< Hesekiel 48 >

1 “Mmusuakuo no din na ɛdidi soɔ yi: “Dan bɛnya kyɛfa baako wɔ atifi hyeɛ so hɔ; ɛbɛfa Hetlon ɛkwan so akɔ Lebo Hamat, Hasar Enan ne Damasko atifi fam hyeɛ a ɛdi Hamat so no bɛyɛ ɛhyeɛ a ɛfiri apueeɛ fam kɔ atɔeɛ fam no fa bi.
모든 지파의 이름대로 이 같을지니라 극북에서부터 헤들론 길로 말미암아 하맛 어귀를 지나서 다메섹 지계에 있는 하살에논까지 곧 북으로 하맛 지계에 미치는 땅 동편에서 서편까지는 단의 분깃이요
2 Aser bɛnya kyɛfa baako; ɛne Dan kyɛfa no bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam.
단 지계 다음으로 동편에서 서편까지는 아셀의 분깃이요
3 Naftali bɛnya kyɛfa baako; ɛne Aser kyɛfa no bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam.
아셀 지계 다음으로 동편에서 서편까지는 납달리의 분깃이요
4 Manase bɛnya kyɛfa baako; ɛne Naftali kyɛfa no bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam.
납달리 지계 다음으로 동편에서 서편까지는 므낫세의 분깃이요
5 Efraim bɛnya kyɛfa baako; ɛne Manase asase no bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam.
므낫세 지계 다음으로 동편에서 서편까지는 에브라임의 분깃이요
6 Ruben bɛnya kyɛfa baako; ɛne Efraim asase bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam.
에브라임 지계 다음으로 동편에서 서편까지는 르우벤의 분깃이요
7 Yuda bɛnya kyɛfa baako; ɛne Ruben asase bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam.
르우벤 지계 다음으로 동편에서 서편까지는 유다의 분깃이요
8 “Yuda nsase no hyeɛ a ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ no so na kyɛfa a wode bɛma sɛ akyɛdeɛ sononko no bɛdi. Ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum. Na ne tentene, ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ no ne mmusuakuo no kyɛfa baako bɛyɛ pɛ, na kronkronbea no bɛwɔ mfimfini.
유다 지계 다음으로 동편에서 서편까지는 너희가 예물로 드릴 땅이라 광이 이만 오천척이요 장은 다른 분깃의 동편에서 서편까지와 같고 성소는 그 중앙에 있을지니
9 “Kyɛfa sononko a wode bɛma Awurade no tentene bɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum. Na ne tɛtrɛtɛ ayɛ anammɔn mpem dunum.
곧 너희가 여호와께 드려 예물로 삼을 땅의 장이 이만 오천척이요 광이 일만 척이라
10 Yei bɛyɛ kyɛfa kronkron ama asɔfoɔ no. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum ne tentene mu wɔ atifi fam, na ayɛ anammɔn mpem dunum wɔ atɔeɛ fam. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem dunum wɔ apueeɛ fam, na anafoɔ fam nso ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum. Ne mfimfini bɛyɛ Awurade kronkronbea.
이 드리는 거룩한 땅은 제사장에게 돌릴지니 북편으로 장이 이만 오천척이요 서편으로 광이 일만척이요 동편으로 광이 일만척이요 남편으로 장이 이만 오천척이라 그 중앙에 여호와의 성소가 있게 하고
11 Yei bɛyɛ Sadokfoɔ asɔfoɔ a wɔayɛ wɔn kronkron no dea, wɔn a wɔdii me nokorɛ somm me na wɔannane amfiri me nkyɛn sɛdeɛ Lewifoɔ yɛeɛ ɛberɛ a Israelfoɔ dane firii me nkyɛn no.
이 땅으로 사독의 자손 중 거룩히 구별한 제사장에게 돌릴지어다 그들은 직분을 지키고 이스라엘 족속이 그릇할 때에 레위 사람의 그릇한 것처럼 그릇까지 아니하였느니라
12 Ɛbɛyɛ akyɛdeɛ sononko a ɛfiri asase no kyɛfa a ɛyɛ kronkron no mu ama wɔn, kyɛfa kronkron mu kronkron a ɛne Lewifoɔ asase no bɔ hyeɛ.
이 온 땅 중에서 예물로 드리는 땅 곧 레위 지계와 연접한 땅을 그들이 지극히 거룩한 것으로 여길지니라
13 “Asɔfoɔ no asase nkyɛn mu no, Lewifoɔ no bɛnya kyɛfa a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem dunum. Ne tentene nyinaa bɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum, na ne tɛtrɛtɛ nyinaa nso asi anammɔn mpem dunum.
제사장의 지계를 따라 레위 사람의 분깃을 주되 장이 이만 오천척이요 광이 일만 척으로 할지니 이 구역의 장이 이만 오천척이요 광이 각기 일만 척이라
14 Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaasɛ wɔde emu fa biara sesa biribi. Asase no mu deɛ ɛyɛ papa nie, na ɛnsɛ sɛ ɛkɔ onipa foforɔ nsam, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron ma Awurade.
그들이 그 땅을 팔지도 못하며 바꾸지도 못하며 그 땅의 처음 익은 열매를 남에게 주지도 못하리니 이는 나 여호와에게 거룩히 구별한 것임이니라
15 “Asase a aka a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem nson ne ahanum na ne tentene nso yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum no bɛda hɔ ama kuropɔn no mufoɔ. Wɔbɛsisi adan wɔ so na wɔde bi nso ayɛ mmoa adidibea. Kuropɔn no bɛda ne mfimfini
이 이만 오천척 다음으로 광 오천척은 속된 땅으로 하여 성읍을 세우며 거하는 곳과 들을 삼되 성이 그 중앙에 있게 할지니
16 na ne kɛseɛ bɛyɛ anammɔn mpem nsia ahanson aduonum wɔ atifi fam, anafoɔ fam, apueeɛ fam ne atɔeɛ fam.
그 척수는 북편도 사천 오백척이요 남편도 사천 오백척이요, 동편도 사천 오백척이요, 서편도 사천 오백척이며
17 Kuropɔn yi mmoa adidibea no kɛseɛ bɛyɛ anammɔn ahasa aduɔson enum wɔ nʼafanan biara.
그 성의 들은 북으로 이백 오십 척이요 남으로 이백 오십 척이요, 동으로 이백 오십척이요, 서으로 이백 오십척이며
18 Asase a aka a ɛda kyɛfa kronkron no ho wɔ ne tentene mu no bɛyɛ anammɔn mpem dunum wɔ nʼapueeɛ fam ne nʼatɔeɛ fam. Ɛso nnɔbaeɛ no na kuropɔn no adwumayɛfoɔ bɛdi.
예물을 삼아 거룩히 구별할 땅과 연접하여 남아 있는 땅의 장이 동으로 일만 척이요 서으로 일만척이라 곧 예물을 삼아 거룩히 구별할 땅과 연접하였으며 그 땅의 소산은 성읍에서 역사하는 자의 양식을 삼을지라
19 Kuropɔn no mu adwumayɛfoɔ a wɔyɛ asase no so kua no bɛyɛ wɔn a wɔfiri Israel mmusuakuo nyinaa no mu.
이스라엘 모든 지파 중에 그 성읍에서 역사하는 자는 그 땅을 기경할지니라
20 Asase no nyinaa bɛyɛ ahinanan a ne fa biara susu anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum. Wobɛyi kyɛfa kronkron no ne kuropɔn no asase asi nkyɛn sɛ akyɛdeɛ sononko.
그런즉 예물로 드리는 땅의 도합은 장도 이만 오천척이요 광도 이만 오천척이라 너희가 거룩히 구별하여 드릴 땅은 성읍의 기지와 합하여 네모 반듯할 것이니라
21 “Asase a aka a ɛdeda kyɛfa kronkron ne kuropɔn no asase ho no bɛyɛ ɔhene no dea. Ɛfiri apueeɛ fam a ɛsusu anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum no, asase no bɛtrɛ akɔsi apueeɛ fam hyeɛ so, na atɔeɛ fam nso, ɛbɛtrɛ akɔsi atɔeɛ fam hyeɛ so. Nsase mmienu a ɛne mmusuakuo asase no sa soɔ no bɛyɛ ɔhene no dea, na kyɛfa kronkron a asɔredan no kronkronbea ka ho no bɛwɔ wɔn mfimfini.
거룩히 구별할 땅과 성읍의 기지 좌우편에 남은 땅은 왕에게 돌릴지니 곧 거룩히 구별할 땅의 동향한 그 지계 앞 이만 오천척이라 다른 분깃들과 연접한 땅이니 이것을 왕에게 돌릴 것이며 거룩히 구별할 땅과 전의 성소가 그 중간에 있으리라
22 Ɛno enti Lewifoɔ no asase ne kuropɔn no asase bɛda ɔhene asase no mfimfini. Ɔhene no asase no bɛda Yuda ne Benyamin ahyeɛ no ntam.
그런즉 왕에게 돌려 그에게 속할 땅은 레위 사람의 기업 좌우편과 성읍의 기지 좌우편이며 유다 지경과 베냐민 지경 사이에 있 을지니라
23 “Mmusuakuo a aka no, “Benyamin bɛnya kyɛfa baako; ɛbɛfiri apueeɛ fam akɔ atɔeɛ fam.
그 나머지 모든 지파는 동편에서 서편까지는 베냐민의 분깃이요
24 Simeon bɛnya kyɛfa baako, ɛne Benyamin asase no bɛbɔ hyeɛ afiri apueeɛ fam akɔ atɔeɛ fam.
베냐민 지계 다음으로 동편에서 서편까지는 시므온의 분깃이요
25 Isakar bɛnya kyɛfa baako; ɛne Simeon asase no bɛbɔ hyeɛ afiri apueeɛ fam akɔ atɔeɛ fam.
시므온 지계 다음으로 동편에서 서편까지는 잇사갈의 분깃이요
26 Sebulon bɛnya kyɛfa baako; ɛne Isakar asase no bɛbɔ hyeɛ afiri apueeɛ fam akɔ atɔeɛ fam.
잇사갈 지계 다음으로 동편에서 서편까지는 스불론의 분깃이요
27 Gad bɛnya kyɛfa baako; ɛne Sebulon asase no bɛbɔ hyeɛ afiri apueeɛ fam akɔ atɔeɛ fam.
스불론 지계 다음으로 동편에서 서편까지는 갓의 분깃이며
28 Gad kyɛfa no hyeɛ a ɛda anafoɔ fam no bɛkɔ anafoɔ fam afiri Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, ɛbɛfa Misraim asuwa akɔsi Ɛpo Kɛseɛ no.
갓 지계 다음으로 남편 지계는 다말에서부터 므리바가데스 물에 이르고 애굽 시내를 따라 대해에 이르나니
29 “Yei ne asase a wobɛkyekyɛ ama Israel mmusuakuo no sɛ agyapadeɛ, na yeinom bɛyɛ wɔn kyɛfa,” Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
이것은 너희가 제비 뽑아 이스라엘 지파에게 나누어 주어 기업이 되게 할 땅이요 또 이것들은 그들의 분깃이니라 나 주 여호와의 말이니라
30 “Yeinom ne apono a wɔbɛfa mu apue afiri kuropɔn no mu: “Ɛfiri aseɛ wɔ atifi fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson ne aduonum no,
그 성읍의 출입구는 이러하니라 북편의 광이 사천 오백척이라
31 wɔde Israel mmusuakuo dumienu no din bɛtoto kuropɔn apono no. Apono mmiɛnsa a ɛwɔ atifi fam no bɛyɛ Ruben ɛpono, Yuda ɛpono ne Lewi ɛpono.
그 성읍의 문들은 이스라엘 지파들의 이름을 따를 것인데 북으로 문이 셋이라 하나는 르우벤 문이요, 하나는 유다 문이요, 하나는 레위 문이며
32 Apueeɛ fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson ne aduonum no, wɔde apono mmiɛnsa bɛtoto Yosef, Benyamin ne Dan.
동편의 광이 사천 오백척이니 또한 문이 셋이라 하나는 요셉 문이요, 하나는 베냐민 문이요, 하나는 단 문이며
33 Anafoɔ fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson aduonum no, wɔde apono mmiɛnsa no bɛtoto Simeon, Isakar ne Sebulon.
남편의 광이 사천 오백척이니 또한 문이 셋이라 하나는 시므온 문이요, 하나는 잇사갈 문이요, 하나는 스불론 문이며
34 Atɔeɛ fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson aduonum no, wɔde apono mmiɛnsa bɛtoto Gad, Aser ne Naftali.
서편도 사천 오백척이니 또한 문이 셋이라 하나는 갓 문이요, 하나는 아셀 문이요, 하나는 납달리 문이며
35 “Ɛkwan a ɛtwa kuropɔn no nyinaa ho hyia no tentene yɛ anammɔn mpem aduonu nson. “Na ɛfiri saa ɛda no, wɔbɛfrɛ kuropɔn no sɛ, ‘Awurade Wɔ Hɔ.’”
그 사면의 도합이 일만 팔천척이라 그 날 후로는 그 성읍의 이름을 여호와 삼마라 하리라

< Hesekiel 48 >