< Hesekiel 5 >

1 “Afei onipa ba, fa akofena nnamnnam yi yɛ sɛ obi a ɔyi ti yiwan na fa yi wo tirinwi ne wʼabɔgyesɛ. Fa nsania na kyekyɛ nwi no mu.
“Then you, son of man, take a sharp sword as a barber's razor for yourself, and pass the razor over your head and your beard, then take scales to weigh and divide your hair.
2 Sɛ wo otua nna no ba awieeɛ a, fa ogya hye nwi no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wɔ kuropɔn no mu. Fa akofena twitwa nkyɛmu mmiɛnsa no mu baako wɔ kuropɔn no afanan nyinaa. Na hwete nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wɔ mframa mu, ɛfiri sɛ mɛtwe akofena ataa wɔn.
Burn a third of it with fire in the midst of the city when the days of the siege are completed, and take a third of the hair and strike it with the sword all around the city. Then scatter a third of it to the wind, and I will draw out a sword to chase after the people.
3 Nanso fa nwi no kakra bi kyekyere wʼatadeɛ ano.
But take a small number of hairs from them and tie them into the folds of your robe.
4 Afei nso, fa saa nwi no kakra bi na to gu ogya mu na hye. Ogya no bɛtrɛ afiri hɔ akɔ Israel efie nyinaa.
Then take more of the hair and throw it into the midst of the fire; and burn it in the fire; from there a fire will go out to all the house of Israel.”
5 “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Yei ne Yerusalem a mede asi amanaman no ntam na nsase atwa ho ahyia.
The Lord Yahweh says this, “This is Jerusalem in the midst of the nations, where I have placed her, and where I have surrounded her with other lands.
6 Nanso, nʼamumuyɛ mu, wayɛ dɔm atia me mmara ne me nhyehyɛeɛ asene aman ne nsase a atwa ne ho ahyia. Wapo me mmara, na wanni mʼahyɛdeɛ so.
But she has in wickedness rejected my decrees more than the nations have, and my statutes more than the countries that surround her. The people have rejected my judgments and have not walked in my statutes.”
7 “Enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Woayɛ asoɔden asene amanaman a wɔatwa wo ho ahyia na woanni mʼahyɛdeɛ anaa me mmara so. Woanyɛ sɛdeɛ aman a atwa wo ho ahyia no yɛ mpo.
Therefore the Lord Yahweh says this, “Because you are more troublesome than the nations that surround you and have not walked in my statutes or acted according to my decrees, or even acted according to the decrees of the nations that surround you,”
8 “Enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Yerusalem, na mede asotwe bɛba wo so wɔ amanaman no anim.
therefore the Lord Yahweh says this, “Behold! I myself will act against you. I will execute judgments within your midst for the nations to see.
9 Esiane wʼahoni nyinaa a ɛyɛ akyiwadeɛ no enti, mɛyɛ wo deɛ menyɛɛ bi da, na merenyɛ bi bio nso da.
I will do to you what I have not done and the like of which I will not do again, because of all your disgusting actions.
10 Enti, wɔ mo mu, agyanom bɛdi wɔn mma nam na mma adi wɔn agyanom nam. Mɛtwe wʼaso na mahwete wo nkaeɛfoɔ akɔ mmaa nyinaa.
Therefore fathers will eat the children in your midst, and sons will eat their fathers, since I will execute judgment on you and scatter to every direction all of you who are left.
11 Enti sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, ɛsiane sɛ wode nsɛsodeɛ tantan ne akyiwadeɛ nneyɛɛ agu me kronkronbea ho fi enti, mʼankasa mɛyi mʼadom afiri wo so; merenhunu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo.
Therefore, as I live—this is the Lord Yahweh's declaration—it is certainly because you have defiled my sanctuary with all your hateful things and with all your disgusting deeds, that I myself will reduce you in number; my eye will not have pity on you, and I will not spare you.
12 Wo nkurɔfoɔ no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛwuwu wɔ ɔyaredɔm no mu, anaasɛ ɛkɔm bɛkunkum wɔn; nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛtotɔ wɔ akofena ano wɔ wʼafasuo akyi, na mabɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso ahwete mmaa nyinaa, na matwe akofena ataa wɔn.
A third of you will die by plague, and they will be consumed by famine in your midst. A third will fall by the sword surrounding you. Then I will scatter a third in every direction, and draw out a sword to chase after them as well.
13 “Afei me bo bɛdwo na mʼabufuhyeɛ a ɛtia wɔn no nso ano bɛbrɛ ase na matɔ were. Na sɛ meda mʼabufuhyeɛ adi kyerɛ wɔn a, wɔbɛhunu sɛ ɛyɛ me Awurade na akasa wɔ me tumi mu.
Then my wrath will be completed, and I will cause my fury toward them to rest. I will be satisfied, and they will know that I, Yahweh, have spoken in my wrath when I have completed my fury against them.
14 “Mɛyɛ wo mmubuiɛ ne ahohora wɔ amanaman a atwa wo ho ahyia no mu, ne wɔn a wɔtwam hɔ no ani so.
I will make you a desolation and a reproach to the nations that surround you in the sight of everyone who passes by.
15 Wobɛyɛ ahohora ne fɛdideɛ, kɔkɔbɔ ne ahodwiredeɛ ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, wɔ ɛberɛ a mede abufuo ne abufuhyeɛ ne animka a ano yɛ den mɛtwe wʼaso. Me Awurade na maka.
So Jerusalem will become something for other people to condemn and to mock, a warning and a horror to the nations that surround you. I will execute judgments against you in wrath and fury, and with a furious rebuke—I, Yahweh have declared this!
16 Sɛ meto me kɔm agyan a, borɔ wɔ ano, na ɛbɛsɛe wo. Mede ɛkɔm a emu yɛ den bɛba wo so, na masi wʼaduane a wonya ho ɛkwan.
I will send out harsh arrows of famine against you that will become the means with which I will destroy you. For I will increase the famine on you and break your staff of bread.
17 Mede ɛkɔm ne nkekaboa bɛba wo mu, na wo mma bɛsa ama woayɛ sɛ obi a na ɔnni mma. Ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛfa wo mu, na mɛtwe akofena wɔ wo so. Me Awurade na maka.”
I will send a famine and disasters against you so you will be childless. Plague and blood will pass through you, and I will bring a sword against you—I, Yahweh, have declared this.”

< Hesekiel 5 >