< Hesekiel 41 >

1 Ɔbarima no de me kɔɔ asɔredan no mu, na ɔsusuu afadum no; na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nkron wɔ ne fa biara.
그가 나를 데리고 성소에 이르러 그 문벽을 척량하니 이편 두께도 육척이요 저편 두께도 육척이라 두께가 이와 같으며
2 Aboboano no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn dunum, na afasuo a epuepue wɔ afaanu no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nson ne fa. Afei ɔsusuu Asɔredan no mu a na ne tentene yɛ anammɔn aduosia na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa.
그 문통의 광이 십척이요 문통 이편 벽의 광이 오척이요 저편 벽의 광이 오척이며 그가 성소를 척량하니 그 장이 사십척이요 그 광이 이십척이며
3 Afei ɔkɔɔ kronkronbea hɔ kɔsusuu nʼafadum a ɛwɔ nʼaboboano no; ebiara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mmiɛnsa. Aboboano no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nkron, na afasuo a epuepue afaanu no nso tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa.
그가 안으로 들어가서 내전 문통의 벽을 척량하니 두께가 이척이요 문통이 육척이요 문통의 벽의 광이 각기 칠척이며
4 Na ɔsusuu kronkronbea no mu tentene; na ɛyɛ anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ kɔsi asɔredan no nso yɛ anammɔn aduasa. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Ɛha ne Kronkron Mu Kronkronbea.”
그가 내전을 척량하니 장이 이십척이요 광이 이십척이라 그가 내게 이르되 이는 지성소니라 하고
5 Ɔsusuu asɔredan no fasuo; na ne pipiripie yɛ anammɔn nson, na adan a ɛwowɔ nkyɛn nkyɛn a atwa asɔredan no ho ahyia no mu biara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia.
전의 벽을 척량하니 두께가 육척이며 전 삼면에 골방이 있는데 광이 각기 사척이며
6 Wɔsisii nkyɛnkyɛn adan wɔ asan mmiɛnsa a ɛtoa so so. Adan aduasa wɔ asan biara so. Wɔayɛ asan yi a adan no sisi soɔ no traawa te sɛ apa a atwa asɔredan no ɔfasuo no ho ahyia. Ɛyɛ nnyinasoɔ ma adan no, nanso ɛnka asɔredan no ɔfasuo no.
골방은 삼층인데 골방 위에 골방이 있어 모두 삼십이라 그 삼면 골방이 전 벽 밖으로 그 벽에 의지하였고 전 벽 속은 범하지 아니하였으며
7 Nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛ sene deɛ ɛwowɔ aseɛ. Asan mmiɛnsa a atwa asɔredan no ho ahyia no, deɛ ɛwɔ ɔsoro biara trɛ sene deɛ ɛwɔ nʼase, ɛno enti nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro mu trɛ sene deɛ ɛwowɔ nʼase. Atwedeɛ bi firi asan a ɛwɔ fam pa ara no so foro tra mfimfini asan no kɔ asan a ɛtɔ so mmiɛnsa so.
이 두루 있는 골방이 그 층이 높아갈수록 넓으므로 전에 둘린 이골방이 높아갈수록 전에 가까와졌으나 전의 넓이는 아래 위가 같으며 골방은 아랫층에서 중층으로 윗층에 올라가게 되었더라
8 Mehunuu bamma a atwa asɔredan no ho ahyia a ɛyɛ nkyɛnkyɛn adan no fapem. Na ne tentene yɛ anammɔn nkron.
내가 보니 전 삼면의 지대 곧 모든 골방 밑 지대의 고가 한 장대 곧 큰 자로 육척인데
9 Nkyɛnkyɛn adan afasuo a ɛwɔ akyire no pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa. Ɛkwan a ɛda asɔredan no nkyɛnkyɛn adan no a atwa asɔredan no ho ahyia
전을 의지한 그 골방 바깥벽 두께는 오척이요 그 외에 빈 터가 남았으며
10 ne asɔfoɔ adan no ntam yɛ anammɔn aduasa.
전 골방 삼면에 광이 이십척 되는 뜰이 둘려 있으며
11 Na apono deda nkyɛnkyɛn adan no ano a ani hwɛ ɛkwan no. Na baako wɔ atifi fam na baako nso wɔ anafoɔ fam; na bamma no anim a ɛkyerɛ ɛkwan no so no pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa wɔ ho nyinaa.
그 골방 문은 다 빈 터로 향하였는데 한 문은 북으로 향하였고 한 문은 남으로 향하였으며 그 둘려 있는 빈 터의 광은 오척이더라
12 Ɛdan a ani hwɛ asɔredan no adihɔ wɔ atɔeɛ fam no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn ɔha ne enum. Ɛdan no ɔfasuo no pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa wɔ ho nyinaa na ne tentene yɛ anammɔn ɔha aduasa enum.
서편 뜰 뒤에 건물이 있는데 광이 칠십척이요 장이 구십척이며 그 사면 벽의 두께가 오척이더라
13 Ɔsusuu asɔredan no, na ne tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, afei asɔredan no adihɔ ne ɛdan no a nʼafasuo ka ho no nso tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
그가 전을 척량하니 장이 일백척이요 또 서편 뜰과 그 건물과 그 벽을 합하여 장이 일백척이요
14 Asɔredan no adihɔ a ɛwɔ apueeɛ fam, de bɛsi asɔredan no anim yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
전 전면의 광이 일백척이요 그 앞 동향한 뜰의 광도 그러하며
15 Afei ɔsusuu ɛdan a ani hwɛ adihɔ a ɛwɔ asɔredan no akyi ne ɛho mmarannaa a ɛwowɔ ɛfa biara; na ne tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Asɔredan no mu, kronkronbea no mu ne ntwonoo a ani hwɛ adihɔ,
그가 뒷뜰 뒤에 있는 건물을 척량하니 그 좌우편 다락까지 일백 척이더라 내전과 외전과 그 뜰의 현관과
16 ne aboboano, mpomma nketenkete ne mmarannaa a atwa mmiɛnsa yi ho ahyia, deɛ ɛka ho biara ne aboboano no, na wɔde nnua aduradura ho. Ɛfam afasuo no ho kɔka mpomma no ano ne mpomma no, na wɔde dua aduradura ho.
문통 벽과 닫힌 창과 삼면에 둘려 있는 다락은 문통 안편에서부터 땅에서 창까지 널판으로 가리웠고 (창은 이미 닫히었더라)
17 Ɛkwan a ɛda ɛpono a ɛkɔ kronkronbea nu mu no atifi ne afasuo no ho nyinaa, kronkrommea no mu ne asɔredan no mu no nyinaa no,
문통 위와 내전과 외전의 사면 벽도 다 그러하니 곧 척량한 대소 대로며
18 na wɔakurukyire Kerubim ne mmɛdua. Mmɛdua no didi Kerubim no akyi. Kerubim biara wɔ anim mmienu.
널판에는 그룹들과 종려나무를 새겼는데 두 그룹 사이에 종려나무 하나가 있으며 매 그룹에 두 얼굴이 있으니
19 Onipa anim kyerɛ mmɛdua wɔ fa baako na gyata anim kyerɛ mmɛdua wɔ fa baako a aka. Na wɔakurukyire wɔ asɔredan no ho nyinaa.
하나는 사람의 얼굴이라 이편 종려나무를 향하였고 하나는 어린 사자의 얼굴이라 저편 종려나무를 향하였으며 온 전 사면이 다 그러하여
20 Asɔredan no mu, ɛfiri fam kɔsi ɛkwan a ɛda ɛpono no atifi ne afasuo ho nyinaa no, na wɔakurukyire Kerubim ne mmɛdua.
땅에서부터 문통 위에까지 그룹들과 종려나무들을 새겼으니 성전벽이 다 그러하더라
21 Na asɔredan no mu wɔ aponnwa a ɛyɛ ahanan, na deɛ ɛwɔ Kronkron Mu Kronkron no anim no nso te saa ara.
외전 문설주는 네모졌고 내전 전면에 있는 식양은 이러하니
22 Na afɔrebukyia a wɔde dua asene wɔ hɔ a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa a na ɛyɛ ahinanan a ɛfa biara susu anammɔn mmiɛnsa; ne ntweaso, ne nnyinasoɔ ne nʼafafa no, wɔde dua na ayɛ. Ɔbarima no ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa ɛpono yi na ɛsi Awurade anim.”
곧 나무 제단의 고가 삼척이요 장이 이척이며 그 모퉁이와 옆과 면을 다 나무로 만들었더라 그가 내게 이르되 이는 여호와의 앞의 상이라 하더라
23 Asɔredan no mu ne Kronkron Mu Kronkron no nyinaa wowɔ apono a ɛyɛ afanu.
내전과 외전에 각기 문이 있는데
24 Ɛpono biara wɔ mmukamu mmienu.
문마다 각기 두 문짝 곧 접치는 두 문짝이 있어 이 문에 두 짝이요 저 문에 두 짝이며
25 Na wɔakurukyire Kerubim ne mmɛdua wɔ asɔredan no mu apono so te sɛ deɛ wɔayɛ wɔ afasuo no ho no, ɛnna wɔabɔ dua nkatasoɔ wɔ ntwonoo no anim.
이 성전 문에 그룹과 종려나무를 새겼는데 벽에 있는 것과 같고 현관 앞에는 나무 디딤판이 있으며
26 Ntwonoo no afasuo a ɛwowɔ afa afa no na mpomma nketenkete wɔ mu a wɔakurukyire mmɛdua wɔ afa biara. Na nkyɛnkyɛn adan a ɛwɔ asɔredan no ho nso wowɔ dua nkatasoɔ.
현관 좌우편에는 닫힌 창도 있고 종려나무도 새겼고 전의 골방과 디딤판도 그러하더라

< Hesekiel 41 >