< Ɛsra 8 >

1 Yei ne abusua mu ntuanofoɔ ne abusuadua ahodoɔ a ɔhene Artasasta di adeɛ no, wɔne me firi Babilonia baeɛ:
Eyinom ne abusua mu ntuanofo ne anato ahorow a ɔhene Artasasta di ade no, wɔne me fi Babilonia bae:
2 Pinehas abusua mu no: Gersom; Itamar abusua mu no: Daniel. Dawid abusua mu no: Sekania babarima Hatus.
Pinehas asefo mu no: Gersom; Itamar asefo mu no: Daniel. Dawid asefo mu no: Sekania babarima Hatus.
3 Paros abusua mu no: Sakaria ne mmarima afoforɔ ɔha aduonum.
Paros asefo mu no: Sakaria ne mmarima afoforo bi ɔha aduonum.
4 Pahat-Moab abusua mu no: Serahia babarima Eliehoenai ne mmarima afoforɔ ahanu.
Pahat-Moab asefo mu no: Serahia babarima Eliehoenai ne mmarima afoforo bi ahannu.
5 Satu abusua mu no: Yahasiel babarima Sekania ne mmarima afoforɔ ahasa.
Satu asefo mu no: Yahasiel babarima Sekania ne mmarima afoforo bi ahaasa.
6 Adin abusua mu no: Yonatan babarima Ebed ne mmarima afoforɔ aduonum.
Adin asefo mu no: Yonatan babarima Ebed ne mmarima afoforo bi aduonum.
7 Elam abusua mu no: Yesaia babarima Atalia ne mmarima afoforɔ aduɔson.
Elam asefo mu no: Yesaia babarima Atalia ne mmarima afoforo bi aduɔson.
8 Sefatia abusua mu no: Mikael babarima Sebadia ne mmarima afoforɔ aduɔwɔtwe.
Sefatia asefo mu no: Mikael babarima Sebadia ne mmarima afoforo bi aduɔwɔtwe.
9 Yoab abusua mu no: Yehiel babarima Obadia ne mmarima afoforɔ ahanu ne dunwɔtwe.
Yoab asefo mu no: Yehiel babarima Obadia ne mmarima afoforo bi ahannu ne dunwɔtwe.
10 Bani abusua mu no: Yosifia babarima Selomit ne mmarima afoforɔ ɔha aduosia.
Bani asefo mu no: Yosifia babarima Selomit ne mmarima afoforo bi ɔha aduosia.
11 Bebai abusua mu no: Bebai babarima Sakaria ne mmarima afoforɔ aduonu nwɔtwe.
Bebai asefo mu no: Bebai babarima Sakaria ne mmarima afoforo bi aduonu awotwe.
12 Asgad abusua mu no: Hakatan babarima Yohanan ne mmarima afoforɔ ɔha ne edu.
Asgad asefo mu no: Hakatan babarima Yohanan ne mmarima afoforo bi ɔha ne du.
13 Adonikam abusua a wɔbaa akyire no: wɔn din de Elifelet, Yeiel, ne Semaia, a mmarima afoforɔ aduosia ka wɔn ho.
Adonikam asefo a wotwa to no: wɔn din de Elifelet, Yeiel, ne Semaia a, mmarima afoforo bi aduosia ka wɔn ho.
14 Bigwai abusua mu no: Utai ne Sakur a mmarima afoforɔ aduɔson ka wɔn ho.
Bigwai asefo mu no: Utai ne Sakur a mmarima afoforo bi aduɔson ka wɔn ho.
15 Meboaa asutwafoɔ no ano wɔ Ahawa nsukwan no so, na yɛmaa wɔtenaa hɔ nnansa wɔ ɛberɛ a merehwɛ nnipa no ne asɔfoɔ a wɔabɛduru hɔ no din mu no. Manhunu Lewifoɔ no mu baako mpo wɔ hɔnom.
Meboaa nnommum no ano wɔ Ahawa nsukwan no so, na yɛma wɔtenaa hɔ nnansa, bere a merehwɛ nnipa no ne asɔfo a wɔabedu hɔ no din mu no, mihuu sɛ Lewifo no mu baako mpo antu ne ho ansi hɔ.
16 Enti, mesoma ma wɔkɔfrɛɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ ɔmanfoɔ no ntuanofoɔ no. Mesane soma ma wɔkɔfrɛɛ Yoiarib ne Elnatan, a na wɔyɛ anyansafoɔ pa bi no nso.
Enti mesoma ma wɔkɔfrɛɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ ɔmanfo no ntuanofo no. Mesan soma ma wɔkɔfrɛɛ Yoiarib ne Elnatan, a na wɔyɛ nimdefo no nso;
17 Mede wɔn kɔmaa Ido a na ɔtua Lewifoɔ ano no, wɔ Kasifia, bisaa ɔne nʼabusuafoɔ ne asɔredan no mu asomfoɔ no sɛ wɔmmrɛ yɛn asɔfoɔ mfa wɔn nkɔyɛ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu adwuma.
na mema wɔkɔɔ Ido a na otua Lewifo no ano no nkyɛn wɔ Kasifia. Mekyerɛɛ wɔn nea wɔnka nkyerɛ Ido ne nʼabusuafo ne asɔredan no mu asomfo no wɔ Kasifia, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde ahwɛfo bɛbrɛ yɛn wɔ yɛn Nyankopɔn fi.
18 Esiane sɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa wɔ yɛn so no enti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima bi a ne din de Serebia, a ne mmammarima ne ne nuammarimanom dunwɔtwe ka ne ho. Na ɔyɛ onyansafoɔ a ɔyɛ Mahli a na ɔyɛ Israel babarima Lewi no aseni.
Esiane sɛ Onyankopɔn adom nsa wɔ yɛn so no nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima bi a ne din de Serebia, a ne mmabarima ne ne nuabarimanom dunwɔtwe ka ne ho. Na ɔyɛ onyansafo a ɔyɛ Mahli a na ɔyɛ Israel babarima Lewi no aseni,
19 Afei, wɔmaa Merari asefoɔ Yesaia, Hasabia ne ne mmammarima ne ne nuammarima aduonu
ne Merari asefo Yesaia, Hasabia ne ne mmabarima ne ne nuabarimanom aduonu
20 ne asɔredan no mu asomfoɔ ahanu ne aduonu baeɛ. Na asɔredan mu asomfoɔ no yɛ Lewifoɔ no aboafoɔ a na wɔyɛ asɔredan mu adwumayɛfoɔ kuo bi a Dawid na ɔfaa wɔn kane. Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din.
ne asɔredan no mu asomfo ahannu ne aduonu bae. Na asɔredan mu asomfo no yɛ Lewifo no aboafo a na wɔyɛ asɔredan mu adwumayɛfo kuw bi a Dawid na ɔfaa wɔn kan. Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din.
21 Na Ahawa Nsuka no so, mehyɛɛ sɛ yɛnni mmuada, na yɛmmrɛ yɛn ho ase mma Onyankopɔn. Yɛbɔɔ mpaeɛ sɛ ɔbɛma yɛakɔduru dwoodwoo, na wabɔ yɛn, yɛn mma ne yɛn nneɛma a yɛde rebɛtu kwan no ho ban.
Na Ahawa Suka no ho no, mehyɛɛ sɛ yenni mmuada, na yɛmmrɛ yɛn ho ase mma Onyankopɔn. Yɛbɔɔ mpae sɛ ɔbɛma yɛakodu dwoodwoo, na wabɔ yɛn ne yɛn mma ne yɛn nneɛma a yɛde rebetu kwan no ho ban.
22 Na mefɛree sɛ mebisaa ɔhene no sɛ ɔmma yɛn asraafoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ sɛ wɔnka yɛn ho mmɔ yɛn ho ban wɔ ɛkwan so. Nokorɛm, na yɛaka akyerɛ ɔhene no sɛ, “Yɛn Onyankopɔn bɔ wɔn a wɔsom no no ho ban, na nʼabufuhyeɛ no tia wɔn a wɔgya no.”
Na mefɛree sɛ mebisa ɔhene no sɛ ɔmma yɛn asraafo ne apɔnkɔsotefo na wɔnka yɛn ho mmɔ yɛn ho ban wɔ ɔkwan so, efisɛ na yɛaka akyerɛ ɔhene no se, “Yɛn Nyankopɔn bɔ wɔn a wɔsom no no ho ban, na nʼabufuwhyew no tia wɔn a wɔpo no.”
23 Enti, yɛdii mmuada, bɔɔ mpaeɛ nokorɛ mu, sɛ yɛn Onyankopɔn bɛhwɛ yɛn, na ɔtiee yɛn mpaeɛbɔ.
Enti yedii mmuada, bɔɔ mpae srɛɛ yɛn Nyankopɔn wɔ eyi ho, na otiee yɛn mpaebɔ.
24 Na meyii asɔfoɔ no ntuanofoɔ dumienu a wɔne Serebia, Hasabia ne asɔfoɔ afoforɔ edu a wɔka wɔn ho,
Na miyii asɔfo no ntuanofo dumien a wɔne Serebia, Hasabia ne asɔfo afoforo du a wɔka wɔn ho
25 sɛ wɔnhwɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ atam ne nneɛma a ɛka ho a ɔhene no nʼagyinatufoɔ, ne ntuanofoɔ ne Israelfoɔ de rekɔkyɛ Onyankopɔn asɔredan no so.
sɛ wɔnhwɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ hweaseammɔ ne nneɛma a ɛka ho a ɔhene no nʼagyinatufo, ne ntuanofo ne Israelfo de ama Onyankopɔn fi no so.
26 Mede agudeɛ no rema wɔn no, mekariiɛ na mehunuu sɛ emu duru yɛ: dwetɛ nkariboɔ tɔno aduonu mmienu, sikakɔkɔɔ nkuku ne nkaka nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, sikakɔkɔɔ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan,
Mede agude no rema wɔn no, mekarii na mihuu sɛ emu duru yɛ: dwetɛ nkaribo tɔn aduonu anan, sikakɔkɔɔ nkuku ne nkaka nkaribo pɔn mpem ahanson ne ahannum, sikakɔkɔɔ nkaribo pɔn mpem ahanson ne ahannum,
27 sikakɔkɔɔ atam aduonu a ɛne sikakɔkɔɔ pranpran apem boɔ yɛ pɛ, kɔbere nneɛma mmienu a wɔabere ho ma ɛrekɔyɛ sɛ sikakɔkɔɔ amapa.
sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonu a ɛne sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem bo yɛ pɛ, kɔbere nneɛma abien a wɔabere ho ma ɛrekɔyɛ sɛ sikakɔkɔɔ ankasa.
28 Na meka kyerɛɛ saa asɔfoɔ yi sɛ, “Wɔayi mo ne saa agyapadeɛ yi nyinaa asi nkyɛn sɛ ade kronkron ama Awurade. Saa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ yi yɛ akoma pa mu afɔrebɔdeɛ a wɔde rema Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn.
Na meka kyerɛɛ saa asɔfo yi se, “Wɔayi mo ne saa agyapade yi nyinaa asi nkyɛn sɛ ade kronkron ama Awurade. Saa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ yi yɛ koma pa mu afɔrebɔde a wɔde rema Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn.
29 Monhwɛ saa agyapadeɛ yi so yie, na momfa mma asɔfoɔ mpanin, Lewifoɔ ne Israel ntuanofoɔ wɔ adekoraeɛ a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu wɔ Yerusalem no.”
Monhwɛ saa agyapade yi so yiye, na momfa mma asɔfo mpanyin, Lewifo ne Israel ntuanofo wɔ adekorae a ɛwɔ Yerusalem asɔredan no mu no.”
30 Enti, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no gye too wɔn ho so sɛ, wɔde saa Onyankopɔn asɔre sika no bɛkɔ Yerusalem.
Enti asɔfo no ne Lewifo no gye too wɔn ho so sɛ wɔde saa Onyankopɔn asɔre sika no bɛkɔ Yerusalem.
31 Yɛfirii Ahawa Nsuka atenaeɛ hɔ Ab bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so dunkron, hyɛɛ aseɛ kɔɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa no bɔɔ yɛn ho ban, gyee yɛn firii atamfoɔ ne akwanmukafoɔ nsam.
Yefii Ahawa Suka atenae hɔ Ab ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so dunkron, sii mu kɔɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn nsa no bɔɔ yɛn ho ban, gyee yɛn fii atamfo ne akwamukafo nsam.
32 Enti, yɛkɔduruu Yerusalem dwoodwoo, homee hɔ nnansa.
Enti yekoduu Yerusalem dwoodwoo, homee wɔ hɔ nnansa.
33 Yɛduruiɛ no, ne nnanan so, wɔkarii dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenneɛ a aka no wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na wɔde hyɛɛ Uria babarima ɔsɔfoɔ Meremot ne Pinehas babarima Eleasa ne Yesua babarima Yosabad ne Binui babarima Noadia a wɔn baanu no yɛ Lewifoɔ no nsa.
Yeduu no, ne nnaanan so no, wɔkarii dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenne a aka no wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na wɔde hyɛɛ Uria babarima ɔsɔfo Meremot ne Pinehas babarima Eleasar ne Yesua babarima Yosabad ne Binui babarima Noadia a wɔn baanu no yɛ Lewifo no nsa.
34 Wɔkanee biribiara dodoɔ, karii ne mu duru, twerɛɛ biribiara.
Wɔkan biribiara dodow, karii mu duru, kyerɛw biribiara.
35 Na asutwafoɔ a wɔfiri nnommum mu baeɛ no de anantwie dumienu, nnwennini aduɔkron nsia ne nnwammaa aduɔson nson, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, maa Israel Onyankopɔn. Afei, wɔmaa mpapo dumienu sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Wɔde yeinom nyinaa baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, maa Awurade.
Na wɔn a wofi nnommum mu bae no de anantwi dumien, adwennini aduɔkron asia ne nguantenmma aduɔson ason, bɔɔ ɔhyew afɔre, maa Israel Nyankopɔn. Afei, wɔmaa mmirekyi dumien sɛ bɔne ho afɔrebɔde. Wɔde eyinom nyinaa bae sɛ ɔhyew afɔre maa Awurade.
36 Wɔde ɔhene no mmara no maa ne mpanimfoɔ ne amradofoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam, na wɔn nyinaa yɛɛ baako, boaa Onyankopɔn asɔredan no sie.
Wɔde ɔhene no mmara no maa ne mpanyimfo ne amradofo a wɔwɔ asu Eufrate agya no, na wɔn nyinaa yɛɛ baako boaa Onyankopɔn asɔredan no si.

< Ɛsra 8 >