< 1 Mose 23 >

1 Sara dii mfeɛ ɔha aduonu nson.
And Sarah was an hundred and twenty and seven years old: these were the years of the life of Sarah.
2 Ɔwuu wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kɔgyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ.
And Sarah died in Kirjatharba; the same is Hebron in the land of Canaan: and Abraham came to mourn for Sarah, and to weep for her.
3 Abraham gyaa ne yere Sara amu no hɔ, kɔɔ Hetifoɔ mpanimfoɔ nkyɛn, kɔsrɛɛ wɔn sɛ,
And Abraham stood up from before his dead, and spoke to the sons of Heth, saying,
4 “Meyɛ ɔhɔhoɔ ne mamfrani a mete mo mu. Mesrɛ mo, montɔn mo asase yi bi mma me, na mensie me yere wɔ so.”
I am a stranger and a sojourner with you: give me a possession of a buryingplace with you, that I may bury my dead out of my sight.
5 Hetifoɔ no buaa Abraham sɛ,
And the children of Heth answered Abraham, saying to him,
6 “Owura, yɛsrɛ wo, tie asɛm a yɛrebɛka yi. Woyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ kɛseɛ wɔ yɛn mu. Yɛn boda biara a ɛsɔ wʼani a wopɛ sɛ wosie wo yere wɔ hɔ no, yɛma wo ho kwan, kɔsie no. Yɛn mu biara remfa ne boda nkame wo.”
Hear us, my lord: thou art a mighty prince among us: in the choice of our sepulchres bury thy dead; none of us shall withhold from thee his sepulchre, but that thou mayest bury thy dead.
7 Ɛhɔ ara, Abraham sɔre bɔɔ ne mu ase wɔ Hetifoɔ no anim,
And Abraham stood up, and bowed himself to the people of the land, to the children of Heth.
8 ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moapene so sɛ mensie mʼamu no wɔ ha deɛ a, mepa mo kyɛw, monsrɛ Efron a ɔyɛ Sohar babarima no mma me,
And he spoke with them, saying, If it is your mind that I should bury my dead out of my sight; hear me, and entreat for me to Ephron the son of Zohar,
9 na ɔntɔn Makpela ɔboda a ɛwɔ nʼafuo ano no mma me. Monka nkyerɛ no na ɔntɔn no sɛdeɛ ne boɔ die pɛpɛɛpɛ mma me, na mede hɔ ayɛ me ne mʼabusuafoɔ amusieeɛ.”
That he may give me the cave of Machpelah, which he hath, which is in the end of his field; for as much money as it is worth he shall give it me for a possession of a buryingplace among you.
10 Saa ɛberɛ no na Hetini Efron a ɔte ne manfoɔ mu no buaa Abraham maa ne nkurɔfoɔ a wɔahyia wɔ kuro no ɛpono ano nyinaa tee sɛ,
And Ephron dwelt among the children of Heth: and Ephron the Hittite answered Abraham in the presence of the children of Heth, of all that entered the gates of his city, saying,
11 “Dabi, me wura, tie me! Mede afuo no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kyɛ wo. Megyina me manfoɔ anim, na mede kyɛ wo. Kɔsie wʼamu no wɔ hɔ.”
Nay, my lord, hear me: the field give I to thee, and the cave that is in it I give it to thee; in the presence of the sons of my people I give it to thee: bury thy dead.
12 Bio Abraham de obuo ne anidie bɔɔ ne mu ase wɔ ɔmanfoɔ no anim,
And Abraham bowed himself before the people of the land.
13 ka kyerɛɛ Efron maa wɔn a wɔahyia wɔ hɔ no nyinaa tee asɛm a ɔkaeɛ no sɛ, “Mesrɛ mo, ɔmanfoɔ, monyɛ aso mma me. Momma mentua asase no ka. Mompene so mma me, na mennya ɛkwan nkɔsie mʼamu no.”
And he spoke to Ephron in the presence of the people of the land, saying, But if thou wilt give it, I pray thee, hear me: I will give thee money for the field; take it of me, and I will bury my dead there.
14 Efron buaa Abraham sɛ,
And Ephron answered Abraham, saying to him,
15 “Me wura, tie me! Asase no boɔ yɛ dwetɛ kilogram ɛnan ne fa. Yɛnyɛ nnipa baako anaa? Meregye saa sika yi ayɛ ɛdeɛn? Kɔsie wʼamu no!”
My lord, hearken to me: the land is worth four hundred shekels of silver; what is that between me and thee? bury therefore thy dead.
16 Abraham penee Efron asɛm no so. Ɔkarii dwetɛ kilogram ɛnan ne fa a ɛyɛ asase no boɔ de maa Efron. Saa ara na na adwadifoɔ tɔn asase wɔ Hetifoɔ ɔman mu, na Hetifoɔ mpanimfoɔ no dii dwumadie no ho adanseɛ.
And Abraham hearkened to Ephron; and Abraham weighed to Ephron the silver, which he had named in the presence of the sons of Heth, four hundred shekels of silver, current money with the merchant.
17 Enti, wɔde Efron asase a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ, a ɛyɛ afuo no, ɔboda a ɛwɔ mu no, nnua a ɛwɔ afuo no mu ne nʼahyeɛ so nyinaa maa
And the field of Ephron, which was in Machpelah, which was before Mamre, the field, and the cave which was in it, and all the trees that were in the field, that were in all the surrounding borders, were made sure
18 Abraham sɛ nʼagyapadeɛ. Yei nyinaa sii wɔ Hetifoɔ no ne wɔn a wɔbaa kuro no ɛpono no ano nyinaa anim.
To Abraham for a possession in the presence of the children of Heth, before all that entered the gate of his city.
19 Afei, Abraham siee ne yere Sara wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela afuo a ɛbɛn Mamrɛ a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no mu.
And after this, Abraham buried Sarah his wife in the cave of the field of Machpelah before Mamre: the same is Hebron in the land of Canaan.
20 Enti, Hetifoɔ no yɛɛ nhyehyɛeɛ de afuo no ne ɔboda a ɛwɔ mu no maa Abraham sɛ, nʼagyapadeɛ ne nʼamusieeɛ.
And the field, and the cave that is in it, were made sure to Abraham for a possession of a buryingplace by the sons of Heth.

< 1 Mose 23 >