< 1 Mose 10 >
1 Yeinom ne Noa mmammarima: Wɔn ne Sem, Ham ne Yafet asefoɔ. Wɔwowoo mmammarima nsuyire no akyiri.
Now these are the generations of the sons of Noah: Shem, Ham, and Japheth; and unto them were sons born after the flood.
2 Yafet asefoɔ nie: Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.
The sons of Japheth: Gomer, and Magog, and Madai and Javan, and Tubal, and Meshech, and Tirass.
3 Gomer asefoɔ nie: Askenas, Rifat ne Togarma.
And the sons of Gomer: Ashkenaz, Riphath, and Togarmah.
4 Yawan asefoɔ nie: Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.
And Javan's sons: Elishah, Tarshish, Kittim, and Dodanim.
5 Na wɔn asefoɔ bɛyɛɛ ɛpo so adwumayɛfoɔ wɔ nsase ahodoɔ so a na abusuakuo biara ka ne kasa nko.
From these were separated the isles of the nations in their lands, every one after his tongue: after their families, in their nations.
6 Ham asefoɔ nie: Kus, Misraim, Put ne Kanaan.
And the sons of Ham: Cush and Mizrayim, Put and Canaan.
7 Kus asefoɔ nie: Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefoɔ nso ne: Saba ne Dedan.
And the sons of Cush: Seba and Havilah, Sabtah and Raamah, and Sabtecha; and the sons of Raamah: Sheba and Dedan.
8 Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ wɔ asase so.
And Cush begat Nimrod; he began to be a mighty man on the earth.
9 Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokoɔdurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no no ho.
He was a mighty hunter before the Lord: wherefore it is said, Even as Nimrod, a mighty hunter before the Lord.
10 Nʼahennie hyɛɛ aseɛ wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a, ne nyinaa wɔ Sinear asase so.
And the beginning of his kingdom was Babel, and Erech, and Accad, and Calneh, in the land of Shinar.
11 Ɔfirii saa asase no so trɛɛ nʼahennie mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne
Out of that land went forth Asshur, and built Nineveh, and the city of Rechoboth, and Calach.
12 Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kuro kɛseɛ wɔ saa ahemman no mu.
And Ressen between Nineveh and Calach: the same is the great city.
13 Na Misraim woo Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ,
And Mizrayim begat the Ludim, and Anamim, and Lehabim, and Naphtuchim.
14 Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔyɛ Filistifoɔ agyanom.
And the Pethrussim, and Casluchin, [out of whom came the Pelishtim, ] and the Caphtorim.
15 Na Kanaan woo nʼabakan Sidon ne Het.
And Canaan begat Sidon his first-born, and Heth,
16 Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ,
And the Jebusite, and the Emorite, and the Girgashite,
17 Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ,
And the Hivite, and the Arkite, and the Sinite,
18 Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ. Akyire yi, Kanaanfoɔ mmusua no peteeɛ.
And the Arvadite, and the Zemarite, and the Hamathite; and afterward were the families of the Canaanites spread abroad.
19 Kanaan nsase ahyeɛ trɛ firii Sidon kɔduruu Gerar de kɔsii Gasa kɔduruu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kɔsi Lasa.
And the border of the Canaanites was from Sidon, as thou comest to Gerar, unto Gazzah; as thou goest unto Sodom and Gomorrah, and Admah, and Zeboyim, even unto Lesha.
20 Yeinom ne Ham asefoɔ a wɔn mmusuakuo, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi.
These are the sons of Ham, after their families, after their tongues, in their countries, in their nations.
21 Sem a na ne nua panin ne Yafet no nso woo mmammarima. Sem nananom ne Eber mma.
But unto Shem also, the father of all the children of Eber, the brother of Japheth the elder, were children born.
22 Sem asefoɔ nie: Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.
The sons of Shem: Elam, and Asshur, and Arpachshad, and Lud, and Aram.
23 Aram asefoɔ nie: Us, Hul, Geter ne Mas.
And the children of Aram: Uz, and Hul, and Gether, and Mash.
24 Na Arfaksad woo Sela, ɛnna Sela woo Eber.
And Arpachshad begat Shelach; and Shelach begat Eber.
25 Eber woo mmammarima baanu. Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.
And unto Eber were born two sons; the name of one was Peleg, for in his days was the earth divided; and his brother's name was Joktan.
26 Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera,
And Joktan begat Almodad, and Sheleph, and Hazarmaveth, and Jerach,
And Hadoram, and Uzal, and Diklah,
And Obal, and Abimael, and Sheba.
29 Ofir, Hawila ne Yobab.
And Ophir, and Havilah, and Jobab; all these were the sons of Joktan.
30 Asase a wɔte so no trɛ firi Mesa kɔsi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔ so wɔ apueeɛ fam no.
And their dwelling was from Mesha, as thou goest unto Sephar, the mount of the east.
31 Yeinom ne Sem mmammarima, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no.
These are the sons of Shem, after their families, after their tongues, in their lands, after their nations.
32 Yeinom ne Noa mmammarima mmusua, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ te wɔ wɔn amanaman mu. Na ɛfiri yeinom mu na nsuyire no akyiri amanaman petee asase so.
These are the families of the sons of Noah, after their generations, in their nations; and from these were the nations separated on the earth after the flood.