< Ɛsra 6 >

1 Enti, ɔhene Dario hyɛɛ sɛ, wɔnkɔnpɛnsɛmpɛnsɛm Babilonia nneɛma dada akoraeɛ hɔ baabi a wɔkora nneɛma a ɛsom bo no.
于是大流士王降旨,要寻察典籍库内,就是在巴比伦藏宝物之处;
2 Na Ekbatana aban a ɛwɔ Mediaman no mu na wɔhunuu krataa mmobɔeɛ bi. Na emu nsɛm nie: Asɛnkaeɛ krataa:
在米底亚省亚马他城的宫内寻得一卷,其中记着说:
3 Ɔhene Kores dii adeɛ nʼafe a ɛdi so no, wɔhyɛɛ mmara faa Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho. Ɛkaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsane si no wɔ beaeɛ a na Yudafoɔ bɔ wɔn afɔdeɛ hɔ, wɔ fapem dada no so. Ɛsɛ sɛ ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔkron, na ne tɛtrɛtɛ mu nso yɛ anammɔn aduɔkron.
“塞鲁士王元年,他降旨论到耶路撒冷 神的殿,要建造这殿为献祭之处,坚立殿的根基。殿高六十肘,宽六十肘,
4 Aboɔ a wɔasiesie no sononko no ntosoɔ mmiɛnsa biara so no, ɛsɛ sɛ wɔde nnua gu so. Na adehyeɛ fotoɔ mu na wɔbɛfiri atua ho ka.
用三层大石头,一层新木头,经费要出于王库;
5 Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase firii Onyankopɔn asɔredan a ɛsi Yerusalem no mu de kɔɔ Babilonia no, ɛsɛ sɛ wɔsane de kɔ Yerusalem, de kɔgu Onyankopɔn asɔredan no mu sɛdeɛ na ɛteɛ no.
并且 神殿的金银器皿,就是尼布甲尼撒从耶路撒冷的殿中掠到巴比伦的,要归还带到耶路撒冷的殿中,各按原处放在 神的殿里。”
6 Na ɔhene Dario too saa nkra yi: Mede krataa yi kɔma amrado Tatenai a ɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam ne Setar-Bosnai ne mo mfɛfoɔ ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Eufrate atɔeɛ fam sɛ monnkɔ hɔ.
“现在河西的总督达乃和示他·波斯乃,并你们的同党,就是住河西的亚法萨迦人,你们当远离他们。
7 Monnkɔtwintwane Onyankopɔn asɔredan no sie. Wɔnsi no wɔ beaeɛ dada mu hɔ ara, na monntwintwane Yuda amrado ne Yudafoɔ mpanimfoɔ ananmu wɔ adwuma no yɛ mu.
不要拦阻 神殿的工作,任凭犹大人的省长和犹大人的长老在原处建造 神的这殿。
8 Na mesane hyɛ mo bio sɛ, mommoa saa Yudafoɔ mpanimfoɔ no wɔ Onyankopɔn asɔredan no sie mu. Ɛsɛ sɛ motua adansie no ho ka nyinaa firi me toɔ a mogyegye firi Eufrate asuogya hɔ, a monntwentwɛn so koraa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a adwuma no bɛkɔ so ama wɔawie.
我又降旨,吩咐你们向犹大人的长老为建造 神的殿当怎样行,就是从河西的款项中,急速拨取贡银作他们的经费,免得耽误工作。
9 Biribiara a ɛho hia asɔfoɔ a wɔwɔ Yerusalem, sɛ ebia, nantwie mma, nnwennini ne nnwammaa a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsorosoro no, momfa mma wɔn. Afei, momma wɔn atokoɔ, nkyene, nsã ne ngo a ɛho bɛhia wɔn da biara a monnto mu.
他们与天上的 神献燔祭所需用的公牛犊、公绵羊、绵羊羔,并所用的麦子、盐、酒、油,都要照耶路撒冷祭司的话,每日供给他们,不得有误;
10 Sɛ ɛba saa a, wɔbɛtumi abɔ afɔdeɛ a ɛsɔ ani ama ɔsorosoro Onyankopɔn, na wɔabɔ mpaeɛ ama me ne me mmammarima.
好叫他们献馨香的祭给天上的 神,又为王和王众子的寿命祈祷。
11 Wɔn a wɔbɛbu mmara no so wɔ ɛkwan biara so no, wɔbɛyi wɔn adan so mpunan. Na wɔde wɔn abobɔ mu, abɔ wɔn mmaa, ama wɔn afie adwiri, adane nkunkumasie.
我再降旨,无论谁更改这命令,必从他房屋中拆出一根梁来,把他举起,悬在其上,又使他的房屋成为粪堆。
12 Onyankopɔn a wayi Yerusalem kuro sɛ beaeɛ a wɔnhyɛ ne din animuonyam no nsɛe ɔhene anaa ɔman biara a wɔbɛbu ne mmara so asɛe asɔredan no. Me Dario na mahyɛ saa mmara yi. Ma ɔmanfoɔ ntie no aso pa mu.
若有王和民伸手更改这命令,拆毁这殿,愿那使耶路撒冷的殿作为他名居所的 神将他们灭绝。我—大流士降这旨意,当速速遵行。”
13 Na Tatenai a ɔyɛ asuo Eufrate atɔeɛ amrado ne Setar-Bosnai ne nʼafɛfoɔ dii Dario mmara a ɔhyɛeɛ no so prɛko pɛ.
于是,河西总督达乃和示他·波斯乃,并他们的同党,因大流士王所发的命令,就急速遵行。
14 Enti, Yudafoɔ mpanimfoɔ toaa wɔn dwumadie no so na asɛnka a adiyifoɔ Hagai ne Ido babarima Sakaria kaeɛ no hyɛɛ wɔn nkuran. Na, wɔwiee asɔredan no sie, sɛdeɛ, Israel Onyankopɔn hyɛeɛ na Kores, Dario ne Persiahene Artasasta hyɛɛ mmara no.
犹大长老因先知哈该和易多的孙子撒迦利亚所说劝勉的话就建造这殿,凡事亨通。他们遵着以色列 神的命令和波斯王塞鲁士、大流士、亚达薛西的旨意,建造完毕。
15 Wɔwiee asɔredan no sie Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so dumienu, wɔ ɔhene Dario ahennie mfeɛ nsia so.
大流士王第六年,亚达月初三日,这殿修成了。
16 Israelfoɔ, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne nnipa no nkaeɛ a wɔfiri asutwa mu aba no de ahosɛpɛ too Onyankopɔn asɔredan no din.
以色列的祭司和利未人,并其余被掳归回的人都欢欢喜喜地行奉献 神殿的礼。
17 Onyankopɔn asɔredan no dintoɔ afahyɛ no mu no, wɔde anantwie mma ɔha, nnwennini ahanu ne nnwammaa ahanan bɔɔ afɔdeɛ. Na wɔmaa mmirekyie dumienu sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ, de gyinaa hɔ maa Israel mmusuakuo dumienu no.
行奉献 神殿的礼就献公牛一百只,公绵羊二百只,绵羊羔四百只,又照以色列支派的数目献公山羊十二只,为以色列众人作赎罪祭;
18 Afei, wɔkyekyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no mu, sɛdeɛ wɔn akuo ahodoɔ teɛ no, ma wɔsomm wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu wɔ Yerusalem, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose Nwoma mu no.
且派祭司和利未人按着班次在耶路撒冷事奉 神,是照摩西律法书上所写的。
19 Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so aduonu baako no, wɔn a wɔatwa wɔn asu no a wɔasane aba no dii Twam Afahyɛ.
正月十四日,被掳归回的人守逾越节。
20 Asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, ma wɔn ho te maa afahyɛ no. Enti, wɔkumm Twam Afahyɛ dwammaa maa wɔn a wɔtwaa wɔn asu no a wɔasane aba no nyinaa ne asɔfoɔ a wɔaka ne wɔn ankasa wɔn ho.
原来,祭司和利未人一同自洁,无一人不洁净。利未人为被掳归回的众人和他们的弟兄众祭司,并为自己宰逾越节的羊羔。
21 Nnipa a wɔwɔ Israel a wɔfiri asutwa mu aba no ne nnipa no nkaeɛ a wɔwɔ ɔman no mu no a wɔadane afiri wɔn amumuyɛ akwan ho abɛsom Awurade Israel Onyankopɔn no na wɔdii twam aduane no.
从掳到之地归回的以色列人和一切除掉所染外邦人污秽、归附他们、要寻求耶和华—以色列 神的人都吃这羊羔,
22 Wɔdii Twam Afahyɛ aduane no, ɛnna wɔde nnanson nso dii Apiti Afahyɛ no. Ahosɛpɛ baa ɔman no mu afanan nyinaa, ɛfiri sɛ, Awurade sesaa Asiriahene adwene a ɔwɔ wɔ wɔn ho, ma ɔboaa wɔn ma wɔsii Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, asɔredan no.
欢欢喜喜地守除酵节七日;因为耶和华使他们欢喜,又使亚述王的心转向他们,坚固他们的手,作以色列 神殿的工程。

< Ɛsra 6 >