< Hesekiel 45 >

1 “‘Sɛ mokyekyɛ asase no mu sɛ agyapadeɛ a, ɛsɛ sɛ mode ɛfa bi ma Awurade sɛ ɔmantam kronkron a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem aduasa; saa beaeɛ no nyinaa bɛyɛ kronkron.
Když pak ujmete zemi v dědictví, obětovati budete obět Hospodinu, díl svatý té země, zdélí pětmecítma tisíc loket, zšíří pak deset tisíc, a budeť svatý po všem pomezí svém vůkol.
2 Wɔbɛgya asase yi mu bi a ɛyɛ ahinanan a ne fa biara yɛ anammɔn ahanson ne aduonum ama kronkronbea, na mfikyisase a atwa ho ahyia no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduɔson enum.
Z něhož bude místo svaté pět set zdélí, a pět set zšíří, čtyřhrané vůkol, a ať má padesáte loket prostranství vůkol.
3 Monsusu ɔmantam kronkron asase no mu bi a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem dunum. Ɛhɔ na wɔbɛsi kronkronbea, Kronkron Mu Kronkron no.
Z toho pak odměření odměříš dýlku pětmecítma tisíc loket, a šířku deset tisíc, aby na něm byla svatyně, i svatyně svatých.
4 Ɛbɛyɛ asase no fa a ɛyɛ kronkron ma asɔfoɔ a wɔsom wɔ kronkronbea na wɔbɛn Awurade, na wɔsom wɔ nʼanim. Ɛhɔ na wɔbɛsisi wɔn afie na ayɛ beaeɛ kronkron ama kronkronbea no nso.
Díl ten země svatý jest. Kněží služebníků při svatyni býti má, těch, kteříž přistupují, aby přisluhovali Hospodinu, aby měli místo pro domy i místo svaté pro svatyni.
5 Asase a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem dunum bɛyɛ beaeɛ a wɔbɛkyekyere nkuro ama Lewifoɔ a wɔsom wɔ asɔredan mu no atena mu sɛ wɔn agyapadeɛ.
Těch pak pětmecítma tisíc loket dýlka a deset tisíc šířka ať jest také Levítům, služebníkům domu, jim k držení dvadceti komůrek.
6 “‘Wɔbɛgya asase a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem nson ne ahanum na ne tentene nso yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum a ɛtoa beaeɛ kronkron no so no ama kuropɔn no; ɛbɛyɛ Israel efie nyinaa dea.
Místo pak k vystavení na něm města oddělíte pět tisíc loket na šíř, a na dýl pětmecítma tisíc, naproti oběti místa svatého; bude pro všecken dům Izraelský.
7 “‘Ɔhene no bɛfa asase a ɛne ɔmantam kronkron no ne kuropɔn no daberɛ bɔ hyeɛ. Ɛbɛtrɛ akɔ atɔeɛ fam ne apueeɛ fam akɔpem atɔeɛ ne apueeɛ ahyeɛ so, na ɛne mmusuakuo no mu baako asase abɔ hyeɛ wɔ atifi fam ne anafoɔ fam.
Knížeti pak s obou stran té oběti místa svatého, i položení města před oběti místa svatého, a před položením města od strany západní díl k západu, a po straně východní díl k východu, dlouhost pak naproti každému z těch dílů od pomezí západního ku pomezí východnímu.
8 Asase no bɛyɛ nʼagyapadeɛ wɔ Israel. Na me mmapɔmma renhyɛ me nkurɔfoɔ so bio, na mmom wɔbɛma Israel efie ɛkwan ama wɔafa asase no sɛdeɛ wɔn mmusuakuo no teɛ.
To bude míti za vládařství v Izraeli, a nebudou více utiskati knížata má lidu mého, ale rozdadí zemi domu Izraelskému po pokoleních jejich.
9 “‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Moaduru akyiri pa ara, Israel mmapɔmma! Monnyae mo basabasayɛ ne mo nhyɛsoɔ na monyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ. Monnyae me nkurɔfoɔ nsase a mogyegyeɛ no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
Takto praví Panovník Hospodin: Dostitě již, ó knížata Izraelská, nátisk a zhoubu odložte, a soud a spravedlnost konejte, sejměte těžké roboty vaše s lidu mého, praví Panovník Hospodin.
10 Ɛsɛ sɛ mode nsania ne susudeɛ a ɛyɛ pɛ susu adeɛ.
Váhu spravedlivou a efi spravedlivou i bát spravedlivý míti budete.
11 Kɛntɛn baako, a ɛyɛ lita ɔha aduɔwɔtwe mmienu, na mode bɛsusu adeɛ biara dodoɔ; ɛfah ne bat bɛyɛ kɛntɛn baako mu nkyɛmu edu.
Efi i bát v jednu míru ať jest, aby chomer bral v se deset bátů, efi pak desátý díl chomeru; podlé chomeru ať jest míra.
12 Dwetɛ mpɔ na mode bɛsusu adeɛ mu duru. Dwetɛ mpɔ baako bɛyɛ gram dumienu, na dwetɛ mpɔ aduosia ayɛ gram ahanson aduonu.
Lot dvadceti peněz; dvadceti lotů, pětmecítma lotů, a patnácte lotů libra bude vám.
13 “‘Akyɛdeɛ soronko a ɛsɛ wode ma nie: Ayuo kilogram mmiɛnsa ne atokoɔ kilogram mmienu ne fa.
Tato pak obět pozdvižení bude, kterouž obětovati budete: Šestý díl efi z chomeru pšenice, též šestý díl efi dáte z chomeru ječmene.
14 Ngo dodoɔ a wɔatwa ato hɔ no nyɛ lita mmienu ne fa.
Nařízení pak o oleji (bát jest míra oleje): Desátý díl bátu z míry chomeru, desíti bátů; nebo deset bátů jest chomer.
15 Afei wɔmfa nnwankuo ahanu a wɔwɔ Israel adidibea a ɛhɔ wɔ nsuo no mu baako. Yeinom na wɔde bɛyɛ aduane afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ a ɛbɛyɛ mpatadeɛ ama nnipa no, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.
A dobytče jedno ze dvou set bravů z dobrých pastvišť Izraelských, k oběti suché a zápalné a k obětem pokojným, k očištění vás, praví Panovník Hospodin.
16 Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ nyinaa kɔka ɔheneba no ho na ɔde nʼafɔrebɔdeɛ ba.
Všecken lid té země, i s knížetem Izraelským zavázán bude k té oběti zhůru pozdvižení.
17 Ɛbɛyɛ ɔheneba no asɛdeɛ sɛ ɔde afɔrebɔdeɛ a wɔde ma ɔsom afahyɛ bi te sɛ ɔbosome foforɔ afahyɛ, home nna ne nna a ɛtete saa no ba. Ɔde bɔne ho afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ ho afɔrebɔdeɛ, atokoɔ afɔrebɔdeɛ, nsã afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ bɛba abɛyɛ nkabomudeɛ ama Israel.
Nebo kníže povinen bude zápaly, a suché i mokré oběti, v svátky a na novměsíce, i v soboty, na všecky slavnosti domu Izraelského; on obětovati bude za hřích, i obět suchou i zápalnou, i oběti pokojné, aby se očištění dálo za dům Izraelský.
18 “‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ wɔde nantwinini ba baako a ne ho nni dɛm dwira kronkronbea hɔ.
Takto praví Panovník Hospodin: Prvního měsíce, prvního dne vezmeš volka mladého bez poškvrny, kterýmž očistíš svatyni.
19 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no de bɔne afɔrebɔdeɛ no mogya no bi keka asɔredan no aponnwa, afɔrebukyia no apa a ɛwɔ soro no ntweaso ɛnan no ne mfimfini adihɔ no aponnwa ho.
I nabéře kněz krve té oběti za hřích, a pomaže veřejí domu, a čtyř rohů toho přepásání na oltáři, i veřeje brány síně vnitřní.
20 Ɛsɛ sɛ woyɛ ade korɔ yi ara wɔ ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so nson de ma obiara a ɔfiri anibiannasoɔ mu bɛyɛ bɔne anaa nim a ɔnnim enti ɔbɛyɛ bɔne, na wo nam so de ayɛ mpata ama asɔredan no.
Takž také učiní sedmého dne téhož měsíce, za každého pobloudilého i za hloupého. Tak očistíte dům.
21 “‘Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ sɔ dunan no, ɛsɛ sɛ modi Twam Afahyɛ a ɛyɛ apontoɔ a wɔde nnanson na ɛyɛ no. Saa ɛberɛ no, mobɛdi burodo a mmɔreka nni mu.
Prvního měsíce, čtrnáctého dne, budete míti Fáze, svátek sedmi dnů, chlebové přesní jísti se budou.
22 Saa ɛda no ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini a wɔde bɛbɔ afɔdeɛ ama no ne asase no so nnipa nyinaa ba.
A bude obětovati kníže v ten den za sebe i za všecken lid té země volka za hřích.
23 Ɛda biara wɔ nnanson Afahyɛ no mu, ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini nson ne nnwennini nson a wɔn ho nni dɛm biara ba sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ma Awurade, ne ɔpapo sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ.
A po sedm dní svátku obětovati bude zápal Hospodinu, sedm volků a sedm skopců bez poškvrny na den, po těch sedm dní, a za hřích kozla na den.
24 Deɛ ɛsɛ sɛ ɔde ba sɛ aduane afɔrebɔdeɛ yɛ kɛntɛn baako (lita dumienu) a ɛka nantwinini biara ho ne kɛntɛn baako (lita dumienu) nso a ɛka odwennini baako biara ho. Ngo lita ɛnan nso ka kɛntɛn biara ho.
A obět suchou, efi na volka a efi na skopce, připraví též oleje hin na efi.
25 “‘Nnanson Afahyɛ a wɔhyɛ aseɛ wɔ ɔbosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no mu no, ɔhene no de saa nneɛma no ara bɛba sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, aduane afɔrebɔdeɛ ne ngo.
Sedmého měsíce, patnáctého dne, v svátek tolikéž obětovati bude po sedm dní, jakož za hřích, tak zápal, tak obět suchou i olej.

< Hesekiel 45 >