< Ɛsra 3 >

1 Bosome a ɛtɔ so nson ahyɛaseɛ a Israelfoɔ abɔ atenaseɛ wɔ wɔn nkuro mu no, nnipa no nyinaa hyiaa sɛ nnipa korɔ wɔ Yerusalem.
Jamque venerat mensis septimus, et erant filii Israël in civitatibus suis: congregatus est ergo populus quasi vir unus in Jerusalem.
2 Na Yosadak babarima Yesua ne nʼafɛfoɔ asɔfoɔ ne Sealtiel babarima Serubabel ne nʼabusuafoɔ hyɛɛ aseɛ siesiee Israel Onyankopɔn afɔrebukyia no, sɛdeɛ wɔbɛtumi abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so, sɛdeɛ wɔahyɛ wɔ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no mmara mu no.
Et surrexit Josue filius Josedec, et fratres ejus sacerdotes, et Zorobabel filius Salathiel, et fratres ejus, et ædificaverunt altare Dei Israël ut offerrent in eo holocautomata, sicut scriptum est in lege Moysi viri Dei.
3 Ɛwom sɛ na nkurɔfoɔ no suro amannifoɔ a wɔtete hɔ no deɛ, nanso wɔsane sii afɔrebukyia no wɔ ne dada mu hɔ. Ɛhɔ ara na wɔhyɛɛ aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Wɔyɛɛ saa anɔpa ne anwummerɛ biara.
Collocaverunt autem altare Dei super bases suas, deterrentibus eos per circuitum populis terrarum: et obtulerunt super illud holocaustum Domino mane et vespere.
4 Wɔdii Asese Afahyɛ no sɛdeɛ wɔakyerɛ wɔ Mose mmara nwoma no mu no, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ afahyɛ da biara deɛ teɛ no.
Feceruntque solemnitatem tabernaculorum, sicut scriptum est, et holocaustum diebus singulis per ordinem secundum præceptum opus diei in die suo.
5 Afei, wɔbɔɔ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne afɔdeɛ a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ no ne mfeɛ ahodoɔ afahyɛ de maa Awurade. Na nnipa no bɔɔ ɔpɛ pa mu afɔdeɛ nso de maa Awurade.
Et post hæc holocaustum juge, tam in calendis quam in universis solemnitatibus Domini quæ erant consecratæ, et in omnibus in quibus ultro offerebatur munus Domino.
6 Aka dadu nnanum na Dwanekɔbea Afahyɛ no aduru so no, asɔfoɔ no hyɛɛ aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Wɔhyɛɛ yei nso ase ansa na wɔreto Awurade asɔredan no fapem.
A primo die mensis septimi cœperunt offerre holocaustum Domino: porro templum Dei nondum fundatum erat.
7 Na wɔbɔɔ adansifoɔ ne nnua adwumfoɔ paa na wɔtɔɔ ntweneduro nnua firi Tirofoɔ ne Sidonfoɔ nkyɛn, na wɔde nnuane, nsã ne ngo tuaa wɔn ka. Wɔde nnua no firi Lebanon mmepɔ so guu Ɛpo Kɛseɛ ani baa Yopa, a na ɔhene Kores ama ho ɛkwan.
Dederunt autem pecunias latomis et cæmentariis: cibum quoque, et potum, et oleum Sidoniis Tyriisque, ut deferrent ligna cedrina de Libano ad mare Joppe, juxta quod præceperat Cyrus rex Persarum eis.
8 Wɔhyɛɛ Onyankopɔn asɔredan no sie ase wɔ bosome a ɛtɔ so mmienu mu wɔ afeɛ a ɛtɔ so mmienu firi ɛberɛ a wɔkɔduruu Yerusalem no. Wɔn a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nyinaa yɛɛ ho adwumayɛfoɔ a Sealtiel babarima Serubabel, Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfoɔ asɔfoɔ ne Lewifoɔ nyinaa nso ka ho. Lewifoɔ a na wɔadi mfeɛ aduonu ne wɔn a wɔboro saa no na wɔde Awurade asɔredan no nsiesie hyɛɛ wɔn nsa.
Anno autem secundo adventus eorum ad templum Dei in Jerusalem, mense secundo, cœperunt Zorobabel filius Salathiel, et Josue filius Josedec, et reliqui de fratribus eorum sacerdotes, et Levitæ, et omnes qui venerant de captivitate in Jerusalem, et constituerunt Levitas a viginti annis et supra, ut urgerent opus Domini.
9 Yesua ne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ ne Kadmiel ne ne mmammarima ne Hodawia asefoɔ nyinaa na wɔde Onyankopɔn asɔredan ho adwumayɛfoɔ hyɛɛ wɔn nsa sɛ, wɔnhwɛ wɔn so. Henadad abusuafoɔ Lewifoɔ na wɔboaa wɔn saa dwumadie yi mu.
Stetitque Josue et filii ejus et fratres ejus, Cedmihel et filii ejus, et filii Juda, quasi vir unus, ut instarent super eos qui faciebant opus in templo Dei: filii Henadad, et filii eorum, et fratres eorum Levitæ.
10 Ɛberɛ a adansifoɔ no wiee Awurade asɔredan no fapem no, asɔfoɔ no hyɛɛ wɔn asɔfotadeɛ, kɔtenaa wɔn tenaberɛ, hyɛnee wɔn totorobɛnto. Na Asaf asefoɔ Lewifoɔ no bɔɔ wɔn kyankyan de kamfoo Awurade sɛdeɛ na ɔhene Dawid ahyɛ no pɛpɛɛpɛ.
Fundato igitur a cæmentariis templo Domini, steterunt sacerdotes in ornatu suo cum tubis, et Levitæ filii Asaph in cymbalis, ut laudarent Deum per manus David regis Israël.
11 Wɔde nkamfoɔ ne aseda too saa dwom yi maa Awurade sɛ: “Ɔyɛ, Na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa ma Israel afebɔɔ!” Na ɔmanfoɔ no nyinaa teaam ahoɔden so, de kamfoo Awurade, ɛfiri sɛ, Awurade asɔredan fapem no, wɔato.
Et concinebant in hymnis, et confessione Domino: Quoniam bonus, quoniam in æternum misericordia ejus super Israël. Omnis quoque populus vociferabatur clamore magno in laudando Dominum, eo quod fundatum esset templum Domini.
12 Asɔfoɔ mpanimfoɔ no bebree ne Lewifoɔ ne ntuanofoɔ no kaee asɔredan a ɛdi ɛkan no, wɔsuiɛ ɛberɛ a wɔhunuu asɔredan foforɔ no fapem a wɔato no. Na afoforɔ nso teateaam anigyeɛ so.
Plurimi etiam de sacerdotibus et Levitis, et principes patrum, et seniores, qui viderant templum prius cum fundatum esset, et hoc templum, in oculis eorum, flebant voce magna: et multi vociferantes in lætitia, elevabant vocem.
13 Anigyeɛ nteateamu ne osu a ɛne no adi afra no, ano yɛɛ den, na nnipa tee no akyirikyiri.
Nec poterat quisquam agnoscere vocem clamoris lætantium, et vocem fletus populi: commistim enim populus vociferabatur clamore magno, et vox audiebatur procul.

< Ɛsra 3 >