< Galatifoɔ 4 >
1 Asɛm a mereka ne sɛ, mpɛn dodoɔ a ɔdedifoɔ no yɛ abɔfra no, ɛwom sɛ agyapadeɛ no nyinaa hyɛ ne nsa deɛ, nanso nsonsonoeɛ biara nna ɔno ne akoa ntam.
Now, I say, as long as the heir is a minor, he differs nothing from a bondman, though he be lord of all.
2 Esiane sɛ ɔnnyiniiɛ no enti, nnipa bi wɔ hɔ a wɔhwɛ toto nneɛma ma no kɔsi ɛberɛ a nʼagya ahyɛ sɛ wɔnnane agyapadeɛ no mma no no.
For he is under tutors and stewards, until the time before appointed by his father.
3 Saa ara na na yɛn nso yɛteɛ. Na yɛte sɛ mmɔfra a ewiase ahonhom dii yɛn so.
So, also, we, whilst we were minors, were in bondage under the elements of the world.
4 Nanso, mmerɛ pa no duruiɛ no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔbaa woo no Mmara ase
But when the fullness of the time was come, God sent forth his Son, born of a woman, born under the law,
5 sɛ ɔmmɛgye wɔn a wɔhyɛ Mmara ase sɛdeɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma.
that he might redeem those under law, that we might receive the adoption of sons.
6 Esiane sɛ moyɛ mma enti, Onyankopɔn somaa ne Ba no Honhom baa yɛn akoma mu, Honhom a ɛfrɛ “Agya, Agya.”
And because you are sons, God has sent forth the spirit of his Son into your hearts, crying, Abba, Father.
7 Enti, wonyɛ akoa bio, na mmom woyɛ ɔba. Esiane sɛ woyɛ ne ba enti, Onyankopɔn de deɛ ɔwɔ nyinaa bɛma ne mma.
So that you are no more a bondman, but a son, and if a son, then heir of God through Christ.
8 Mmerɛ bi a atwam no, na monnim Onyankopɔn, enti na moyɛ nkoa ma wɔn a wɔnyɛ anyame.
But formerly indeed, when you knew not God, you served those, who by nature were not gods.
9 Nanso, afei a moahunu Onyankopɔn anaasɛ Onyankopɔn ahunu mo yi, adɛn enti na mopɛ sɛ modane mo ho ma nkyerɛkyerɛ a aba nni mu no? Adɛn enti na mopɛ sɛ wɔde mo yɛ nkoa bio?
But now, having acknowledged God, (or rather, being acknowledged by God, ) why do you turn back again to the weak and beggarly elements, to which again, a second time, you incline to be in bondage?
10 Modi nna, abosome, nnapɔnna ne mfeɛ bi.
You carefully observe days and moons, and seasons and years.
11 Mesuro sɛ, ɛkwan bi so, masɛe mʼahoɔden wɔ mo ho.
I am afraid of you, lest perhaps, I have labored in vain among you.
12 Mesrɛ mo, me nuanom, monyɛ sɛ me, ɛfiri sɛ meyɛɛ sɛ mo. Monyɛɛ me bɔne biara.
Brethren, I pray you, be as I am: for I am you are. You have injured me in nothing.
13 Sɛdeɛ monim no, ɛberɛ a mebɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mede yadeɛ na ɛbaeɛ.
You know, indeed, that in weakness of the flesh, I declared the gospel to you at first.
14 Ɛwom sɛ na me yadeɛ no ha mo deɛ, nanso moampo me. Mmom, mogyee me sɛdeɛ mobɛgye Onyankopɔn ɔbɔfoɔ; mogyee me sɛdeɛ mobɛgye Kristo Yesu.
Yet that trial of mine, which was in my flesh, you did not despise; neither did you reject me, but received me as an angel of God, even as Christ Jesus.
15 Anigyeɛ a mowɔ no nyinaa afa he? Mɛtumi aka sɛ, sɛ mobɛtumi a, anka mobɛtutu mo ani de ama me.
What, then, was your happiness! for I bear you witness that, if possible, you would have plucked out your eyes, and given them to me.
16 Nokorɛ a meka kyerɛ mo enti na afei mabɛyɛ mo ɔtamfoɔ yi?
Am I, then, become your enemy, because I tell you the truth?
17 Saa nnipa no pɛ sɛ wɔtwe mo ba wɔn nkyɛn, nanso wɔnni adwene pa. Wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛtete me ne mo ntam na ama mo ani aku wɔn ho sɛdeɛ wɔn ani ku mo ho no.
They love you ardently, not honorably. Yes, they wish to exclude us, that you may love them ardently.
18 Ɛyɛ sɛ mobɛyɛ nsi ɛberɛ biara, ɛberɛ a mewɔ mo nkyɛn ne ɛberɛ a menni mo nkyɛn mpo.
But it is honorable to be ardently in love with a good man at all times, and not merely when I am present with you.
19 Me mma pa, mo a mo enti merehunu awoyea bio kɔsi sɛ Kristo bɛda ne ho adi wɔ mo mu no,
My little children, for whom I travail in birth again till Christ be formed in you;
20 mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn, na anka masesa kwan a me fa so kasa, ɛfiri sɛ me tirim ntene me wɔ mo ho.
I could wish, indeed, to be present with you now, and to change my speech; for I am exceedingly in doubt concerning you.
21 Monka nkyerɛ me, mo a mopɛ sɛ mohyɛ Mmara no ase no, monnim deɛ Mmara no ka no anaa?
Tell me, you who wish to be under the law, do you hear the law?
22 Wɔatwerɛ sɛ, na Abraham wɔ mma baanu. Ɔne afenaa bi woo baako na ɔne ɔbaa bi a ɔde ne ho nso woo baako.
For it is written, that Abraham had two sons: one by the bondmaid, and one by the free woman.
23 Afenaa ba no, wɔwoo no honam kwan so, ɛnna ɔbaa a ɔde ne ho no nso, Onyankopɔn bɔhyɛ enti na ɔwoo ne ba no.
But he, indeed, who was of the bondmaid, was begotten according to the flesh; but he who was of the free woman, was through the promise.
24 Saa asɛm yi yɛ mfatoho ɛfiri sɛ, saa mmaa baanu yi gyina hɔ ma apam mmienu. Apam baako firi bepɔ Sinai so, na ɛgyina hɔ ma mma a wɔbɛyɛ nkoa: Ɔno ne Hagar.
Which things are allegorized: for these women are two institutions; the one, indeed, from Mount Sinai, bringing forth children into bondage, which is Hagar,
25 Hagar gyina hɔ ma bepɔ Sinai a ɛwɔ Arabia na ɛte sɛ kuropɔn Yerusalem, ɛfiri sɛ ɔne ne mma wɔ nkoasom mu.
(for the name of Hagar denotes Mount Sinai, in Arabia, ) and she answers to the present Jerusalem, and is in bondage with her children.
26 Nanso, Yerusalem a ɛwɔ ɔsoro no deɛ, ɛde ne ho na ɔyɛ yɛn maame.
But the Jerusalem above, is the free woman, who is our mother.
27 Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “Ao ɔbaa a woyɛ obonini, di ahurisie, wo a wonnwoo da; ma wo nne so na team, wo a awoɔ nkaa wo da, ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mma dɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu.”
For it is written, "Rejoice, O barren woman, who didst not bring forth! Break out and cry, thou who travailest not in birth; for more are the children of the deserted, than of her who had the husband."
28 Me nuanom mmaa ne mmarima, bɔhyɛ no enti na wɔwoo mo sɛdeɛ wɔwoo Isak no.
We, therefore, brethren, like Isaac, are children by promise.
29 Saa ɛberɛ no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa deɛ wɔnam Honhom no tumi mu woo no no. Na ɛnnɛ yi nso, ɛte saa.
But even as then, he who was begotten according to the flesh, persecuted him who was begotten according to the Spirit: so also now.
30 Na Atwerɛsɛm no ka sɛn? “Pam afenaa no ne ne babarima yi firi ha; ɛfiri sɛ, afenaa babarima no ne ɔdehyeɛ no renkyɛ agyapadeɛ no.”
But what says the scripture? "Cast out the bondmaid and her son; for the son of the bondmaid shall not inherit with the son of the free woman."
31 Enti, anuanom, yɛnyɛ afenaa no mma, na mmom, yɛyɛ ɔbaa a ɔde ne ho no mma.
Well, then, brethren, we are not the children of the bondmaid, but of the free woman.