< Ɛsra 9 >

1 Na Yudafoɔ ntuanofoɔ no baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Israelfoɔ bebree, na mpo, asɔfoɔ ne Lewifoɔ ntwee wɔn ho mfirii nnipa afoforɔ bi a wɔte asase no so no ho. Wɔdi akyiwadeɛ a na Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ, Misraimfoɔ ne Amorifoɔ yɛ no akyi.
پس از پایان این امور، سران قوم اسرائیل پیش من آمدند و گفتند که قوم و کاهنان و لاویان خود را از قومهای بت‌پرست ساکن این دیار جدا نکرده‌اند و از اعمال قبیح کنعانی‌ها، حیتی‌ها، فرزی‌ها، یبوسی‌ها، عمونی‌ها، موآبی‌ها، مصری‌ها و اموری‌ها پیروی می‌کنند.
2 Na Israelfoɔ mmarima ware firi saa nnipa no mu, na wɔpɛ yerenom firi wɔn mu, ma wɔn mmammarima. Enti, mfrafrawadeɛ no ama nnipa kronkron no ho agu fi. Deɛ ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, mpanimfoɔ ne ntuanofoɔ no koraa na wɔdi ho fɔ kɛseɛ.”
مردان یهودی از دختران این قومها برای خود و پسرانشان زنان گرفته‌اند و به این وسیله قوم مقدّس را با قومهای بت‌پرست در هم آمیخته‌اند. در این فساد، سران و بزرگان قوم پیشقدم بوده‌اند.
3 Metee saa asɛm yi no, mesunsuanee me ntadeɛ mu, tutuu me tirinwi firii me tiri so, tutuu mʼabɔgyesɛ nso, te tenaa fam ahodwirie so.
وقتی این خبر را شنیدم، جامۀ خود را دریدم، موی سر و ریش خود را کندم و متحیر نشستم.
4 Na wɔn a wɔnyaa ayamhyehyeɛ wɔ Israel Onyankopɔn asɛm ho no bɛtenaa me nkyɛn wɔ ne nkurɔfoɔ nokorɛ a wɔanni no ho. Metenaa ase ahodwirie so, kɔsii anwummerɛ afɔrebɔberɛ.
سپس گروهی از کسانی که به خاطر این گناه قوم از خدای اسرائیل می‌ترسیدند نزد من جمع شدند و من تا وقت تقدیم قربانی عصر، همان‌طور نشسته ماندم.
5 Ɛduruu afɔrebɔberɛ no, mesɔre gyinaa baabi a na mete hɔ awerɛhoɔ mu a masunsuane mʼatadeɛ mu, na mebuu nkotodwe, pagyaa me nsa kyerɛɛ Awurade, me Onyankopɔn.
در هنگام قربانی عصر از جای خود بلند شدم و با همان جامهٔ دریده زانو زدم و دستهای خود را به حضور خداوند، خدایم بلند کرده،
6 Mebɔɔ mpaeɛ sɛ: “Ao me Onyankopɔn, mʼani awu yie, na mafɛre sɛ merepagya mʼani akyerɛ wo. Na yɛn bɔne asoa kɔ soro sene yɛn enti na yɛn afɔdie aduru ɔsorosoro.
گفتم: «خدایا در نزد تو شرمسارم و خجالت می‌کشم که در حضورت سر بلند کنم، چون گناهان ما از سر ما گذشته و خطاهای ما سر به فلک کشیده است.
7 Yɛn abakɔsɛm nyinaa yɛ bɔne kɛseɛ fua. Ɛno enti na yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfoɔ de yɛn ho akɔhyɛ abosonsomfoɔ ahemfo a wɔwɔ asase no so ase no. Wɔakunkum yɛn, wɔakyere yɛn nnommum, wɔabɔ yɛn korɔno, agu yɛn anim ase sɛdeɛ yɛte ɛnnɛ yi ara.
قوم ما از زمانهای گذشته تا به حال مرتکب گناهان زیادی شده‌اند؛ به همین دلیل است که ما و پادشاهان و کاهنانمان به دست پادشاهان دیگر کشته و اسیر و غارت و رسوا شده‌ایم، و این رسوایی تا امروز هم باقی است.
8 “Nanso, seesei, wɔahunu yɛn mmɔbɔ kakra, ɛfiri sɛ, Awurade, yɛn Onyankopɔn, ama yɛn mu kakra atena nkwa mu sɛ nkaaseɛ. Wabɔ yɛn ho ban wɔ beaeɛ kronkron ha. Yɛn Onyankopɔn abue yɛn ani, ama yɛn ahomegyeɛ bi afiri yɛn nkoasom mu.
«و حال مدتی است که لطف تو ای خداوند، خدای ما، شامل حال ما شده و تو عده‌ای از ما را از اسارت بیرون آورده در این مکان مقدّس مستقر ساخته‌ای و به ما شادی و حیات تازه بخشیده‌ای.
9 Ɛfiri sɛ, na yɛyɛ nkoa nanso, ne dɔ a ɔde dɔ yɛn daa no enti, Onyankopɔn annyaa yɛn wɔ yɛn nkoasom mu. Mmom, ɔmaa Persiahene hwɛɛ yɛn yie. Ɔkanyanee yɛn, sɛdeɛ yɛbɛtumi asane asi yɛn Onyankopɔn asɔredan no, asiesie nʼamamfoɔ no. Wama yɛn banbɔ afasuo wɔ Yuda ne Yerusalem.
ما اسیر و برده بودیم، ولی تو ما را در حالت بردگی ترک نکردی، بلکه ما را مورد لطف پادشاهان پارس قرار دادی. تو به ما حیات تازه بخشیده‌ای تا بتوانیم خانهٔ تو را بازسازی کنیم و در سرزمین یهودا و شهر اورشلیم در امان باشیم.
10 “Na seesei Ao, yɛn Onyankopɔn, yeinom nyinaa akyi asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Ɛfiri sɛ, yɛapo wo mmaransɛm bio.
«و حال ای خدای ما، پس از این همه لطف، چه می‌توانیم بگوییم؟ در حالی که بار دیگر از دستورهای تو که توسط انبیایت به ما داده بودی، سرپیچی کرده‌ایم. آنها به ما گفته بودند که سرزمینی که به‌زودی آن را به تصرف خود در خواهیم آورد زمینی است که بر اثر اعمال قبیح ساکنان بت‌پرست آن نجس شده است و سراسر آن پر از فساد و پلیدی است.
11 Wʼasomfoɔ adiyifoɔ no bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, asase a yɛbɛfa no, nnipa a wɔte so no nam wɔn nneyɛɛ bɔne so agu ho fi koraa. Porɔeɛ ahyɛ asase no so ma, firi tire kɔsi tire.
12 Woka kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛmmma yɛn mmammaa nnware wɔn mmammarima, na yɛn mmammarima nso nnware wɔn mmammaa, na ɛnsɛ sɛ yɛboa saa aman no kwan biara so. Wohyɛɛ bɔ sɛ, sɛ yɛgyae saa nneɛma yi yɛ a, yɛbɛyɛ ɔman kɛseɛ. Wohyɛɛ bɔ sɛ, yɛbɛdi asase no so nnepa, na yɛagya ama yɛn mma sɛ daapem agyapadeɛ.
به ما فرمودند که دختران خود را به پسران اهالی آنجا ندهیم و نگذاریم پسران ما با دختران ایشان ازدواج کنند و نیز هرگز به آن قومها کمک نکنیم تا بتوانیم از آن سرزمین حاصلخیز بهره‌مند شویم و آن را برای فرزندانمان تا ابد به ارث بگذاریم.
13 “Wɔretwe yɛn aso seesei wɔ yɛn amumuyɛsɛm ne yɛn afɔdie ho. Nanso, asotwe a wode ama yɛn no sua koraa sene sɛdeɛ ɛfata yɛn, ɛfiri sɛ, wo Awurade, yɛn Onyankopɔn ama yɛn mu bi atena sɛ nkaeɛfoɔ.
«اما ما مرتکب اعمال زشت و گناهان بزرگی شدیم و تو ما را تنبیه کردی. ولی می‌دانیم کمتر از آنچه که سزاوار بودیم ما را تنبیه نمودی و گذاشتی از اسارت آزاد شویم.
14 Nanso, seesei, yɛresane abu wo mmaransɛm so, na yɛne wɔn a wɔyɛ saa akyiwadeɛ no redi awadeɛ. Nokorɛm, wʼabufuo bɛsɛe yɛn ara akɔsi sɛ, nkaeɛfoɔ kakra no ase bɛtɔre.
با وجود این، باز از دستورهای تو سرپیچی نموده‌ایم و با این قومهای فاسد وصلت کرده‌ایم. حال، بدون شک مورد خشم تو قرار خواهیم گرفت و حتی یک نفر از ما نیز زنده باقی نخواهد ماند.
15 Ao Awurade, Israel Onyankopɔn woyɛ teneneeni. Yɛnka hwee sɛ nkaeɛfoɔ a wɔafiri nkoasom mu. Yɛde yɛn afɔdie gyina wʼanim a anka saa tebea yi mu, yɛn mu biara rentumi nnyina wʼanim.”
ای خداوند، خدای اسرائیل، تو خدایی عادل هستی. ما بازماندگان قوم اسرائیل در حضور تو به گناه خود اعتراف می‌کنیم، هر چند به سبب این گناه شایسته نیستیم در حضورت بایستیم.»

< Ɛsra 9 >