< Galatifoɔ 6 >

1 Anuanom, sɛ obi kɔtɔ bɔne mu a, ɛsɛ sɛ mo a moyɛ honhom mufoɔ no fa ɔdwoɔ ɛkwan so tene no. Nanso, monhwɛ wie na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ.
BRETHREN, if a man also be surprised into any act of offence, ye that are spiritual, replace such a one in the spirit of meekness; keeping an attentive eye on thyself, lest thou also be tempted.
2 Monsoa mo ho mo ho nnesoa. Sɛ moyɛ saa a, modi Kristo mmara no so.
Bear ye one another’s burdens, and so fulfil the law of Christ.
3 Sɛ obi dwene sɛ ɔyɛ otitire a ɛnso ɔnsɛ hwee a, na ɔdaadaa ne ho.
For if any man conceits that he is something when he is nothing, he deceiveth himself.
4 Yɛ wʼadwuma yie na woanya biribi agyina so de ahoahoa wo ho. Na mfa wo ho ntoto afoforɔ ho;
But let every man bring his own work to the test, and then shall he have glorying in himself alone, and not by comparison with another.
5 ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ obiara soa nʼadesoa.
For every man shall bear his own burden.
6 Wone deɛ ɔkyerɛkyerɛ wo Onyankopɔn Asɛm no nkyɛ adepa biara a wowɔ.
Let him who is a learner of the word communicate to his instructor in all good things.
7 Monnnaadaa mo ho; obiara rentumi nsi Onyankopɔn atwetweɛ. Deɛ onipa dua no, ɛno ara na ɔtwa.
Be not deceived; God is not to be trifled with: for whatsoever a man soweth, that shall he also reap.
8 Sɛ modi mo akɔnnɔ bɔne akyi a, mobɛkɔ ɔsɛeɛ mu, nanso sɛ monante Honhom mu a, mobɛnya daa nkwa. (aiōnios g166)
For he that soweth unto his flesh, shall of the flesh reap corruption, and he that soweth to the Spirit, shall of the Spirit reap life everlasting. (aiōnios g166)
9 Ne saa enti, mommma yɛmmmrɛ papayɛ ho, ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛsɛ mu no, sɛ yɛampa aba a yɛbɛtwa nnɔbaeɛ no.
Let us not then be weary of well-doing; for in due time we shall reap, if we faint not.
10 Enti, mmerɛ dodoɔ a yɛwɔ akwannya no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ obiara papa, ne titire no, wɔn a yɛne wɔn bɔ agyidifoɔ abusua.
Well then, whilst we have opportunity, let us do good unto all men, but especially unto those who are of the household of faith.
11 Monhwɛ atwerɛ akɛseɛ a mede mʼankasa me nsa matwerɛ abrɛ mo.
Ye see in how many words I have written unto you with my own hand.
12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhoahoa wɔn ho no ara na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ mo ma motwitwa twetia. Deɛ enti a wɔyɛ yei ne sɛ, wɔmpɛ sɛ Kristo asɛnnua no enti wɔtaa wɔn.
As many as wish to make a fair appearance in the flesh, they compel you to be circumcised, only that they may not suffer persecution for the cross of Christ.
13 Wɔn a wɔtwa twetia no mpo nni Mmara no so. Pɛ ara na wɔpɛ sɛ wɔtwa mo twetia sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi de mo ahoahoa wɔn ho sɛ wɔn akyidifoɔ.
For even they who are themselves circumcised do not keep the law, but desire you to be circumcised, that they may glory in your flesh.
14 Nanso, me deɛ, Awurade Yesu Kristo asɛnnua no nko ara na mede bɛhoahoa me ho; nʼasɛnnua no enti, deɛ mede hoahoa me ho wɔ ewiase no awu, na saa ara na deɛ ewiase de hoahoa ne ho wɔ me mu no nso awu.
But God forbid that I should glory, save in the cross of our Lord Jesus Christ, by whom the world is crucified unto me, and I unto the world,
15 Sɛ obi atwa twetia anaa ɔntwaa twetia no nka hwee. Deɛ ɛho hia ne abɔdeɛ foforɔ.
For in Christ Jesus neither circumcision availeth any thing, nor uncircumcision, but a new creation.
16 Onyankopɔn adɔeɛ ne nʼasomdwoeɛ nka wɔn a wɔdi saa nkyerɛkyerɛ yi so nyinaa; wɔn ne Onyankopɔn mu nnipa foforɔ.
And as many as shall walk after this rule, peace be upon them, and mercy, and upon the Israel of God.
17 Deɛ ɛtwa toɔ, obiara nha mʼadwene bio, ɛfiri sɛ, mewɔ ɔhonam ani etwã a ɛkyerɛ sɛ, meyɛ Yesu dea.
Henceforth let no man trouble me; for I bear the marks of our Lord Jesus Christ in my body.
18 Me nuanom, Awurade Yesu Kristo adom no nka mo nyinaa. Amen.
The grace of our Lord Jesus Christ be with your spirit, brethren. Amen. To the Galatians, written from Rome.

< Galatifoɔ 6 >