo nua no som ase.”
You will [rob and] kill people [MTY] in order to [get what you need to] live, and you will be as though you are your brother’s slave. But when you decide to rebel against him, you will (free yourself from/no longer be under) his control.”
41 Esiane Esau nhyira a Yakob kɔdaadaa wɔn agya Isak gyeeɛ no enti, Esau tanee Yakob. Esau kaa wɔ ne tirim sɛ, “Ɛrenkyɛre, na mʼagya Isak awu. Sɛ ɔnya wu a, mɛkum me nua Yakob.”
So, because his father had given a blessing to Jacob, and not to him, Esau hated his younger brother. Esau thought to himself, “After my father dies and we finish mourning for him, I will kill Jacob!”
42 Obi tee adwene a Esau afa wɔ ne nua kumaa Yakob ho no, ɔkɔbɔɔ wɔn maame Rebeka amanneɛ. Enti, Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua Esau abɔ ne tirim sɛ, sɛ ɔnya wo a, ɔbɛkum wo ansa na ne bo atɔ ne yam.
But Rebekah found out what her older son, Esau, was thinking. So she summoned her younger son, Jacob, and said to him, “Listen to me. Your older brother, Esau, is [comforting himself by] planning to kill you, to get revenge because of your deceiving your father.
43 Enti, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yie. Dwane ntɛm kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran.
So now, my son, listen carefully to what I am telling you. Escape quickly and go and stay with my brother Laban, in Haran [town].
44 Tena ne nkyɛn kakra wɔ hɔ, kɔsi sɛ, wo nua Esau bo bɛdwo.
Stay with him a while, until your older brother is no longer angry.
45 Sɛ wo nua akoma tɔ ne yam, na ne werɛ firi deɛ woyɛɛ no, na ɔgyaa mu ma ɛka a, mɛsoma abɛka akyerɛ wo, na woafiri Haran aba. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ metena hɔ hwɛ, na me mma baanu bom wu ɛda koro?”
When he forgets what you did to him, I will send a message to you, to tell you to return from there. If Esau kills you, [others will kill him, and] then both my sons would die at the same time!” [RHQ]
46 Enti, Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ, “Saa Hetifoɔ mmabaawa yi koraa ama asetena afono me. Sɛ ɛkɔba sɛ Yakob nso kɔware Hetifoɔ asase so mmabaawa yi bi a, mmaa te sɛ yeinom bi a, ɛnneɛ, na mewuiɛ koraa a, anka ɛyɛ.”
Rebekah also said to Isaac, “These [foreign] women whom Esau has married, who are descendants of Heth, are making my life miserable. I would prefer to die than to see Jacob marry a woman from the descendants of Heth in this area!”