< Galatifoɔ 2 >

1 Mfeɛ dunan akyi, me ne Barnaba sane kɔɔ Yerusalem. Mede Tito nso kaa me ho.
Luego, después de catorce años, volví a Jerusalén con Bernabé, llevándome a Tito.
2 Mekɔeɛ ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔdaa no adi kyerɛɛ me sɛ menkɔ. Me ne mpanimfoɔ no yɛɛ nhyiamu kɔkoam kyerɛkyerɛɛ asɛmpa a meka mekyerɛɛ amanamanmufoɔ no mu kyerɛɛ wɔn. Na mempɛ sɛ mʼadwuma a mayɛ dada ne deɛ megu so reyɛ no yɛ ɔkwa.
Y subí por revelación; y puse delante de ellos las buenas nuevas que estaba predicando entre los gentiles, pero en privado ante los que eran reconocidos como dirigentes, por lo que el trabajo que yo estaba o había estado haciendo no fuera trabajo perdido.
3 Ɛwom sɛ me ɔboafoɔ Tito yɛ Helani deɛ, nanso wɔanhyɛ no sɛ ɔntwa twetia.
Pero ni aun Tito, que estaba conmigo, siendo griego, fue sometido a la circuncisión:
4 Asɛm yi siiɛ, ɛfiri sɛ anuanom bi a wɔnyɛ nokwafoɔ awia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔrehwehwɛ ahofadie a yɛwɔ wɔ Kristo Yesu mu, na wɔde yɛn ayɛ nkoa.
Y esto a pesar algunos hermanos falsos que entraron secretamente, los cuales vinieron a espiar nuestra condición libre que tenemos en Cristo Jesús, y hacernos otra vez esclavos a la ley.
5 Yɛamma wɔn mu kwan koraa, sɛdeɛ nokorɛ a ɛwɔ Asɛmpa no mu no bɛtena mo mu.
Pero ni por un momento nos sometimos a sus demandas; para que las verdaderas palabras del mensaje del evangelio permanecieran en ustedes.
6 Wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔyɛ atitire no, sɛdeɛ wɔte biara no, meka sɛ, menhunu wɔn ntam nsonsonoeɛ biara. Onyankopɔn nhwɛ nnipa ho mmu atɛn; saa mpanimfoɔ no mfaa adwene foforɔ biara mmɛkaa mʼasɛm no ho.
Pero de aquellos que parecían ser importantes (lo que sea que hayan sido no me importa: Dios no juzga por las apariencias ) aquellos que parecían importantes no me dieron nada nuevo.
7 Na mmom, wɔhunuu sɛ Onyankopɔn de dwuma no ahyɛ me nsa sɛ menka Asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufoɔ sɛdeɛ ɔde dwuma no hyɛɛ Petro nsa sɛ ɔnka Asɛmpa no nkyerɛ Yudafoɔ no ara pɛ.
Pero, por el contrario, cuando vieron que yo había sido hecho responsable de predicar el mensaje de salvación a los gentiles, como lo había sido Pedro con los judíos.
8 Na Onyankopɔn a ɔnam Petro so yɛ adwuma sɛ Yudafoɔ mu somafoɔ no ara na ɔnam me so yɛ adwuma wɔ amanamanmufoɔ mu sɛdeɛ Petro yɛ Yudafoɔ mu adwuma no pɛ.
Porque el que estaba trabajando en Pedro como el Apóstol de la circuncisión estaba trabajando en mí entre los gentiles;
9 Yakobo, Petro ne Yohane a na wɔfa no sɛ wɔyɛ mpanimfoɔ no gye too mu sɛ, Onyankopɔn ama me dwuma sononko bi sɛ menyɛ, enti wɔkyeaa me ne Barnaba. Wɔpenee so sɛ yɛnyɛ adwuma wɔ amanamanmufoɔ no mu na wɔn nso wɔnyɛ adwuma wɔ Yudafoɔ no mu.
Cuando vieron la gracia que me fue dada, Jacobo, Pedro y Juan, que tenían el nombre de ser columnas, nos dieron a Bernabé y a Mí sus manos derechas como amigos para que fuéramos a los gentiles, y ellos a los de la circuncisión;
10 Wɔbisaa sɛ yɛnkae ahiafoɔ wɔ wɔn kuo no mu sɛdeɛ mepɛ sɛ meyɛ no.
Solo que era su deseo que pensáramos en los pobres; qué cosa tenía en mente hacer con diligencia.
11 Ɛberɛ a Petro baa Antiokia no, metiaa deɛ ɔreyɛ no mu wɔ badwa mu, ɛfiri sɛ, na ɔreyɛ mfomsoɔ.
Pero cuando Cefas llegó a Antioquía, hice una protesta contra él en su cara, porque él claramente estaba equivocado.
12 Ansa na mmarima bi a Yakobo somaa wɔn no bɛduruu hɔ no, na Petro ne anuanom amanamanmufoɔ no to nsa didi. Nanso, nnipa no bɛduruiɛ akyi no, ɔtwee ne ho a ɔne wɔn annidi bio, ɛfiri sɛ, na ɔsuro wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtwa amanamanmufoɔ twetia no.
Porque antes que vinieran algunos hombres de parte de Jacobo, él comió con los gentiles; mas cuando vinieron, volvió y se separó, temiendo a los que eran de la circuncisión.
13 Anuanom Yudafoɔ a aka no yɛɛ sɛ ahufoɔ de wɔn ho bɔɔ Petro maa Barnaba nso de ne ho kɔbataa wɔn ho.
Y el resto de los judíos lo siguieron, y Bernabé fue vencido por la hipocresía de ellos.
14 Mehunuu sɛ deɛ wɔreyɛ no ne Asɛmpa no bɔ abira no, mekaa no wɔ Petro ne badwa no anim sɛ, “Woyɛ Yudani a seesei wonni Yudafoɔ amanneɛ so bio. Adɛn enti na wohyɛ amanamanmufoɔ sɛ wɔnni Yudafoɔ amanneɛ so?
Pero cuando vi que no estaban viviendo en rectitud de acuerdo con las verdaderas palabras de las buenas nuevas, le dije a Pedro delante de todos, si tú, siendo judío, estás viviendo como los gentiles, y no como los judíos, ¿cómo? harás que los gentiles hagan lo mismo que los judíos?
15 “Ɛyɛ nokorɛ sɛ yɛyɛ Yudafoɔ firi yɛn awoɔ mu. Yɛnyɛ amanamanmufoɔ nnebɔneyɛfoɔ no.
Nosotros siendo judíos de nacimiento, y no pecadores de entre los gentiles,
16 Yɛnim sɛ ansa na obi bɛdi bem wɔ Onyankopɔn anim no, na gye sɛ wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ deɛ mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛdeɛ yɛnam so bɛdi bem wɔ Onyankopɔn anim; ɛfiri sɛ, ɛnam gyidie so na wɔbɛbu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara no apɛdeɛ a yɛyɛ no so.
Siendo conscientes de que un hombre no es justificado por las obras de la ley, sino por la fe en Jesucristo, tuvimos fe en Cristo Jesús, para que podamos ser justificados por la fe en Cristo, y no por las obras de la ley; porque por las obras de la ley nadie será justificado.
17 “Sɛ yɛpɛ sɛ wɔbu yɛn bem wɔ Kristo mu na sɛ ɛda adi sɛ yɛn nso yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo pene bɔne so? Ɛnte saa koraa.
Pero si, mientras deseábamos ser justificados por medio de Cristo, nosotros mismos fuimos vistos como pecadores, ¿es Cristo un ministro de pecado? ¡De ninguna manera!
18 Na sɛ mehyɛ aseɛ yɛ deɛ magyae a, na ɛkyerɛ sɛ meyɛ mmaratofoɔ.
Porque si volví a poner en pie aquellas cosas que entregué a destrucción, yo mismo soy culpable, me hace transgresor.
19 “Ɛfiri sɛ, mpɛn dodoɔ a mepɛɛ sɛ mɛdi mmara no so no, mmara no buu me fɔ. Mmara no ankasa akum me. Ɛno enti, menni mmara no tumi ase bio, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtena ase mama Onyankopɔn mmom. Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnua mu,
Porque yo, por la ley, soy muerto a la ley, para que viva a Dios.
20 enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom, Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu seesei yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidie mu.
He sido muerto en la cruz con Cristo; y ya no vivo yo, sino que Cristo vive en mí; y esa vida que ahora vivo en la carne, la he vivido por la fe, la fe del Hijo de Dios, quien en amor por mí, se entregó a sí mismo por mí.
21 Mempo Onyankopɔn adom no. Sɛ onipa nam Mmara so fata Onyankopɔn anim a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo wu a ɔwuiɛ no yɛ ɔkwa.”
No rechazo la gracia de Dios; porque si fuéramos justificados por la ley, entonces Cristo fue muerto en vano.

< Galatifoɔ 2 >