< 1 Mose 16 >

1 Saa ɛberɛ yi, na Sarai nwoo ɔba mmaa Abram. Na ɔwɔ Misraimni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar;
Now Abram’s wife Sarai had borne him no children, but she had an Egyptian maidservant named Hagar.
2 enti Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Wo ara wonim sɛ Awurade ama mayɛ obonini; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.” Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so.
So Sarai said to Abram, “Look now, the LORD has prevented me from bearing children. Please go to my maidservant; perhaps I can build a family by her.” And Abram listened to the voice of Sarai.
3 Abram tenaa Kanaan asase so mfeɛ edu akyiri no, ne yere Sarai de Misraimni abaawa Hagar no kɔmaa ne kunu no sɛ, ɔnware no.
So after he had lived in Canaan for ten years, his wife Sarai took her Egyptian maidservant Hagar and gave her to Abram to be his wife.
4 Abram ne Hagar daeɛ, na ɔnyinsɛneeɛ. Ɛberɛ a Hagar hunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔhyɛɛ aseɛ buu nʼawuraa Sarai animtia.
And he slept with Hagar, and she conceived. But when Hagar realized that she was pregnant, she began to despise her mistress.
5 Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa firi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahunu sɛ wanyinsɛn no enti, ɔtiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn.”
Then Sarai said to Abram, “May the wrong done to me be upon you! I delivered my servant into your arms, and ever since she saw that she was pregnant, she has treated me with contempt. May the LORD judge between you and me.”
6 Nanso, Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ, “Ɔyɛ wʼabaawa. Deɛ wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, Sarai tanee nʼabaawa Hagar ani, ma ɔdwane firii ne nkyɛn.
“Here,” said Abram, “your servant is in your hands. Do whatever you want with her.” Then Sarai treated Hagar so harshly that she fled from her.
7 Awurade ɔbɔfoɔ hunuu Hagar wɔ nsuo aniwa bi ho wɔ ɛserɛ no so. Na saa nsuo aniwa no da ɛkwan a ɛkɔ kuro bi a wɔfrɛ no Sur no nkyɛn.
Now the angel of the LORD found Hagar by a spring of water in the desert—the spring along the road to Shur.
8 Ɔbɔfoɔ no bisaa Hagar sɛ, “Sarai abaawa Hagar, wofiri he, na worekɔ he?” Hagar buaa no sɛ, “Meredwane afiri mʼawuraa Sarai nkyɛn.”
“Hagar, servant of Sarai,” he said, “where have you come from, and where are you going?” “I am running away from my mistress Sarai,” she replied.
9 Na Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Hagar sɛ, “Sane kɔ wʼawuraa no nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.”
So the angel of the LORD told her, “Return to your mistress and submit to her authority.”
10 Ɔbɔfoɔ no ka kaa ho sɛ, “Mɛma wʼase afɛe a, wɔkan a, ɛnyɛ yie.”
Then the angel added, “I will greatly multiply your offspring so that they will be too numerous to count.”
11 Awurade ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Hagar sɛ, “Woanyinsɛn, na wobɛwo ɔbabarima. Wobɛto no edin Ismael, ɛfiri sɛ, Awurade ate wʼamanehunu.
The angel of the LORD proceeded: “Behold, you have conceived and will bear a son. And you shall name him Ishmael, for the LORD has heard your cry of affliction.
12 Ɔbɛyɛ sɛ ɛserɛ so afunumu. Ɔbɛtia nnipa nyinaa, na nnipa nyinaa nso bɛtia no; atutupɛ so na ɔne ne nuanom bɛtena.”
He will be a wild donkey of a man, and his hand will be against everyone, and everyone’s hand against him; he will live in hostility toward all his brothers.”
13 Yei akyiri ɔde edin foforɔ maa Awurade. Ɔkaa sɛ, “Mahunu Deɛ ɔhunu me.” Ɛno enti, ɔde edin El-Roi a aseɛ ne “Onyankopɔn a ɔhunu me” no, too no.
So Hagar gave this name to the LORD who had spoken to her: “You are the God who sees me,” for she said, “Here I have seen the One who sees me!”
14 Ɛno enti na wɔfrɛ nsuo aniwa no sɛ Beer-Lahai-Roi a aseɛ ne “Onyankopɔn Teasefoɔ a ɔhunu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam bɛsi ɛnnɛ.
Therefore the well was called Beer-lahai-roi. It is located between Kadesh and Bered.
15 Enti Hagar woo ɔbabarima maa Abram. Abram too abɔfra no edin Ismael.
And Hagar bore Abram a son, and Abram gave the name Ishmael to the son she had borne.
16 Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfeɛ aduɔwɔtwe nsia.
Abram was eighty-six years old when Hagar bore Ishmael to him.

< 1 Mose 16 >