< Ɛsra 4 >
1 Yuda ne Benyamin atamfoɔ no tee sɛ wɔn a wɔatwa wɔn asuo no resiesie Awurade, Israel Onyankopɔn, asɔredan no.
А кад чуше непријатељи Јудини и Венијаминови да они који се вратише из ропства зидају цркву Господу Богу Израиљевом,
2 Enti, wɔkɔɔ Serubabel ne ntuanofoɔ no a aka no nkyɛn, na wɔkaa sɛ, “Momma yɛne mo nsi, ɛfiri sɛ, yɛsom mo Onyankopɔn sɛdeɛ mosom no no. Ɛfiri ɛberɛ a Asiriahene Esarhadon de yɛn baa ha yi, yɛabɔ afɔdeɛ ama no.”
Дођоше к Зоровавељу и ка главарима домова отачких, и рекоше им: Да и ми зидамо с вама, јер ћемо као и ви тражити Бога вашег, и Њему приносимо жртве од времена Есарадона, цара асирског, који нас је довео овамо.
3 Na Serubabel, Yesua ne Israel ntuanofoɔ bi buaa sɛ, “Monni kyɛfa wɔ saa dwuma yi die mu, ɛfiri sɛ, yɛne mo nni hwee yɛ. Yɛn nko ara na yɛbɛsi Awurade, Israel Onyankopɔn asɔredan no sɛdeɛ Persiahene Kores ahyɛ yɛn no.”
А Зоровавељ и Исус и остали главари домова отачких у Израиљу рекоше им: Не можете ви с нама зидати дом Богу нашем, него ћемо ми сами зидати Господу Богу Израиљевом, како нам је заповедио Кир, цар персијски.
4 Na ɔmanfoɔ no pɛɛ sɛ wɔbu Yudafoɔ no aba mu na wɔhunahunaa wɔn adwuma no yɛ ho.
Тада народ земаљски досађиваше народу Јудином и сметаше их у зидању;
5 Wɔhyɛɛ ananmusifoɔ bi afonom sɛ wɔntia wɔn na wɔnsɛe wɔn botaeɛ. Yei kɔɔ so wɔ Persiahene Kores ahennie nyinaa mu, kɔsii ɛberɛ a Persiahene Dario bɛdii ahennwa no.
И наимаху саветнике супрот њима да расипају намеру њихову свега времена Кира, цара персијског, до владе Дарија, цара персијског.
6 Ɛberɛ a Ahasweros dii adeɛ mfeɛ kakra bi akyi no, Yudafoɔ atamfoɔ twerɛɛ no krataa, bɔɔ kwaadu tiaa Yuda ne Yerusalem.
А кад се зацари Асвир, у почетку његовог царовања написаше тужбу на становнике јудејске и јерусалимске.
7 Na ɛno akyi no mpo, Persiahene Artasasta berɛ so no, Yuda atamfoɔ a Bislam, Mitredat ne Tabeel di animu, twerɛɛ krataa wɔ Arameike kasa mu kɔmaa Artasasta, na wɔkyerɛɛ aseɛ kyerɛɛ ɔhene no.
И за времена Артаксерксовог писа Вислам, Митредат, Тавеило и остали другови његови Артаксерксу цару персијском; а књига беше писана сирским писмом и сирским језиком.
8 Amrado Rehum ne Simsai a ɔyɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ twerɛɛ krataa kɔkyerɛɛ ɔhene Artasasta sɛdeɛ ɔman Yerusalem mu teɛ.
Реум старешина у већу и Симсај писар написаше једну књигу против Јерусалима цару Артаксерксу овако:
9 Wɔkyeaa ɔhene no, ma ɛkɔtoo wɔn adɔmfoɔ, atemmufoɔ ne ɔman no mu ntuanofoɔ, Tarpela ɔmanfoɔ, Persiafoɔ, Babiloniafoɔ ne Elamfoɔ.
Реум старешина у већу и Симсај писар и остали другови њихови, Дињани, Афарсашани, Тарфаљани, Афаршани, Архевљани, Вавилоњани, Сусанашани, Деављани, Еламљани,
10 Wɔsane kyeaa nnipa a aka no a ɔkɛseɛ ne otitire Asurbanipa atwa wɔn asuo, de wɔn akɔgu Samaria ne nsase a atwa hɔ ahyia wɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no so no.
И остали народ који пресели велики и славни Асенафар и насели по градовима самаријским, и остали с ове стране реке, тада и тада.
11 Yei yɛ krataa no nsɛso a wɔde kɔmaa no: Ɛfiri wʼasomfoɔ nokwafoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no nkyɛn de kɔma Artasasta:
Ово је препис од књиге коју му послаше: Цару Артаксерксу. Слуге твоје, људи с ове стране реке, тада и тада.
12 Yɛsrɛ wo, yɛrebɔ wo amaneɛ sɛ, Yudafoɔ a wɔfiri Babilonia baa Yerusalem ha no resiesie adɔnyɛfoɔ ne abɔnefoɔ kuro no. Wɔato afasuo no fapem dada, na ɛrenkyɛre na wɔawie.
Да је на знање цару да Јудејци који пођоше од тебе к нама, дођоше у Јерусалим, и град одметнички и опаки зидају, зидове оправљају и из темеља подижу.
13 Na yɛpɛ sɛ wote sɛ, sɛ wɔsiesie kuro yi ne nʼafasuo no wie a, ɛremmoa wo koraa, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ no rentua wɔn toɔ ne adwadeɛ biara mma wo.
Него да је на знање цару: ако се овај град сазида и зидови оправе, они неће давати данка ни порезе ни царине, те ће бити штета ризници царској.
14 Esiane sɛ yɛyɛ wʼasomfoɔ nokwafoɔ enti, yɛmpɛ sɛ wʼanim bɛgu ase wɔ saa kwan yi so, enti na yɛrebɔ wo saa amaneɛ yi.
Што дакле плату од двора примамо, те нам не приличи да гледамо штету цареву, тога ради шаљемо и јављамо цару,
15 Yɛpɛ sɛ wohwehwɛ wʼagyanom nkrataa mu, hunu sɛdeɛ saa kuro yi yɛɛ adɔnyɛ kuro tete no. Nokorɛ nie, wɔsɛee no, ɛsiane abakɔsɛm tenten a ɛda hɔ sɛ wɔsɔre tiaa ahemfo ne aman a wɔpɛɛ sɛ wɔdi wɔn so no enti.
Да се потражи у књизи дневника отаца твојих, па ћеш наћи у књизи дневника и дознати да је овај град одметнички и да је на штету царевима и земљама и да су се у њему дизале буне од давнина, те зато би раскопан овај град.
16 Yɛpae mu ka sɛ, sɛ wɔsiesie kuro yi na wɔwie nʼafasuo no a, wobɛhwere asuo Eufrate atɔeɛ fam asase no.
Дајемо на знање цару: ако се овај град сазида и зидови се његови оправе, онда овај део преко реке неће више бити твој.
17 Artasasta mmuaeɛ nie: Mede krataa yi kɔma amrado Rehum, asɛnniiɛ twerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ a wɔte Samaria ne wɔn a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam nyinaa.
Тада цар посла одговор Реуму, старешини у већу и Симсају писару и осталим друговима њиховим који сеђаху у Самарији и осталим с оне стране реке: Поздравље, тада и тада.
18 Mekyea mo nyinaa. Krataa a motwerɛeɛ no, wɔakyerɛ aseɛ, akenkan akyerɛ me.
Књига коју нам посласте разговетно би прочитана преда мном.
19 Mahyɛ sɛ, wɔnkɔyɛ nkrataa mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu, na mahunu sɛ, ampa ara, mmerɛ bi a atwam no, na Yerusalem yɛ adɔnyɛman a ɛtiaa ahemfo bebree. Nokorɛm, sɛ wɔsɔre tia tumi, na ɔmantuguo yɛ adeɛ a wɔyɛ daa wɔ hɔ.
И заповедих те потражише и нађоше да је тај град од давнина устајао на цареве и да су у њему бивали одмети и буне,
20 Ahemfo atumfoɔ a adi adeɛ Yerusalem ne asuo Eufrate atɔeɛ fam nyinaa agye toɔ ne adwadeɛ bebree.
И да су силни цареви бивали у Јерусалиму, који владаху свим што је преко реке, и даваху им се данци и порезе и царине.
21 Ɛno enti, hyɛ na saa nnipa yi nnyae wɔn adwuma. Ɛnsɛ sɛ wɔsiesie kuro no, gye sɛ mema ho kwan.
Зато наредите да се забрани оним људима да се онај град не зида докле ја не заповедим.
22 Monntwentwɛn so koraa, ɛfiri sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma asɛm no gye nsam.
И пазите да не погрешите у том. Јер зашто би зло расло на штету царевима?
23 Ɛberɛ a wɔkenkan saa krataa a ɛfiri ɔhene Artasasta nkyɛn kyerɛɛ Rehum, Simsai ne wɔn mfɛfoɔ no, wɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Yerusalem kɔhyɛɛ Yudafoɔ, ma wɔgyaee dansie no.
А кад се препис од књиге цара Артаксеркса прочита пред Реумом и Симсајем писарем и пред друговима њиховим, они брже отидоше у Јерусалим к Јудејцима, те им забранише оружаном силом.
24 Wɔgyaee Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho adwumayɛ, wɔ deɛ aduru hɔ ara, kɔsii Persiahene Dario ahennie mfeɛ a ɛtɔ so mmienu so.
Тада стаде посао око дома Божијег у Јерусалиму, и стаја до друге године царовања Дарија, цара персијског.