< 1 Mose 22 >

1 Yeinom nyinaa akyiri, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛeɛ. Ɔfrɛɛ Abraham sɛ, “Abraham!” Abraham buaa sɛ, “Me nie!”
ויהי אחר הדברים האלה והאלהים נסה את אברהם ויאמר אליו אברהם ויאמר הנני
2 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo ba, wo ba korɔ Isak a wodɔ no no kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ mmepɔ a ɛwɔ hɔ no mu baako a mɛkyerɛ wo no so.”
ויאמר קח נא את בנך את יחידך אשר אהבת את יצחק ולך לך אל ארץ המריה והעלהו שם לעלה על אחד ההרים אשר אמר אליך
3 Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafunumu. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Ɔtwitwaa egya a ɛbɛso ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔsiim kɔɔ baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no.
וישכם אברהם בבקר ויחבש את חמרו ויקח את שני נעריו אתו ואת יצחק בנו ויבקע עצי עלה ויקם וילך אל המקום אשר אמר לו האלהים
4 Ne nnansa so no, Abraham too nʼani hunuu sɛ baabi a ɔrekɔ no wɔ akyirikyiri.
ביום השלישי וישא אברהם את עיניו וירא את המקום--מרחק
5 Na Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, “Mo ne afunumu no ntwɛn ha, na me ne abarimaa no nkɔ animu kakra, nkɔsom. Sɛ yɛsom wie a, yɛbɛsane aba.”
ויאמר אברהם אל נעריו שבו לכם פה עם החמור ואני והנער נלכה עד כה ונשתחוה ונשובה אליכם
6 Abraham faa anyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no de soaa ne ba Isak. Ɛnna ɔno nso faa egya ne sekammoa kuraeɛ. Ɛberɛ a wɔrekɔ no,
ויקח אברהם את עצי העלה וישם על יצחק בנו ויקח בידו את האש ואת המאכלת וילכו שניהם יחדו
7 Isak frɛɛ nʼagya Abraham sɛ, “Agya!” Ɛnna Abraham buaa sɛ, “Me ba, asɛm bɛn?” Isak bisaa no sɛ, “Egya ne anyina no nie, na odwammaa a yɛde no rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ he?”
ויאמר יצחק אל אברהם אביו ויאמר אבי ויאמר הנני בני ויאמר הנה האש והעצים ואיה השה לעלה
8 Abraham buaa sɛ, “Onyankopɔn no ankasa bɛma yɛn afɔredwan a yɛde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.” Afei, wɔn baanu no toaa so kɔeɛ.
ויאמר אברהם אלהים יראה לו השה לעלה בני וילכו שניהם יחדו
9 Wɔbɛduruu baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔrebukyia wɔ hɔ, hyehyɛɛ anyina no wɔ so. Ɔkyekyeree ne ba Isak, de no too anyina no so wɔ afɔrebukyia no so.
ויבאו אל המקום אשר אמר לו האלהים ויבן שם אברהם את המזבח ויערך את העצים ויעקד את יצחק בנו וישם אתו על המזבח ממעל לעצים
10 Abraham twee sekammoa no, pagyaa sɛ ɔde rebɛtwa ne ba no mene akum no.
וישלח אברהם את ידו ויקח את המאכלת לשחט את בנו
11 Ɛhɔ ara na Awurade ɔbɔfoɔ frɛɛ no firi soro sɛ, “Abraham! Abraham!” Ɛnna Abraham gyee so sɛ, “Me nie.”
ויקרא אליו מלאך יהוה מן השמים ויאמר אברהם אברהם ויאמר הנני
12 Awurade ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Mfa wo nsa nka abɔfra no. Ɛnyɛ no bɔne biara. Esiane sɛ woamfa wo dɔ ba, wo ba korɔ no ankame me no enti, mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn.”
ויאמר אל תשלח ידך אל הנער ואל תעש לו מאומה כי עתה ידעתי כי ירא אלהים אתה ולא חשכת את בנך את יחידך ממני
13 Abraham maa nʼani so hunuu sɛ nkyɛkyerɛ bi asɔ odwennini bi mmɛn mu wɔ wira no mu hɔ. Abraham kɔkyeree odwennini no de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so, sii ne ba no ananmu.
וישא אברהם את עיניו וירא והנה איל אחר נאחז בסבך בקרניו וילך אברהם ויקח את האיל ויעלהו לעלה תחת בנו
14 Abraham too beaeɛ no din sɛ Awurade De Bɛma. Ɛbɛsi ɛnnɛ no wɔka sɛ, “wɔde bɛma wɔ Awurade bepɔ no so.”
ויקרא אברהם שם המקום ההוא יהוה יראה אשר יאמר היום בהר יהוה יראה
15 Awurade ɔbɔfoɔ no frɛɛ Abraham firii soro deɛ ɛtɔ so mmienu kaa sɛ,
ויקרא מלאך יהוה אל אברהם שנית מן השמים
16 “Maka me ho ntam sɛ, ɛsiane sɛ woayɛ yei, na woamfa wo ba, wo ba korɔ no ankame me enti,
ויאמר בי נשבעתי נאם יהוה כי יען אשר עשית את הדבר הזה ולא חשכת את בנך את יחידך
17 hyira na mɛhyira wo na mama wʼase adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na wʼasefoɔ bɛgye wɔn atamfoɔ nkuropɔn adi so.
כי ברך אברכך והרבה ארבה את זרעך ככוכבי השמים וכחול אשר על שפת הים וירש זרעך את שער איביו
18 Wɔnam wʼasefoɔ so na wɔbɛhyira ewiase amanaman nyinaa, ɛfiri sɛ, woadi mʼasɛm so.”
והתברכו בזרעך כל גויי הארץ עקב אשר שמעת בקלי
19 Afei, Abraham sane kɔɔ nʼasomfoɔ no nkyɛn ne wɔn siim kɔɔ Beer-Seba kɔtenaa hɔ.
וישב אברהם אל נעריו ויקמו וילכו יחדו אל באר שבע וישב אברהם בבאר שבע
20 Yeinom nyinaa akyiri no, wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Milka nso yɛ ɔbaatan a wawo mmammarima ama wo nuabarima Nahor. Wɔn din na ɛdidi so yi:
ויהי אחרי הדברים האלה ויגד לאברהם לאמר הנה ילדה מלכה גם הוא בנים--לנחור אחיך
21 Us yɛ abakan, Us nuabarima Bus na ɔtɔ so mmienu. Deɛ ɔdi so ne Kemuel, a ɔyɛ Aram agya.
את עוץ בכרו ואת בוז אחיו ואת קמואל אבי ארם
22 Wɔn a wɔaka no ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf ne Betuel.”
ואת כשד ואת חזו ואת פלדש ואת ידלף ואת בתואל
23 Saa Betuel yi na ɔwoo Rebeka. Milka ne Abraham nua Nahor na wɔwowoo saa mmammarima baawɔtwe yi.
ובתואל ילד את רבקה שמנה אלה ילדה מלכה לנחור אחי אברהם
24 Nahor ne ne mpena Rehuma nso wowoo mma baanan a wɔn din de, Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.
ופילגשו ושמה ראומה ותלד גם הוא את טבח ואת גחם ואת תחש ואת מעכה

< 1 Mose 22 >