< Hesekiel 8 >
1 Afe a ɛtɔ so nsia mu, abosome nsia no ɛda a ɛtɔ so enum a na mete me fie na Yuda mpanimfoɔ tete mʼanim no, Otumfoɔ Awurade nsa baa me so wɔ hɔ.
Et il arriva, en la sixième année, au sixième [mois], le cinquième [jour] du mois, qu’étant assis dans ma maison, et les anciens de Juda étant assis devant moi, la main du Seigneur, l’Éternel, tomba là sur moi.
2 Mehwɛeɛ na mehunuu biribi a ɛte sɛ onipa. Ɛfiri baabi reba, a ayɛ sɛ nʼasene mu rekɔ ne fam no, na ɔte sɛ ogya, na ɛfiri hɔ rekɔ ne soro no, na ne tebea hyerɛn sɛ dadeɛ a adɔ.
Et je vis, et voici une ressemblance comme l’aspect d’un feu: depuis l’aspect de ses reins vers le bas, c’était du feu; et depuis ses reins vers le haut, c’était comme l’aspect d’une splendeur, comme l’apparence de l’airain luisant.
3 Ɔtenee biribi te sɛ nsa de sɔɔ me tirinwi mu faa me. Afei honhom no pagyaa me de me kɔɔ ewiem na ɛde me wuraa Onyankopɔn anisoadehunu mu kɔɔ Yerusalem kɔgyinaa mfimfini adihɔ no atifi ɛpono ano, baabi a ohoni a ɛyɛ ninkunutweɛ farebae no sie.
Et il étendit la forme d’une main, et me prit par les boucles de ma tête; et l’Esprit m’éleva entre la terre et les cieux, et m’emmena à Jérusalem, dans les visions de Dieu, à l’entrée de la porte intérieure qui regarde vers le nord, où était le siège de l’idole de jalousie qui provoque à la jalousie.
4 Na ɛhɔ, mʼanim no na na Israel Onyankopɔn animuonyam wɔ, te sɛ anisoadehunu a menyaa no wɔ ɛserɛ so no.
Et voici, là était la gloire du Dieu d’Israël, selon la vision que j’avais vue dans la vallée.
5 Afei, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, hwɛ atifi fam hɔ.” Na mehwɛeɛ, na ɛpono a ɛwɔ afɔrebukyia no atifi fam no mu, mehunuu saa ninkuntwe farebae ohoni yi.
Et il me dit: Fils d’homme, lève tes yeux vers le nord. Et je levai mes yeux vers le nord; et voici, au nord de la porte de l’autel, cette idole de jalousie, à l’entrée.
6 Ɔkaa kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, wohunu deɛ wɔreyɛ yi, akyiwadeɛ a ɛmfra, a Israel fie reyɛ wɔ ha yi, nneɛma a ɛbɛpam me afiri me kronkronbea akɔ akyirikyiri yi? Nanso wobɛhunu nneɛma a ɛsene akyiwadeɛ yi koraa.”
Et il me dit: Fils d’homme, vois-tu ce qu’ils font, les grandes abominations que la maison d’Israël commet ici, pour m’éloigner de mon sanctuaire? Et tu verras encore de grandes abominations.
7 Afei, ɔde me baa adihɔ hɔ ɛpono no ano. Mehwɛeɛ na mehunuu tokuro wɔ ɔfasuo no mu.
Et il me mena à l’entrée du parvis; et je regardai, et voici, un trou dans le mur.
8 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, bɔ ɔfasuo no mu tokuro.” Enti mebɔɔ ɔfasuo no mu tokuro, na mehunuu ɛpono ano kwan bi wɔ hɔ.
Et il me dit: Fils d’homme, perce le mur. Et je perçai le mur, et voici, une porte.
9 Ɔkaa kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ mu na kɔhwɛ atirimuɔdensɛm ne akyiwadeɛ a wɔreyɛ wɔ ha.”
Et il me dit: Entre, et regarde les mauvaises abominations qu’ils commettent ici.
10 Enti mekɔɔ mu kɔhwɛeɛ, na mehunuu afasuo a wɔayɛ mmoa a wɔwea ahodoɔ nyinaa ne mmoa a wɔyɛ akyiwadeɛ ne Israel fie ahoni ahodoɔ nyinaa mfoni wɔ ho nyinaa.
Et j’entrai, et je regardai; et voici toute [sorte] de figures de reptiles, et de bêtes exécrables, et toutes les idoles de la maison d’Israël tracées sur le mur, tout autour;
11 Wɔn anim na na Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrawantrawa a aduhwam wisie hwamhwam firi so rekɔ soro.
et 70 hommes d’entre les anciens de la maison d’Israël se tenaient devant elles, et au milieu d’eux se tenait Jaazania, fils de Shaphan: chacun avait son encensoir dans sa main, et il montait une épaisse nuée d’encens.
12 Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba woahunu deɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ reyɛ wɔ esum no mu. Obiara wɔ nʼankasa ahoni abosonnan mu. Wɔka sɛ, ‘Awurade nhunu yɛn; Awurade agya asase no!’”
Et il me dit: As-tu vu, fils d’homme, ce que les anciens de la maison d’Israël font dans les ténèbres, chacun dans leurs cabinets d’images? Car ils disent: L’Éternel ne nous voit pas, l’Éternel a abandonné le pays.
13 Ɔkaa bio sɛ, “Wobɛhunu sɛ wɔreyɛ nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ a mpo ɛsene yei.”
Et il me dit: Tu verras encore de grandes abominations qu’ils commettent.
14 Afei ɔde me baa Awurade efie no atifi ɛpono no kwan ano, na mehunuu mmaa a wɔtete hɔ resu Tamus.
Puis il me mena à l’entrée de la porte de la maison de l’Éternel, qui est vers le nord; et voici des femmes assises là, pleurant Thammuz.
15 Ɔbisaa me sɛ, “Wohunu yei onipa ba? Wobɛhunu nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ a ɛsene yei.”
Et il me dit: As-tu vu, fils d’homme? Tu verras encore des abominations plus grandes que celles-là.
16 Afei, ɔde me baa Awurade efie adihɔ a ɛwɔ mfimfini no, na ɛhɔ, asɔrefie no ano kwan, wɔ abrannaa ne afɔrebukyia no ntam, na ɛhɔ na mmarimma bɛyɛ aduonu enum wɔ. Wɔn akyi kyerɛ Awurade asɔredan na wɔn anim kyerɛ apueeɛ fam no, na wɔrekoto som owia a ɛwɔ apueeɛ fam.
Puis il me fit entrer au parvis intérieur de la maison de l’Éternel; et voici, à l’entrée du temple de l’Éternel, entre le portique et l’autel, environ 25 hommes, le dos tourné vers le temple de l’Éternel, et leurs faces vers l’orient; et ils se prosternaient vers l’orient devant le soleil.
17 Ɔbisaa me sɛ, “Woahunu yei, onipa ba? Akyiwadeɛ a Yudafoɔ reyɛ wɔ ha yi yɛ asɛm ketewa anaa? Ɛsɛ sɛ wɔde akakabensɛm hyɛ asase no so ma na wɔkɔ so hyɛ me abufuo anaa? Hwɛ, wɔabu me animtia agu mʼanim ase!
Et il me dit: As-tu vu, fils d’homme? Est-ce une chose légère à la maison de Juda de commettre les abominations qu’ils commettent ici, pour qu’ils remplissent encore le pays de violence, et qu’ils me provoquent à colère [toujours] de nouveau? Et voici, ils mettent le rameau à leur nez!
18 Ɛno enti, me ne wɔn bɛdi no abufuo so. Merenhunu wɔn mmɔbɔ, na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn. Ɛwom sɛ wɔteam tuatua mʼaso, nanso merentie wɔn.”
Et moi aussi, j’agirai avec fureur; mon œil n’aura point compassion, et je n’épargnerai pas; et quand ils crieront à mes oreilles à haute voix, je ne les écouterai point.