< 1 Mose 18 >
1 Awia ketee bi a Abraham te ne ntomadan a ɛwɔ Mamrɛ odum kwaeɛ ɛkwan ano no, Awurade yii ne ho adi bio kyerɛɛ no.
Now the Lord came to him by the holy tree of Mamre, when he was seated in the doorway of his tent in the middle of the day;
2 Abraham maa nʼani so no, ɔhunuu sɛ mmarima baasa bi apue ne ntentenesoɔ. Ɔhunuu wɔn no, ɔtuu mmirika firii ne ntomadan no kwan ano kɔhyiaa wɔn, kotoo wɔn.
And lifting up his eyes, he saw three men before him; and seeing them, he went quickly to them from the door of the tent, and went down on his face to the earth;
3 Abraham kaa sɛ, “Me wura, sɛ manya adom wɔ wʼanim a, ntwa me a meyɛ wʼakoa ho nkɔ.
And said, My Lord, if now I have grace in your eyes, do not go away from your servant:
4 Momma wɔmfa nsuo bi mmrɛ mo nhohoro mo nan ase, na monhome wɔ nnua yi ase kakra.
Let me get water for washing your feet, and take your rest under the tree:
5 Moaba mo akoa nkyɛn yi, momma mempɛ aduane kakra bi mma monka mo ano, na monnya ahoɔden nkɔ mo kwan.” Nnipa no penee so kaa sɛ, “Ɛyɛ, yɛ deɛ wopɛ sɛ woyɛ.”
And let me get a bit of bread to keep up your strength, and after that you may go on your way: for this is why you have come to your servant. And they said, Let it be so.
6 Enti, Abraham de ahoɔherɛ kɔɔ ne yere Sara nkyɛn wɔ ntomadan no mu, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka wo ho fa asikyiresiam pa susukora mmiɛnsa, na fɔtɔ na fa to burodo.”
Then Abraham went quickly into the tent, and said to Sarah, Get three measures of meal straight away and make cakes.
7 Afei, Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ nʼanantwibuo no mu, kɔkyeree nantwie ba a ɔyɛ na wadɔre sradeɛ de no maa ne ɔsomfoɔ, ma ɔde ahoɔherɛ yɛɛ ne ho adwuma.
And running to the herd, he took a young ox, soft and fat, and gave it to the servant and he quickly made it ready;
8 Afei, ɔfaa nufosuo ani sradeɛ ne nufosuo ne nantwie ba a ɔde anoa aduane no, de too nnipa baasa no ɛpono. Ɛberɛ a nnipa no gu so redidie no, na ɔgyina wɔn nkyɛn wɔ nnua no ase.
And he took butter and milk and the young ox which he had made ready and put it before them, waiting by them under the tree while they took food.
9 Nnipa no bisaa Abraham sɛ, “Wo yere Sara wɔ he?” Abraham buaa wɔn sɛ, “Ɔwɔ ntomadan no mu.”
And they said to him, Where is Sarah your wife? And he said, She is in the tent.
10 Afei, Awurade kaa sɛ, “Deɛ ɛbɛyɛ biara, afe sɛsɛɛ mɛba wo nkyɛn, na mɛba no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.” Saa ɛberɛ no, na Sara gyina ntomadan no ɛpono akyiri, retie nkɔmmɔ no.
And he said, I will certainly come back to you in the spring, and Sarah your wife will have a son. And his words came to the ears of Sarah who was at the back of the tent-door.
11 Na Abraham ne Sara nyinaa anyinyini yie a wɔn mfeɛ akɔ animu koraa enti, na Sara awoɔ apa ho.
Now Abraham and Sarah were very old, and Sarah was past the time for giving birth.
12 Sara tee asɛm no, ɔseree ne tirim, kaa sɛ, “Manya awie aberewabɔ, na me kunu nso abɔ akɔkoraa yi, ɛbɛyɛ sɛn na manya saa anigyedeɛ yi?”
And Sarah, laughing to herself, said, Now that I am used up am I still to have pleasure, my husband himself being old?
13 Enti, Awurade bisaa Abraham sɛ, “Adɛn enti na Sara sere bisaa sɛ, ‘Ampa ara sɛ manyini aduru seyie yi, mɛtumi awo ba?’
And the Lord said, Why was Sarah laughing and saying, Is it possible for me, being old, to give birth to a child?
14 Biribi boro Awurade ahoɔden so sɛ ɔbɛyɛ? Afe sɛsɛɛ a mɛsane aba sɛdeɛ mahyɛ wo ho bɔ no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.”
Is there any wonder which the Lord is not able to do? At the time I said, in the spring, I will come back to you, and Sarah will have a child.
15 Na Sara suro enti, ɔtwaa atorɔ sɛ, “Mansere.” Nanso, Onyankopɔn kaa sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ wosereeɛ.”
Then Sarah said, I was not laughing; for she was full of fear. And he said, No, but you were laughing.
16 Mmarima no kraa sɛ wɔrekɔ no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Abraham kɔgyaa wɔn kwan.
And the men went on from there in the direction of Sodom; and Abraham went with them on their way.
17 Afei, Awurade kaa sɛ, “Adeɛ a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ no, memfa nsie Abraham anaa?
And the Lord said, Am I to keep back from Abraham the knowledge of what I do;
18 Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ Abraham bɛyɛ ɔman kɛseɛ a ɛwɔ tumi. Na ɛnam Abraham so na wɔbɛhyira amanaman a ɛwɔ asase so nyinaa.
Seeing that Abraham will certainly become a great and strong nation, and his name will be used by all the nations of the earth as a blessing?
19 Ɛfiri sɛ, mapa Abraham sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma ne ne fiefoɔ Awurade kwan. Na wɔayɛ ade pa ne ade tenenee a ɛsɔ Awurade ani. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no bɛba mu.”
For I have made him mine so that he may give orders to his children and those of his line after him, to keep the ways of the Lord, to do what is good and right: so that the Lord may do to Abraham as he has said.
20 Afei, Awurade kaa sɛ, “Mate nnebɔne a ɛyɛ duru a ɛrekɔ so wɔ Sodom ne Gomora no.
And the Lord said, Because the outcry against Sodom and Gomorrah is very great, and their sin is very evil,
21 Mɛkɔ hɔ makɔhwɛ sɛ, deɛ wɔyɛ no yɛ bɔne a ɛyɛ duru, sɛdeɛ mate no anaa. Sɛ ɛnte saa nso a, mɛhunu.”
I will go down now, and see if their acts are as bad as they seem from the outcry which has come to me; and if they are not, I will see.
22 Na mmarima baasa no mu baanu danee wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Nanso, Abraham deɛ, na ɔda so gyina Awurade anim.
And the men, turning from that place, went on to Sodom: but Abraham was still waiting before the Lord.
23 Afei, Abraham twe bɛn Onyankopɔn bisaa no sɛ, “Wobɛsɛe nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ nyinaa afra anaa?
And Abraham came near, and said, Will you let destruction come on the upright with the sinners?
24 Na sɛ nnipa tenenee aduonum wɔ kuro no mu a wobɛsɛe kuro no a worenhwɛ saa nnipa tenenee aduonum no ho nnyae kuro no sɛeɛ?
If by chance there are fifty upright men in the town, will you give the place to destruction and not have mercy on it because of the fifty upright men?
25 Ɛmpare wo sɛ wobɛyɛ saa, sɛ wobɛkum nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ afra, de asotwe korɔ no ara bɛma nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ. Ɛmpare wo! Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?”
Let such a thing be far from you, to put the upright to death with the sinner: will not the judge of all the earth do right?
26 Na Awurade kaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduonum wɔ Sodom kuro no mu a, wɔn enti, merensɛe kuro no.”
And the Lord said, If there are fifty upright men in the town, I will have mercy on it because of them.
27 Na Abraham bisaa sɛ, “Afei, me a meyɛ nsõ ne dɔteɛ a mensɛ hwee, nanso masi me bo ne Awurade akasa yi,
And Abraham answering said, Truly, I who am only dust, have undertaken to put my thoughts before the Lord:
28 sɛ ɛba sɛ nnipa tenenee no dodoɔ yɛ aduanan enum nso ɛ? Esiane saa nnipa enum a wɔafiri nnipa tenenee aduonum no so ama aka nnipa tenenee aduanan enum no enti, wobɛsɛe kuro mu no nyinaa anaa?” Onyankopɔn buaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduanan enum wɔ kuro no mu a, merensɛe no.”
If by chance there are five less than fifty upright men, will you give up all the town to destruction because of these five? And he said, I will not give it to destruction if there are forty-five.
29 Abraham toaa nʼadebisa no so sɛ, “Sɛ ɛba sɛ, nnipa tenenee aduanan pɛ na wɔwɔ kuro no mu ɛ?” Na Awurade buaa Abraham sɛ, “Nnipa tenenee aduanan no enti, merensɛe kuro no.”
And again he said to him, By chance there may be forty there. And he said, I will not do it if there are forty.
30 Abraham kɔɔ so srɛɛ bio sɛ, “Mesrɛ wo, Awurade, mma wo bo mfu me, ma menkasa. Sɛ ɛba sɛ nnipa tenenee aduasa na wɔwɔ kuro no mu nso ɛ?” Awurade buaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduasa a, merensɛe kuro no.”
And he said, Let not the Lord be angry with me if I say, What if there are thirty there? And he said, I will not do it if there are thirty.
31 Afei, Abraham bisaa sɛ, “Masi me bo ne Awurade akasa yi, ɛba sɛ nnipa tenenee aduonu pɛ na wɔwɔ kuro no mu ɛ?” Onyankopɔn buaa sɛ, “Saa nnipa tenenee aduonu no enti, merensɛe kuro no.”
And he said, See now, I have undertaken to put my thoughts before the Lord: what if there are twenty there? And he said, I will have mercy because of the twenty.
32 Abraham kɔɔ so bisaa sɛ, “Ao, Awurade, mma wo bo mfu me; ma memmisa mʼasɛm baako pɛ a ɛtwa toɔ. Sɛ ɛba sɛ, nnipa tenenee edu na wɔwɔ kuro no mu nso ɛ?” Awurade buaa sɛ, “Saa nnipa tenenee edu no enti, merensɛe kuro no.”
And he said, O let not the Lord be angry and I will say only one word more: by chance there may be ten there. And he said, I will have mercy because of the ten.
33 Ɛberɛ a Awurade ne Abraham kasa wieeɛ no, ɔgyaa Abraham hɔ kɔeɛ. Abraham nso sane kɔɔ nʼatenaeɛm.
And the Lord went on his way when his talk with Abraham was ended, and Abraham went back to his place.