< Hesekiel 6 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Israel mmepɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn,
“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Israel mmepɔw, na hyɛ nkɔm tia wɔn,
3 na ka sɛ, ‘Ao Israel mmepɔ montie Otumfoɔ Awurade asɛm. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, abon ne mmɔnhwa: Merebɛtwe mo so akofena na masɛe mo sorɔnsorɔmmea.
na ka se, ‘Mo Israel mmepɔw, muntie Otumfo Awurade asɛm. Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, abon ne aku: Merebɛtwe mo so afoa na masɛe mo sorɔnsorɔmmea.
4 Wɔbɛbubu mo afɔrebukyia ahodoɔ no na wɔasɛe nnuhwam adum; na mɛkunkum mo nkurɔfoɔ wɔ mo ahoni anim.
Wobebubu mo afɔremuka ahorow no na wɔasɛe nnuhuam adum; na mekunkum mo nkurɔfo wɔ mo ahoni anim.
5 Mede Israelfoɔ afunu bɛgugu wɔn ahoni anim, na mede mo nnompe apete mo afɔrebukyia ahodoɔ ho.
Mede Israelfo afunu begu wɔn ahoni anim na mede mo nnompe apete mo afɔremuka ahorow ho.
6 Baabiara a moteɛ no, nkuro no bɛda mpan, na ne sorɔnsorɔmmea bɛsɛe, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo afɔrebukyia ahodoɔ no bɛda mpan na ayɛ afo. Mo ahoni bɛbubu na asɛe. Mo nnuhwam adum bɛbubu agu fam, na deɛ moayɛ nso bɛhwere mo.
Baabiara a mote no, nkurow no bɛda mpan na ne sorɔnsorɔmmea bɛsɛe, na ama mo afɔremuka ahorow no ada mpan na ayɛ amamfo, mo ahoni abubu na asɛe, mo nnuhuam adum abubu agu fam, na nea moayɛ nso ahwere mo.
7 Mo nkurɔfoɔ bɛtotɔ wɔ mo mu, na mobɛhunu sɛ me ne Awurade.
Mo nkurɔfo bɛtotɔ wɔ mo mu, na mubehu sɛ mene Awurade.
8 “‘Nanso mɛgya mo mu bi, ɛfiri sɛ ebinom bɛdwane akofena ano wɔ ɛberɛ a moahwete wɔ nsase ne amanaman so.
“‘Nanso megyaw mo mu bi, efisɛ ebinom beguan afoa ano wɔ bere a moahwete wɔ nsase ne amanaman so.
9 Na afei wɔ amanaman a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ mu no, wɔn a wɔnyaa wɔn ho firii mu no bɛkae me, sɛdeɛ madi awerɛhoɔ wɔ wɔn awaresɛeɛ akoma a wɔde twee wɔn ho firii me nkyɛn, ne wɔn ani a wɔde nyaa akɔnnɔ bɔne maa wɔn ahoni. Wɔn ho bɛyɛ wɔn nwunu wɔ bɔne ne akyiwadeɛ a wɔayɛ enti.
Na afei wɔn a woguan no bɛkae me wɔ amanaman a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ mu no, sɛnea madi awerɛhow wɔ wɔn aguamammɔ koma a wɔde twee wɔn ho fii me nkyɛn, ne wɔn ani a wɔde nyaa akɔnnɔ bɔne maa wɔn ahoni no ho. Wɔn ho bɛyɛ wɔn nwini wɔ bɔne ne akyiwade a wɔayɛ no nti.
10 Wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade, na mammɔ wɔn hu kwa sɛ mede saa ɔhaw yi bɛba wɔn so.
Wobehu sɛ mene Awurade na mammɔ wɔn hu kwa sɛ mede saa ɔhaw yi bɛba wɔn so.
11 “‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mommɔ mo nsam na momfa mo nan mpempem fam na monteam sɛ, “A!” Esiane Israel efie amumuyɛ ne akyiwadeɛ nyinaa enti, wɔbɛwuwu akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano.
“‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mommɔ mo nsam na momfa mo nan mpempem fam na monteɛ mu se, “A!” esiane Israel fi amumɔyɛ ne akyiwade nyinaa nti, wobewuwu afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano.
12 Ɔyaredɔm bɛkum deɛ ɔwɔ akyirikyiri. Deɛ ɔbɛn no bɛtɔ akofena ano na deɛ ɔbɛfiri mu na waka no, ɛkɔm bɛkum no. Saa na mede mʼabufuhyeɛ bɛyɛ wɔn.
Ɔyaredɔm bekum nea ɔwɔ akyirikyiri. Nea ɔbɛn no bɛtɔ afoa ano na nea obefi mu na waka no, ɔkɔm bekum no. Saa na mede mʼabufuwhyew no bɛyɛ wɔn.
13 Na wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade, ɛberɛ a wɔn nkurɔfoɔ a wɔatotɔ afunu deda wɔn ahoni ntam atwa wɔn afɔrebukyia ho ahyia, wɔ nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so, mmepɔ atifi nyinaa ne nnua a adendan ne odum frɔmfrɔm ase, mmea mmea a wɔde nnuhwam bɔ afɔdeɛ ma wɔn ahoni nyinaa.
Na wobehu sɛ mene Awurade, bere a wɔn nkurɔfo a watotɔ afunu deda wɔn ahoni ntam atwa wɔn afɔremuka ho ahyia, wɔ nkoko a ɛkorɔn nyinaa so, mmepɔw atifi nyinaa ne nnua a adennan ne odum frɔmfrɔm ase, mmeaemmeae a wɔde nnuhuam bɔ afɔre ma wɔn ahoni nyinaa no.
14 Afei mɛtene me nsa wɔ wɔn so na mama asase no ada mpan afiri anweatam no akɔsi Ribla, baabiara a wɔtete. Na wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade.’”
Afei mɛteɛ me nsa wɔ wɔn so na mama asase no ada mpan afi nweatam no akosi Ribla, baabiara a wɔtete. Na wobehu sɛ mene Awurade.’”

< Hesekiel 6 >