< 1 Mose 25 >

1 Abraham waree ɔbaa foforɔ bi a ne din de Ketura.
Abraham waree ɔbea foforo bi a ne din de Ketura.
2 Abraham ne Ketura wowoo saa mma a wɔn din didi so yi: Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.
Abraham ne Ketura woo saa mma a wɔn din didi so yi: Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.
3 Yoksan woo Seba ne Dedan. Dedan asefoɔ ne Asurfoɔ, Letusfoɔ ne Leumfoɔ.
Yoksan woo Seba ne Dedan. Dedan asefo ne Asurfo, Letusfo ne Leumfo.
4 Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa. Yeinom nyinaa yɛ Ketura asefoɔ.
Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa. Eyinom nyinaa yɛ Ketura asefo.
5 Abraham de nʼagyapadeɛ nyinaa maa Isak.
Abraham de nʼagyapade nyinaa maa Isak.
6 Nanso, ɛberɛ a ɔte ase no, ɔmaa ne mpena mma akyɛdeɛ, na ɔyii wɔn firii ne babarima Isak nkyɛn, ma wɔkɔɔ apueeɛ fam asase bi so.
Nanso bere a ɔte ase no, ɔmaa ne mpenamma akyɛde, na oyii wɔn fii ne babarima Isak nkyɛn ma wɔkɔɔ apuei fam asase bi so.
7 Abraham nkwanna nyinaa kɔsii mfeɛ ɔha aduɔson enum.
Abraham nkwanna nyinaa kosii mfe ɔha aduɔson anum.
8 Abraham nyini bɔɔ akɔkoraa posoposo ansa na ɔrewu akɔka ne mpanimfoɔ ho.
Abraham nyin bɔɔ akwakoraa posoposo ansa na ɔrewu akɔka ne mpanyimfo ho.
9 Ne mmammarima Isak ne Ismael siee no wɔ Makpela boda a ɛwɔ Efron no mu. Na ɛhɔ yɛ Hetini Sohar babarima no afuo a ɛwɔ Mamrɛ apueeɛ fam.
Ne mmabarima Isak ne Ismael siee no wɔ Makpela boda a ɛwɔ Efron no mu. Na ɛhɔ yɛ Hetini Sohar babarima no afuw a ɛwɔ Mamrɛ apuei fam.
10 Yei ne asase a Abraham tɔ firii Hetifoɔ nkyɛn no. Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara.
Eyi ne asase a Abraham tɔ fii Hetifo nkyɛn no. Ɛhɔ na wosiee Abraham ne ne yere Sara.
11 Abraham wuo akyiri no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak a na saa ɛberɛ no ɔte Beer-Lahai-Roi abura no ho no.
Abraham wu akyi no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak a na saa bere no ɔte Beer-Lahai-Roi abura no ho no.
12 Yei ne Abraham babarima Ismael a Sara afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no woo no maa Abraham no asefoɔ ho asɛm.
Eyi ne Abraham babarima Ismael a Sara afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no woo no maa Abraham no asefo ho asɛm.
13 Wɔn a wɔdidi so yi yɛ Ismael mmammarima a wɔabobɔ wɔn edin mpanin mu no. Na Nebaiot yɛ Ismael abakan. Wɔn a wɔdidi so yi nso yɛ Kedar, Adbeel, Mibsam,
Wɔn a wodidi so yi yɛ Ismael mmabarima a wɔabobɔ wɔn din fi mpanyin mu no. Na Nebaiot yɛ Ismael abakan. Wɔn a wodidi so yi nso yɛ Kedar, Adbeel, Mibsam,
14 Misma, Duma, Masa,
Misma, Duma, Masa,
15 Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedema.
Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedema.
16 Saa edin a wɔabobɔ yi yɛ Ismael mmammarima no. Saa edin yi na ɛdeda mmusuakuo dumienu ne wɔn atenaeɛ so.
Saa din a wɔabobɔ yi yɛ Ismael mmabarima no. Saa din yi na ɛdeda mmusuakuw dumien ne wɔn atenae so.
17 Ismael dii mfirinhyia ɔha aduasa nson ansa na ɔrewu. Ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ ne nkurɔfoɔ mu.
Ismael dii mfirihyia ɔha aduasa ason ansa na ɔrewu. Owu ma wosiee no wɔ ne nkurɔfo mu.
18 Ismael asefoɔ yi tenatenaa nsase a ɛfiri Hawila kɔsi Sur a ɛbɛn Misraim pɛɛ wɔ Asiria ntenesoɔ. Daa na akokoakoko wɔ mmusuakuo yi ntam.
Ismael asefo yi tenatenaa nsase a efi Hawila kosi Sur a ɛbɛn Misraim pɛɛ wɔ Asiria ntentenso. Daa na akokoakoko wɔ mmusuakuw yi ntam.
19 Abraham babarima Isak ne nʼasefoɔ ho asɛm nie. Abraham woo Isak.
Abraham babarima Isak ne nʼasefo ho asɛm ni. Abraham woo Isak.
20 Isak dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Rebeka a ɔyɛ Aramni Betuel a ɔfiri Paddan-Aram no babaa. Rebeka yɛ Aramni Laban nuabaa.
Isak dii mfirihyia aduanan no, ɔwaree Rebeka a ɔyɛ Aramni Betuel a ofi Paddan-Aram no babea. Rebeka yɛ Aramni Laban nuabea.
21 Isak waree Rebeka mfeɛ bebree a na wɔnwo. Enti, Isak bɔɔ Awurade mpaeɛ, srɛɛ ɔba maa ne yere. Akyire yi, Awurade tiee ne mpaeɛbɔ, maa ne yere Rebeka nyinsɛneeɛ.
Isak waree Rebeka mfe bebree a na wɔnwo. Enti Isak bɔɔ Awurade mpae, srɛɛ ɔba maa ne yere. Akyiri no, Awurade tiee ne mpaebɔ, maa ne yere Rebeka nyinsɛnee.
22 Ɛberɛ a Rebeka nyinsɛneeɛ no, ɛtɔ da a, na mmɔfra no di apereapereɛ wɔ ne yafunu mu. Sɛ ɛba saa a, ɔbisa ne ho sɛ, “Ɛdeɛn na ɛreyɛ me yi?” Afei, ɔbɔɔ mpaeɛ bisaa Awurade nkyɛn asekyerɛ.
Bere a Rebeka nyinsɛnee no, ɛtɔ da a, na mmofra no di aperepere wɔ ne yafunu mu. Sɛ ɛba saa a, obisa ne ho se, “Dɛn na ɛreyɛ me yi?” Afei, ɔbɔɔ mpae bisaa Awurade nea ɛkyerɛ.
23 Awurade buaa no sɛ, “Aman mmienu na wɔwɔ wo yafunu mu. Wɔbɛtete nnipa baanu a wɔwɔ wo yafunu mu no mu. Mmɔfra baanu no, ɔbaako asefoɔ bɛyɛ ahoɔdenfoɔ asene ne nua a ɔka ne ho no asefoɔ. Na ɔpanin no bɛsom akumaa no.”
Awurade buaa no se, “Aman abien na wɔwɔ wo yafunu mu. Wɔbɛtetew nnipa baanu a wɔwɔ wo yafunu mu no mu. Mmofra baanu no, ɔbaako asefo bɛyɛ ahoɔdenfo asen ne nua a ɔka ne ho no asefo. Na ɔpanyin no bɛsom akumaa no.”
24 Rebeka awoɔ duruu so no, ɔwoo ntaten.
Rebeka awo duu so no, ɔwoo ntaten.
25 Na deɛ ɔdi ɛkan baeɛ no yɛ kɔkɔɔ a ne ho nwi yɛ kuhaa te sɛ deɛ ɔhyɛ nwi atadeɛ. Enti, wɔtoo no edin Esau.
Na nea odii kan bae no yɛ ɔkɔkɔɔ a ne ho nwi yɛ kuhaa te sɛ nea ɔhyɛ nwi atade. Enti wɔtoo no din Esau.
26 Yei akyiri no, ne nua no baeɛ. Na ne nsa kura Esau nantin; enti wɔtoo ne din Yakob. Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfeɛ aduosia.
Eyi akyi no, ne nua no bae a na ne nsa kura Esau nantin; enti wɔtoo ne din Yakob. Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfe aduosia.
27 Mmɔfra no nyiniiɛ no, Esau bɛyɛɛ ɔbɔmmɔfoɔ a, ɔto a, ɔmfom. Na ɔyɛ ha fa wiram baabiara. Yakob nso bɛyɛɛ obi a ɔyɛ komm a ɔmpɛ ne ho asɛm. Na ɛberɛ biara, ɔpɛ sɛ ɔtena fie.
Mmofra no nyin no, Esau bɛyɛɛ ɔbɔmmɔfo a ɔtow a, ɔmfom. Na ɔyɛ ha fa wuram baabiara. Yakob nso bɛyɛɛ obi a ɔyɛ komm a ɔmpɛ ne ho asɛm. Na bere biara, ɔpɛ sɛ ɔtena fie.
28 Na Isak pɛ Esau asɛm yie, ɛfiri sɛ, na ɛberɛ biara ɔkɔyɛ ha de hanam a Isak pɛ ba fie. Nanso, na Rebeka deɛ, ɔpɛ Yakob asɛm.
Na Isak pɛ Esau asɛm yiye, efisɛ na bere biara ɔkɔyɛ ha de hanam a Isak pɛ ba fie. Nanso na Rebeka de, ɔpɛ Yakob asɛm.
29 Ɛda bi a Esau firi wiram baeɛ a na ɛkɔm de no yie no, ɔbɛtoo sɛ ne nua kumaa Yakob nso renoa aduane bi a ani yɛ kɔkɔɔ na ɛyɛ akɔnnɔ nso.
Da bi a Esau fi wuram bae a na ɔkɔm de no yiye no, ɔbɛtoo sɛ ne nua kumaa Yakob nso renoa aduan bi a ani yɛ kɔkɔɔ na ɛyɛ akɔnnɔ nso.
30 Ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Mesrɛ wo, ma me wʼaduane a woanoa yi bi nni!” (Ɛno enti na wɔfrɛ Esau sɛ Edom, a asekyerɛ ne ade kɔkɔɔ).
Ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Mesrɛ wo, ma me wʼaduan a woanoa yi bi nni!” Ɛno nti na wɔfrɛ Esau sɛ Edom, a nkyerɛase ne ade kɔkɔɔ.
31 Yakob buaa sɛ, “Tɔn wo panin no ma me ansa.”
Yakob buae se, “Tɔn wo panyin no ma me ansa.”
32 Esau kaa sɛ, “Ɔkɔm rekum me, na mede panin reyɛ ɛdeɛn?”
Esau kae se, “Ɔkɔm rekum me, na mede panyin reyɛ dɛn?”
33 Yakob buaa Esau sɛ, “Mate, ka ntam kyerɛ me wɔ Onyankopɔn anim sɛ, panin no yɛ me dea.” Esau kaa ntam no de tɔn ne panin no maa ne nua kumaa Yakob.
Yakob buaa Esau se, “Mate, ka ntam kyerɛ me wɔ Onyankopɔn anim sɛ, panyin no yɛ me dea.” Esau kaa ntam no de tɔn ne panyin no maa ne nua kumaa Yakob.
34 Enti, Yakob maa Esau aduane no bi, ma ɔdiiɛ. Ɔnom nsuo guu so, sɔre kɔɔ ne kwan. Yei ne ɛkwan a Esau faa so tɔn ne panin no.
Enti Yakob maa Esau aduan no bi ma odii. Ɔnom nsu guu so, sɔre kɔɔ ne kwan. Eyi ne ɔkwan a Esau faa so tɔn ne panyin no.

< 1 Mose 25 >