< Galatifoɔ 5 >
1 Ahofadie enti na Kristo ama yɛade yɛn ho no. Monnyina pintinn. Mommma ho ɛkwan mma wɔmmfa mo nnyɛ nkoa bio.
Christ has set us free in freedom; stand fast therefore, and be not held again in a yoke of bondage.
2 Montie! Me Paulo, meka mekyerɛ mo sɛ, sɛ moma ho ɛkwan ma wɔtwa mo twetia a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo ho amma mfasoɔ biara amma mo koraa.
Behold, I, Paul, say to you, that if ye are circumcised, Christ shall profit you nothing.
3 Mebɔ mo kɔkɔ bio sɛ obiara a ɔbɛma ho ɛkwan ama wɔatwa no twetia no, na ɛsɛ sɛ ɔdi Mmara no nyinaa so.
And I witness again to every man [who is] circumcised, that he is debtor to do the whole law.
4 Mo a mopɛ sɛ wɔde Mmara no bu mo bem no ate mo ho afiri Kristo ho. Adom no nni mo so bio.
Ye are deprived of all profit from the Christ as separated [from him], as many as are justified by law; ye have fallen from grace.
5 Nanso yɛfiri gyidie mu nam Honhom no so twɛne tenenee a yɛn ani da soɔ no.
For we, by [the] Spirit, on the principle of faith, await the hope of righteousness.
6 Kristo Yesu mu no, twetiatwa ne momonotoyɛ ho nni mfasoɔ. Deɛ ɛho hia ne gyidie a ɛnam ɔdɔ so da ne ho adi.
For in Christ Jesus neither circumcision has any force, nor uncircumcision; but faith working through love.
7 Na anka moresi mmirikakan no yie! Na hwan na ɔtwintwanee mo anan mu ma mogyaee nokorɛ no tie?
Ye ran well; who has stopped you that ye should not obey the truth?
8 Saa nnaadaa no mfiri deɛ ɔfrɛ mo no.
The persuasibleness [is] not of him that calls you.
9 “Mmɔka kakra bi na ɛma mmɔre no nyinaa tu.”
A little leaven leavens the whole lump.
10 Mewɔ anidasoɔ wɔ Awurade mu sɛ morennwene adwene foforɔ bi. Onipa ko a ɔde sakasakayɛ reba mo mu no, wɔbɛtua ne so ka.
I have confidence as to you in [the] Lord, that ye will have no other mind; and he that is troubling you shall bear the guilt [of it], whosoever he may be.
11 Anuanom, sɛ megu so ka twetiatwa ho asɛm a, adɛn enti na wɔda so taa me? Na sɛ ɛno na ɛyɛ nokorɛ a, anka mʼasɛm a meka fa Kristo asɛnnua ho no renkɔfa ɔhaw mma. Ɛnneɛ na anka asɛnnua no ho suntidua biara nni hɔ bio.
But I, brethren, if I yet preach circumcision, why am I yet persecuted? Then the scandal of the cross has been done away.
12 Sɛ ɛkaa me nko a, anka wɔn a wɔha mo no atwa wɔn ho atwitwa wɔn ho wɔn ho.
I would that they would even cut themselves off who throw you into confusion.
13 Me nuanom, mo deɛ, wɔfrɛɛ mo sɛ mommɛde mo ho. Nanso, mommma saa ahofadie yi mmɔ ɛkwan mma bɔne; mmom, momfa ɔdɔ nsom mo ho mo ho.
For ye have been called to liberty, brethren; only [do] not [turn] liberty into an opportunity to the flesh, but by love serve one another.
14 Ɛfiri sɛ, Mmara no nyinaa tiawatwa ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”
For the whole law is fulfilled in one word, in Thou shalt love thy neighbour as thyself;
15 Na sɛ mokeka na momemene mo ho mo ho a, ɛnneɛ monhwɛ yie na moansɛe mo ho mo ho.
but if ye bite and devour one another, see that ye are not consumed one of another.
16 Na mese, montena ase wɔ Honhom mu, na moremma honam akɔnnɔ ho kwan.
But I say, Walk in [the] Spirit, and ye shall no way fulfil flesh's lust.
17 Ɛfiri sɛ, deɛ honam pɛ no tia deɛ Honhom no pɛ; saa ara nso na deɛ Honhom no pɛ no, honam no tia. Ne mmienu no bɔ abira, enti ɛnsɛ sɛ moyɛ deɛ mopɛ.
For the flesh lusts against the Spirit, and the Spirit against the flesh: and these things are opposed one to the other, that ye should not do those things which ye desire;
18 Sɛ mo nante Honhom mu a, na monnhyɛ Mmara ase.
but if ye are led by the Spirit, ye are not under law.
19 Dwuma a bɔnesu di no da adi pefee. Yeinom ne adwamammɔ, efi, ahohwie,
Now the works of the flesh are manifest, which are fornication, uncleanness, licentiousness,
20 abosonsom, adutoɔ, ɔtan, akayɛ, ahoɔyea, abufuo, apereapereɛ, kunsunkunsun, mpaapaemu,
idolatry, sorcery, hatred, strifes, jealousies, angers, contentions, disputes, schools of opinion,
21 nitan, nsãborɔ, agobɔne, ne nneɛma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛdeɛ mabɔ mo bi dada no sɛ, wɔn a wɔtena ase saa no renkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.
envyings, murders, drunkennesses, revels, and things like these; as to which I tell you beforehand, even as I also have said before, that they who do such things shall not inherit God's kingdom.
22 Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛreɛ, ayamyɛ, papayɛ, gyidie,
But the fruit of the Spirit is love, joy, peace, long-suffering, kindness, goodness, fidelity,
23 ɔdwoɔ ne ahohyɛsoɔ. Mmara biara nni hɔ a ɛtia yeinom.
meekness, self-control: against such things there is no law.
24 Na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no abɔ wɔn nipasu no ne honam akɔnnɔ asɛnnua mu.
But they that [are] of the Christ have crucified the flesh with the passions and the lusts.
25 Sɛ yɛte Honhom mu yi, momma yɛnnante Honhom mu.
If we live by the Spirit, let us walk also by the Spirit.
26 Ɛnsɛ sɛ yɛhoahoa yɛn ho, yiyi yɛn ho yɛn ho abufuo, anaa yɛma yɛn ani bere yɛn ho yɛn ho.
Let us not become vain-glorious, provoking one another, envying one another.