< Hesekiel 42 >

1 Afei, ɔbarima no dii mʼanim faa atifi fam kɔɔ mfikyire adihɔ hɔ de me baa adan a ɛne asɔredan adihɔ di nhwɛanim, na ɛne atifi fam adihɔ ɔfasuo no nso di nhweanim.
그가 나를 데리고 밖으로 나가 북편 뜰로 가서 두 방에 이르니 그 두 방의 하나는 골방 앞 뜰을 향하였고 하나는 북편 건물을 향하였는데
2 Ɛdan a ne ɛpono kyerɛ atifi fam yi tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduɔson enum.
그 방들의 자리의 장이 일백척이요 광이 오십척이며 그 문은 북을 향하였고
3 Adan no bi ne mfimfini adihɔ no a ne tentene yɛ anammɔn aduasa no di nhweanim. Na adan no bi nso ne aboɔ nsɛweeɛ a ɛwɔ mfikyire adihɔ no di nhwɛanim. Ɛso mmrannaa kyerɛkyerɛ anim wɔ nsan mmiɛnsa no mu biara so.
그 방 삼층에 툇마루들이 있는데 한 방의 툇마루는 이십척 되는 안 뜰과 마주 대하였고 한 방의 툇마루는 바깥 뜰 박석 깔린 곳과 마주 대하였으며
4 Adan no anim no, na ɛkwan bi da hɔ a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn dunum na tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Wɔn apono no ano kyerɛkyerɛ atifi fam.
그 두 방 사이에 통한 길이 있어 광이 십척이요 장이 일백척이며 그 문들은 북을 향하였으며
5 Adan a ɛwɔ asan a ɛwɔ ɔsoro no mu susua, ɛfiri sɛ na nʼabrannaa no mu trɛ sene mmrannaa a ɛwowɔ nsan a ɛdidi aseɛ no.
그 상층의 방은 제일 좁으니 이는 툇마루를 인하여 하층과 중층보다 상층이 더 줄어짐이라
6 Adan a ɛwɔ asan a ɛtɔ so mmiɛnsa no nni afadum sɛdeɛ nsan a ɛwɔ aseɛ no wɔ no; enti na emu susua sene adan a ɛwowɔ nsan a ɛdidi aseɛ no.
그 방이 삼층이라도 뜰의 기둥 같은 기둥이 없으므로 그 상층이 하층과 중층보다 더욱 좁아짐이더라
7 Na ɔfasuo bi wɔ nkyɛn a ɛne adan no ne mfikyire adihɔ no sa so; na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum a ɛfa adan no anim.
그 한 방의 바깥 담 곧 뜰의 담과 마주 대한 담의 장이 오십척이니
8 Adan a ɛsa soɔ na ɛtoa mfikyire adihɔ no so no tentene yɛ anammɔn aduɔson enum, nanso adan a ɛsa soɔ a ɛbɛn asɔredan no tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
바깥 뜰로 향한 방의 장이 오십척임이며 성전 앞을 향한 방은 일백척이며
9 Sɛ obi firi mfikyire adihɔ reba mu a, ɔbɛhunu sɛ adan a ɛwɔ fam pa ara no aboboano ani kyerɛ apueeɛ fam.
이 방들 아래에 동편에서 들어가는 통행구가 있으니 곧 바깥 뜰에서 들어가는 통행구더라
10 Anafoɔ fam no, adan mmienu bi di nhwɛanim wɔ asɔredan no ne asɔredan no adihɔ hɔ ntam, na
남편 골방 뜰 맞은편과 남편 건물 맞은편에도 방 둘이 있는데
11 ɛkwan bi da adan no anim. Saa adan yi te sɛ adan a ɛwɔ atifi fam no; wɔn tentene ne wɔn tɛtrɛtɛ yɛ pɛ. Ɛho apono a wɔfa mu pue ne nsusuiɛ yɛ pɛ. Apono a ɛwɔ atifi fam no
그 두 방 사이에 길이 있고 그 방들의 모양은 북편 방 같고 그 장광도 같으며 그 출입구와 문도 그와 같으며
12 nso sesɛ adan a ɛwɔ anafoɔ fam no apono. Na ɛpono bi wɔ ɛkwan a ɛne ɔfasuo a ɛkɔ apueeɛ fam no sa soɔ no ano. Ɛhɔ na wɔfa kɔ adan no mu.
남편 방에 출입하는 문이 있는데 담 동편 길머리에 있더라
13 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Atifi fam ne anafoɔ fam adan a ani hwɛ asɔredan adihɔ no yɛ asɔfoɔ no dea. Ɛhɔ na asɔfoɔ a wɔkɔ Awurade anim no bɛdi afɔrebɔdeɛ kronkron no. Ɛhɔ na wɔde afɔrebɔdeɛ kronkron pa ara a ɛyɛ aduane afɔrebɔdeɛ, bɔne afɔrebɔdeɛ ne afɔdie afɔrebɔdeɛ no bɛgu, ɛfiri sɛ beaeɛ no yɛ kronkron.
그가 내게 이르되 좌우 골방 뜰 앞 곧 북편 남편에 있는 방들은 거룩한 방이라 여호와를 가까이 하는 제사장들이 지성물을 거기서 먹을 것이며 지성물 곧 소제와 속죄제와 속건제의 제물을 거기 둘 것이며 이는 거룩한 곳이라
14 Sɛ asɔfoɔ no kɔ beaeɛ kronkron hɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔkɔ mfikyire adihɔ hɔ kɔsi sɛ wɔbɛyiyi wɔn ɔsom ntadeɛ agu hɔ, ɛfiri sɛ saa ntadeɛ no yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntadeɛ foforɔ bi ansa na wɔabɛn mmeammea a ɔmanfoɔ tumi kɔ hɔ no.”
제사장의 의복은 거룩하므로 제사장이 성소에 들어갔다가 나올 때에 바로 바깥 뜰로 가지 못하고 수종드는 그 의복을 그 방에 두고 다른 옷을 입고 백성의 뜰로 나갈 것이니라 하더라
15 Ɔsusuu deɛ ɛwɔ asɔredan no mu wieeɛ no, ɔde me faa apueeɛ ɛpono no ano pueeɛ, na ɔsusuu asɔredan no ho hyiaaɛ.
그가 안에 있는 전 척량하기를 마친 후에 나를 데리고 동향한 문길로 나가서 사면 담을 척량하는데
16 Ɔsusuu apueeɛ fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum.
그가 척량하는 장대 곧 그 장대로 동편을 척량하니 오백척이요
17 Ɔsusuu atifi fam, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum.
그 장대로 북편을 척량하니 오백척이요
18 Ɔsusuu anafoɔ fam, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum.
그 장대로 남편을 척량하니 오백척이요
19 Afei ɔdanee nʼani hwɛɛ atɔeɛ fam, na ɔsusuiɛ no, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum.
서편으로 돌이켜 그 장대로 척량하니 오백척이라
20 Enti na ne mfefaremu no yɛ anammɔn ahanson ne aduonum wɔ afanan no nyinaa, na ɛtwa kronkronbea ne asafo atenaeɛ no ntam.
그가 이와 같이 그 사방을 척량하니 그 사방 담 안 마당의 장과 광이 오백척씩이라 그 담은 거룩한 것과 속된 것을 구별하는 것이더라

< Hesekiel 42 >