< Ɛsra 10 >

1 Ɛberɛ a Ɛsra bɔɔ mpaeɛ, kaa saa bɔne yi no, na ɔresu de ne ho toto fam wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na nnipadɔm a wɔyɛ Israelfoɔ, mmarima, mmaa ne mmɔfra bɛkaa ne ho ne no twaa adwo.
While Ezra prayed and made this confession, weeping and falling facedown before the house of God, a very large assembly of Israelites—men, women, and children—gathered around him, and the people wept bitterly as well.
2 Na Yehiel babarima Sekania a ɔyɛ Elam aseni no ka kyerɛɛ Ɛsra sɛ, “Yɛpae mu ka sɛ yɛanni yɛn Onyankopɔn nokorɛ, ɛfiri sɛ, yɛawareware abosonsomfoɔ mmaa a wɔwɔ asase no so. Nanso, yei akyi no, anidasoɔ wɔ hɔ ma Israel.
Then Shecaniah son of Jehiel, an Elamite, said to Ezra: “We have been unfaithful to our God by marrying foreign women from the people of the land, yet in spite of this, there is hope for Israel.
3 Afei, momma yɛne yɛn Onyankopɔn nyɛ apam, na yɛnnyaa yɛn yerenom abosonsomfoɔ no awadeɛ, na yɛmpam wɔne wɔn mma. Yɛbɛtie afotuo a wo ne afoforɔ a wɔdi yɛn Onyankopɔn mmara no so de ama yɛn. Yɛbɛdi Onyankopɔn mmara no so.
So now let us make a covenant before our God to send away all the foreign wives and their children, according to the counsel of my lord and of those who tremble at the command of our God. Let it be done according to the Law.
4 Ma wo bo nyɛ duru, ɛfiri sɛ, ɛyɛ wʼasɛdeɛ sɛ wokyerɛ yɛn ɛkwan a yɛbɛfa so ama biribiara akɔ so tee, na yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛboa.”
Get up, for this matter is your responsibility, and we will support you. Be strong and take action!”
5 Na Ɛsra sɔre gyinaeɛ, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfoɔ no ntuanofoɔ, Lewifoɔ ne Israelfoɔ nyinaa nka ntam sɛ, wɔbɛyɛ deɛ Sekania aka no. Na wɔn nyinaa kaa ntam a ano yɛ den.
So Ezra got up and made the leading priests, Levites, and all Israel take an oath to do what had been said. And they took the oath.
6 Na Ɛsra sɔre firii Onyankopɔn Asɔredan no anim kɔɔ Eliasib babarima Yehohanan dan mu. Ɔdaa hɔ, nanso wannidi annom. Na ɔda so di awerɛhoɔ ɛsiane asutwafoɔ a wɔasane aba no nokorɛ a wɔannie no enti.
Then Ezra withdrew from before the house of God and walked to the chamber of Jehohanan son of Eliashib. And while he stayed there, he ate no food and drank no water, because he was mourning over the unfaithfulness of the exiles.
7 Afei, wɔbɔɔ dawuro Yuda ne Yerusalem nyinaa sɛ, asutwafoɔ a wɔasane aba no nyinaa mmra Yerusalem.
And a proclamation was issued throughout Judah and Jerusalem that all the exiles should gather at Jerusalem.
8 Na wɔn a wɔamma nnansa ntam no, sɛ ntuanofoɔ ne mpanimfoɔ pɛ a, wɔde wɔn nsa bɛto wɔn agyapadeɛ so, na wɔapam wɔn afiri asutwafoɔ no mu.
Whoever failed to appear within three days would forfeit all his property, according to the counsel of the leaders and elders, and would himself be expelled from the assembly of the exiles.
9 Nnansa ntam no, na Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ aboa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Asɛm yi sii wɔ Kislew bosome (bɛyɛ Ɔpɛnima) da a ɛtɔ so dunkron, na wɔn nyinaa tenatenaa adwaberem hɔ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na wɔn ho repopo, ɛfiri sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, na asɛm no mu yɛ duru, na deɛ ɛtɔ so mmienu no, na osuo nso retɔ.
So within the three days, all the men of Judah and Benjamin assembled in Jerusalem, and on the twentieth day of the ninth month, all the people sat in the square at the house of God, trembling regarding this matter and because of the heavy rain.
10 Na ɔsɔfoɔ Ɛsra sɔre gyina kaa sɛ, “Moayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, moawareware abosonsomfoɔ mmaa. Enti seesei, yɛwɔ afɔbuo a ano yɛ den mu sene kane deɛ no.
Then Ezra the priest stood up and said to them, “You have been unfaithful by marrying foreign women, adding to the guilt of Israel.
11 Mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, na monyɛ nʼapɛdeɛ. Monte mo ho mfiri nnipa a wɔwɔ asase no so ne abosonsomfoɔ mmaa no ho.”
Now, therefore, make a confession to the LORD, the God of your fathers, and do His will. Separate yourselves from the people of the land and from your foreign wives.”
12 Afei badwa no nyinaa maa wɔn nne so kaa sɛ, “Ampa, wʼasɛm no yɛ nokorɛ. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ woaka no.
And the whole assembly responded in a loud voice: “Truly we must do as you say!
13 Wɔtoaa so sɛ: Yei nyɛ da koro anaa nnanu adwuma, ɛfiri sɛ, yɛn mu bebree na saa bɔne kɛseɛ yi ka yɛn. Saa ɛberɛ yi yɛ osutɔberɛ, enti yɛrentumi ntena ha nkyɛre.
But there are many people here, and it is the rainy season. We are not able to stay out in the open. Nor is this the work of one or two days, for we have transgressed greatly in this matter.
14 Momma yɛn mpanimfoɔ nsi yɛn anan nyɛ biribiara. Obiara a ɔware ɔbosonsomni baa no ne ntuanofoɔ ne atemmufoɔ a wɔwɔ kuro yi mu bɛhyia ɛberɛ a yɛahyɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuhyeɛ a ɛfa saa asɛm yi ho no bɛfiri yɛn so.”
Let our leaders represent the whole assembly. Then let everyone in our towns who has married a foreign woman come at an appointed time, together with the elders and judges of each town, until the fierce anger of our God in this matter is turned away from us.”
15 Asahel babarima Yonatan ne Tikwa babarima Yahasia na wɔtiaa saa asɛm yi mu, na Mesulam ne Sabetai a ɔyɛ Lewini no foaa wɔn so.
(Only Jonathan son of Asahel and Jahzeiah son of Tikvah, supported by Meshullam and Shabbethai the Levite, opposed this plan.)
16 Enti, yei ne nhyehyɛeɛ a wɔfaa so. Ɛsra yii ntuanofoɔ maa wɔsii wɔn mmusua anan, na ɔde edin bi too ntuanoni biara so. Bosome Kislew (bɛyɛ Ɔpɛnimaa) da a ɛtɔ so aduonu nkron no, ntuanofoɔ no tenaa ase hwehwɛɛ asɛm no mu.
So the exiles did as proposed. Ezra the priest selected men who were family heads, each of them identified by name, to represent their families. On the first day of the tenth month they launched the investigation,
17 Afe a ɛdi so no mu, Abib bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so aduonu nson no na wɔawie mmarima a wɔawareware abosonsomfoɔ mmaa no nyinaa ho asɛnka.
and by the first day of the first month they had dealt with all the men who had married foreign women.
18 Asɔfoɔ a na wɔawareware abosonsomfoɔ no din nie: Yosadak babarima Yesua ne ne nuammarimanom: Maaseia, Elieser, Yarib ne Gedalia.
Among the descendants of the priests who had married foreign women were found these descendants of Jeshua son of Jozadak and his brothers: Maaseiah, Eliezer, Jarib, and Gedaliah.
19 Wɔkaa ntam sɛ wɔbɛgyaa wɔn yerenom, wɔn mu biara gyee nʼafɔdie too mu, na wɔde nnwennini bɛbɔɔ ɛfɔdie ho afɔdeɛ.
They pledged to send their wives away, and for their guilt they presented a ram from the flock as a guilt offering.
20 Imer abusua mu no: Hanani ne Sebadia.
From the descendants of Immer: Hanani and Zebadiah.
21 Harim abusua mu no: Maaseia, Elia, Semaia, Yehiel ne Usia.
From the descendants of Harim: Maaseiah, Elijah, Shemaiah, Jehiel, and Uzziah.
22 Pashur abusua mu no: Elioenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa.
From the descendants of Pashhur: Elioenai, Maaseiah, Ishmael, Nethanel, Jozabad, and Elasah.
23 Yeinom ne Lewifoɔ a na afɔdie da wɔn so: Yosabad, Simei, Kelaia, Kelita, Petahia, Yuda ne Elieser.
Among the Levites: Jozabad, Shimei, Kelaiah (that is, Kelita), Pethahiah, Judah, and Eliezer.
24 Dwomtofoɔ a na afɔdie da ne so no yɛ: Eliasib. Yeinom ne aponoanohwɛfoɔ a na afɔdie da wɔn so: Salum, Telem ne Uri.
From the singers: Eliashib. From the gatekeepers: Shallum, Telem, and Uri.
25 Yeinom ne nnipa bi a wɔyɛ Israelfoɔ a na afɔdie da wɔn so: Paros abusua mu no: Ramia, Yisia, Malkia, Miamin, Eleasa, Malkia ne Benaia.
And among the other Israelites, from the descendants of Parosh: Ramiah, Izziah, Malchijah, Mijamin, Eleazar, Malchijah, and Benaiah.
26 Elam abusua mu no: Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia.
From the descendants of Elam: Mattaniah, Zechariah, Jehiel, Abdi, Jeremoth, and Elijah.
27 Satu abusua mu no: Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa.
From the descendants of Zattu: Elioenai, Eliashib, Mattaniah, Jeremoth, Zabad, and Aziza.
28 Bebai abusua mu no: Yehohanan, Hanania, Sabai ne Atlai.
From the descendants of Bebai: Jehohanan, Hananiah, Zabbai, and Athlai.
29 Bani abusua mu no: Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal ne Yeremot.
From the descendants of Bani: Meshullam, Malluch, Adaiah, Jashub, Sheal, and Jeremoth.
30 Pahat-Moab abusua mu no: Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besaleel, Binui ne Manase.
From the descendants of Pahath-moab: Adna, Chelal, Benaiah, Maaseiah, Mattaniah, Bezalel, Binnui, and Manasseh.
31 Harim abusua mu no: Elieser, Yisia, Malkia Semaia ne Simeon.
From the descendants of Harim: Eliezer, Isshijah, Malchijah, Shemaiah, Shimeon,
32 Benyamin, Maluk ne Semaria.
Benjamin, Malluch, and Shemariah.
33 Hasum abusua mu no: Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase ne Simei.
From the descendants of Hashum: Mattenai, Mattattah, Zabad, Eliphelet, Jeremai, Manasseh, and Shimei.
34 Bani abusua mu no: Maadai, Amram ne Uel,
From the descendants of Bani: Maadai, Amram, Uel,
35 Benaia, Bedeia, Keluhi,
Benaiah, Bedeiah, Cheluhi,
36 Wania, Meremot, Eliasib,
Vaniah, Meremoth, Eliashib,
37 Matania, Matenai ne Yaasu.
Mattaniah, Mattenai, and Jaasu.
38 Binui abusua mu no: Simei,
From the descendants of Binnui: Shimei,
39 Selemia, Natan, Adaia,
Shelemiah, Nathan, Adaiah,
40 Maknadebai, Sasai, Sarai,
Machnadebai, Shashai, Sharai,
41 Asarel, Selemia, Semaria,
Azarel, Shelemiah, Shemariah,
42 Salum, Amaria ne Yosef.
Shallum, Amariah, and Joseph.
43 Nebo abusua mu no: Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoɛl ne Benaia.
And from the descendants of Nebo: Jeiel, Mattithiah, Zabad, Zebina, Jaddai, Joel, and Benaiah.
44 Na mmarima yi mu biara aware ɔbosonsomni baa a na wɔn mu bi mpo ne wɔn yerenom yi wɔ mma.
All these men had married foreign women, and some of them had children by these wives.

< Ɛsra 10 >