< 1 Mose 20 >

1 Afei, Abraham tu firii hɔ kɔɔ anafoɔ mantam asase bi a wɔfrɛ no Negeb kɔtenaa nkuro Kades ne Sur ntam. Ɔtenaa Gerar kakra.
Afei, Abraham tu fii hɔ kɔɔ anafo mantam asase bi a wɔfrɛ no Negeb kɔtenaa nkurow Kades ne Sur ntam. Ɔtenaa Gerar kakra.
2 Abraham maa nnipa no tee aseɛ sɛ, Sara yɛ ne nuabaa. Enti, Gerarhene Abimelek soma kɔfaa Sara baa nʼahemfie.
Abraham maa nnipa no tee ase sɛ, Sara yɛ ne nuabea. Enti, Gerarhene Abimelek soma kɔfaa Sara baa nʼahemfi.
3 Nanso, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wosɛ owuo, ɛfiri sɛ, ɔbaa a woakɔfa no no yɛ obi yere.”
Nanso Onyankopɔn soo Abimelek dae, ka kyerɛɛ no se, “Wosɛ owu, efisɛ ɔbea a woakɔfa no no yɛ obi yere.”
4 Nanso, na Abimelek nnya ne Sara nnaeɛ, enti ɔkaa sɛ, “Awurade, enti wobɛsɛe onipa a ɔnyɛɛ bɔne bi?
Nanso na Abimelek nnya ne Sara nnae, enti ɔkae se, “Awurade, enti wobɛsɛe onipa a ɔnyɛɛ bɔne bi?
5 Abraham ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa.’ Na Sara no nso kaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabarima.’ Enti mede adwenem fann ne akoma mu teɛ na meyɛɛ deɛ meyɛeɛ no.”
Abraham ka kyerɛɛ me se, ‘Ɔyɛ me nuabea.’ Na Sara no nso kae se, ‘Ɔyɛ me nuabarima.’ Enti mede adwene mu fann ne koma mu tew na ɛyɛɛ nea meyɛe no.”
6 Afei, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ bio ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, wode adwenem fann ne akoma mu teɛ na ɛyɛɛ deɛ woyɛeɛ no; ɛno enti, mamma woanyɛ bɔne antia me. Ɛno enti na mamma woamfa wo ho anka no no.
Na Onyankopɔn soo Abimelek dae bio ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ nokware turodoo sɛ, wode adwene mu fann ne koma mu tew na ɛyɛɛ nea woyɛe no; ɛno nti, mamma woanyɛ bɔne antia me. Ɛno nti na mamma woamfa wo ho anka no no.
7 Ne saa enti sane fa ɔbarima no yere no kɔma no, ɛfiri sɛ, saa ɔbarima no yɛ odiyifoɔ a ɔbɛtumi abɔ mpaeɛ ama wo, ama woatena. Na sɛ woansane amfa no ankɔma no a, hunu sɛ, wo ne wʼasefoɔ nyinaa bɛwuwu.”
Ne saa nti san fa ɔbarima no yere no kɔma no, efisɛ saa ɔbarima no yɛ odiyifo a obetumi abɔ mpae ama wo ama woatena. Na sɛ woansan amfa no ankɔma no a, hu sɛ, wo ne wʼasefo nyinaa bewuwu.”
8 Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ntɛm ara, Abimelek frɛɛ ne mpanimfoɔ nyinaa bɔɔ wɔn nsɛm a asisie no ho amaneɛ. Na wɔsuroo yie.
Ade kyee anɔpatutuutu no, Abimelek frɛɛ ne mpanyimfo nyinaa bɔɔ wɔn nsɛm a asisi no ho amanneɛ. Na wosuroo yiye.
9 Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me ɔman so yi? Adeɛ a wode ayɛ me yi nyɛ adeɛ a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ me.”
Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no se, “Dɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛse a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me man so yi? Ade a wode ayɛ me yi nyɛ ade a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ me.”
10 Afei, Abimelek bisaa Abraham sɛ, “Ɛdeɛn adwene na ɛkaa wo a ɛmaa woyɛɛ saa?”
Afei, Abimelek bisaa Abraham se, “Dɛn adwene na ɛkaa wo a ɛma woyɛɛ saa?”
11 Abraham buaa sɛ, “Mesusuu sɛ, nokorɛm, Onyankopɔn biara nni mo mu, ne saa enti, me yere enti, mobɛtumi akum me.
Abraham buae se, “Misusuwii sɛ nokware, Onyankopɔn biara nni mo mu, na me yere nti, mubekum me.
12 Yei akyiri no, ampa ara, ɔyɛ me nuabaa. Yɛfiri agya korɔ. Yɛmfiri ɛna korɔ. Ɛno enti na mewaree no no.
Eyi akyi no, ampa ara, ɔyɛ me nuabea. Yefi agya koro na yemfi ɛna koro. Ɛno nti na mewaree no no.
13 Na ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ me Abraham sɛ, mentu mfiri mʼagya fie nkɔ asase a ɔbɛkyerɛ me so no, me nso, meka kyerɛɛ Sara sɛ, ‘Adɔeɛ a ɛsɛ sɛ woyɛ me nie: baabiara a yɛbɛduru no, ka sɛ, meyɛ wo nuabarima.’”
Na bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ me Abraham se mintu mfi mʼagya fi nkɔ asase a ɔbɛkyerɛ me so no. Me nso, meka kyerɛɛ Sara se, ‘Adɔe a ɛsɛ sɛ woyɛ me ni: baabiara a yebedu no, ka se meyɛ wo nuabarima.’”
14 Enti, Abimelek de nnwan, anantwie, nkoa ne mfenaa brɛɛ Abraham. Na ɔde ne yere Sara sane brɛɛ no.
Enti Abimelek de nguan, anantwi, nkoa ne mfenaa brɛɛ Abraham. Na ɔde ne yere Sara san brɛɛ no.
15 Abimelek kaa sɛ, “Mʼasasetam na ɛda wʼanim yi, ɛso baabiara a wopɛ sɛ wotena no, fa.”
Abimelek kae se, “Mʼasasetam na ɛda wʼanim yi, ɛso baabiara a wopɛ sɛ wotena no, fa.”
16 Abimelek ka kyerɛɛ Sara nso sɛ, “Mede dwetɛ kilogram dubaako ne fa rema wo nuabarima no. Yei ne mpatadeɛ a mede rema wo wɔ bɔne a wɔde too wo so no, wɔ wɔn a wɔka wo ho no nyinaa anim. Asodie biara nna wo so.”
Abimelek ka kyerɛɛ Sara nso se, “Mede dwetɛ kilogram dubaako ne fa rema wo nuabarima no. Eyi ne mpata a mede rema wo wɔ bɔne a wɔde too wo so no, wɔ wɔn a wɔka wo ho no nyinaa anim. Asodi biara nna wo so.”
17 Enti, Abraham bɔɔ mpaeɛ, srɛɛ Onyankopɔn sɛ, ɔnsa ɔhene Abimelek, ɔhemmaa ne mfenaa a wɔwɔ efie hɔ yadeɛ, ma wɔnwo mma.
Enti Abraham bɔɔ mpae, srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnsa ɔhene Abimelek, ɔhemmea ne mfenaa a wɔwɔ fie hɔ no yare mma wɔnwo mma.
18 Esiane Abraham yere Sara enti, Awurade too Abimelek fiefoɔ nyinaa yafunu mu, de twee Abimelek aso.
Esiane Abraham yere Sara nti, Awurade too Abimelek fifo nyinaa yafunu mu de twee Abimelek aso.

< 1 Mose 20 >