< Galatifoɔ 1 >

1 Me Paulo, ɔsomafoɔ a ɛnyɛ nnipa anaa onipa bi na ɔfrɛɛ me, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no.
Paul an apostle (not from men, nor by man, but by Jesus Christ, and God the Father, who raised Him from the dead),
2 Me ne anuanom a wɔne me wɔ ha nyinaa, De krataa yi kɔma Galati asafo ahodoɔ no nyinaa:
and all the brethren that are with me, to the churches of Galatia:
3 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
grace be to you and peace from God the Father, and from our Lord Jesus Christ,
4 Yɛn bɔne enti, Kristo yɛɛ ɔsetie maa yɛn Agya Onyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee yɛn firii bɔne a yɛwɔ mu ɛnnɛ yi mu. (aiōn g165)
who gave himself for our sins, that He might deliver us from the present evil world, according to the will of our God and Father: (aiōn g165)
5 Animuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen. (aiōn g165)
to whom be glory for ever and ever. Amen. (aiōn g165)
6 Mo ho yɛ me nwanwa! Ɛnkyɛree koraa, morepa deɛ ɔnam Kristo adom so frɛɛ mo no akɔ asɛmpa foforɔ ho.
I wonder that ye are so soon removed from him who called you by the grace of Christ to another gospel: which is not another;
7 Nokorɛm, asɛmpa foforɔ biara nni baabi, nanso meka ɛfiri sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a wɔredane mo adwene pɛ sɛ wɔsesa Kristo Asɛmpa no.
but there be some that disturb you, and would subvert the gospel of Christ.
8 Na sɛ yɛn, anaa ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛka asɛmpa a nsonsonoeɛ da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu.
But tho' we or an angel from heaven should preach to you any other gospel than what we have preached to you; let him be accursed.
9 Yɛaka dada na mereti mu bio sɛ: Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye atom no bɔ abira no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu.
I say it again, if any one preach to you any other gospel than what ye have received, let him be accursed.
10 Deɛ nnipa pene so na mereyɛ yi anaa? Dabi! Mepɛ deɛ Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ deɛ ɛsɔ nnipa ani? Sɛ megu so yɛ saa deɛ a, na menyɛ Kristo ɔsomfoɔ.
For do I now persuade you to obey men or God? Or do I seek to please men? if I yet pleased men, I should not be the servant of Christ.
11 Anuanom, mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ, Asɛmpa a meka kyerɛ mo no mfiri onipa hɔ.
But I assure you, brethren, that the gospel preached by me is not of human invention.
12 Me nsa anka amfiri onipa nkyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛɛ me. Ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.
For I neither received it, nor was taught it by man, but by the revelation of Jesus Christ.
13 Moate sɛ na mesɛe mʼadagyeɛ nyinaa wɔ Yudasom ho. Afei, moate nso sɛ na mede atirimuɔden taa Onyankopɔn akyidifoɔ, na mefaa ɛkwan biara a mɛtumi so pɛɛ sɛ metɔre wɔn ase.
For ye have heard of my conversation formerly in Judaism, that I outragiously persecuted the church of God, and laid it waste:
14 Mʼafɛfoɔ Yudafoɔ no deɛ, na mʼadwene mu abue wɔ Yudasom ho sene wɔn nyinaa. Na mekura yɛn nananom amanneɛ nso mu dendeenden.
and I made a proficiency in Judaism above many of the same age with me in my own nation, being excessively zealous for the traditions of my fathers.
15 Nanso, Onyankopɔn nam nʼadom so frɛɛ me ansa na wɔrewo me sɛ memmɛsom no. Na berɛ no soo
But when it pleased God, (who separated me from my mother's womb, and called me by his grace, )
16 sɛ ɔbɛda ne Ba no adi akyerɛ me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛka Asɛmpa a ɛfa ne ho akyerɛ amanamanmufoɔ no, mankɔ obiara nkyɛn amma wantu me fo;
to reveal his Son in me, that I might preach Him among the gentiles; immediately I conferred not with flesh and blood,
17 saa ara nso na mankɔ Yerusalem mankɔhunu asomafoɔ a na wɔdi mʼanim ɛkan no. Mmom, mekɔɔ Arabia prɛko pɛ ɛnna mesane mʼakyi baa Damasko.
nor went I up to Jerusalem to those that were apostles before me, but I departed into Arabia, and afterwards returned again to Damascus.
18 Mfeɛ mmiɛnsa akyi na mekɔɔ Petro nkyɛn wɔ Yerusalem ne no kɔdii nkɔmmɔ. Medii ne nkyɛn dadu nnanum.
Then after three years I went up to Jerusalem to visit Peter, and I staid with him fifteen days.
19 Manhunu ɔsomafoɔ biara wɔ hɔ ka Awurade nua Yakobo ho.
But I saw no other of the apostles, except James the brother of our Lord.
20 Meka kyerɛ mo, Onyankopɔn anim sɛ deɛ meretwerɛ yi yɛ nokorɛ trodoo.
(Now in what I write to you, behold, before God, I do not lie.)
21 Ɛno akyi, mebaa Siria ne Kilikia.
Afterwards I came into the regions of Syria and Cilicia,
22 Saa ɛberɛ no na Kristo asafo ahodoɔ a wɔwɔ Yudea no mu nnipa nnim me.
and was not known in person to the churches of Judea, which were in Christ.
23 Nsɛm a na wɔaka afa me ho sɛ, “Afei deɛ, ɔbarima no a na ɔtaa yɛn no ka gyidie a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no no ho asɛm.”
But only they had heard that he who persecuted us before, now preacheth the faith which he formerly would have destroyed.
24 Na me enti, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.
And they glorified God on my account.

< Galatifoɔ 1 >