< Hesekiel 40 >
1 Yɛn nnommumfa afe a ɛtɔ so aduonu enum, afe no ahyɛaseɛ bosome ɛda a ɛtɔ so edu a ɛyɛ kuropɔn no asehweɛ afe a ɛtɔ so dunan no, saa ɛda no ara no Awurade nsa baa me so, na ɔde me kɔɔ hɔ.
우리가 사로잡힌지 이십 오년이요 성이 함락된 후 십 사년 정월 십일 곧 그 날에 여호와의 권능이 내게 임하여 나를 데리고 이스라엘 땅으로 가시되
2 Onyankopɔn anisoadehunu mu no, ɔde me kɔɔ Israel asase so, na ɔde me kɔgyinaa bepɔ tenten bi so; nʼanafoɔ fam no na adan bi wɔ hɔ a ɛsɛ kuropɔn.
하나님의 이상 중에 나를 데리고 그 땅에 이르러 나를 극히 높은산 위에 내려 놓으시는데 거기서 남으로 향하여 성읍 형상 같은 것이 있더라
3 Ɔde me kɔɔ hɔ na mehunuu ɔbarima bi a ne tebea te sɛ kɔbere mfrafraeɛ; na ɔgyina ɔpono no ano, kura serekye ahoma ne susudua wɔ ne nsam.
나를 데리시고 거기 이르시니 모양이 놋 같이 빛난 사람 하나가 손에 삼줄과 척량하는 장대를 가지고 문에 서서 있더니
4 Ɔbarima yi ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, fa wʼani hwɛ na fa wʼaso tie na biribiara a merebɛkyerɛ wo no, fa wʼadwene di akyire, ɛfiri sɛ ɛno enti na wɔde wo aba ha. Ka biribiara a wobɛhunu kyerɛ Israel efie.”
그 사람이 내게 이르되 인자야 내가 네게 보이는 그것을 눈으로 보고 귀로 들으며 네 마음으로 생각할지어다 내가 이것을 네게 보이려고 이리로 데리고 왔나니 너는 본 것을 다 이스라엘 족속에게 고할지어다 하더라
5 Mehunuu ɔfasuo a atwa asɔredan no mfefaremu nyinaa ho ahyia. Susudua a ɛhyɛ ɔbarima no nsam no tenten yɛ anammɔn edu ne fa. Ɔsusuu ɔfasuo no hunuu sɛ ne pipiripie yɛ anammɔn edu ne fa, na ne ɔsorokɔ nso saa ara.
내가 본즉 집 바깥 사면으로 담이 있더라 그 사람의 손에 척량하는 장대를 잡았는데 그 장이 팔꿈치에서 손가락에 이르고 한 손바닥 넓이가 더한 자로 육척이라 그 담을 척량하니 두께가 한 장대요 고도 한 장대며
6 Afei, ɔkɔɔ abɔntenpono a ɛkyerɛ apueeɛ fam no ano. Ɔforoo nʼatrapoe no na ɔsusuu aboboano na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa.
그가 동향한 문에 이르러 층계에 올라 그 문통을 척량하니 장이 한 장대요 그 문 안통의 장도 한 장대며
7 Awɛmfoɔ adan no mu biara tentene mu yɛ anammɔn edu ne fa na ne tɛtrɛtɛ mu nso yɛ anammɔn edu ne fa. Afasuo ntiantia a ɛtwitwa awɛmfoɔ adan no ntam mu pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa. Ntwonoo a anim kyerɛ asɔredan no aboboano ɛpono no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa.
그 문간에 문지기 방들이 있는데 각기 장이 한 장대요 광이 한 장대요 매방 사이 벽이 오척이며 안 문통의 장이 한 장대요 그 앞에 현관이 있고 그 앞에 안 문이 있으며
8 Afei ɔsusuu ɛpono no ntwonoo;
그가 또 안 문의 현관을 척량하니 한 장대며
9 na ne tentene mu yɛ anammɔn dumienu, na nʼadum mu biara nso pipiripie yɛ anammɔn mmiɛnsa. Ɛpono no ntwonoo anim hwɛ asɔredan no.
안 문의 현관을 또 척량하니 팔척이요 그 문 벽은 이척이라 그 문의 현관이 안으로 향하였으며
10 Na awɛmfoɔ adan mmiɛnsa mmiɛnsa wɔ apueeɛ ɛpono no benkum so ne nifa so; na ne nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ na afasuo ntiantia a ɛtwitwa ntam no nso pipiripie yɛ pɛ.
그 동문간의 문지기 방은 좌편에 셋이 있고 우편에 셋이 있으니 그 셋이 각각 한 척수요 그 좌우편 벽도 다 한 척수며
11 Afei ɔsusuu abɔntenpono no ano ɛkwan, na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn dunum na ne tentene mu nso yɛ anammɔn dunkron ne fa.
또 그 문통을 척량하니 광이 십척이요 장이 십 삼척이며
12 Awɛmfoɔ adan no mu biara anim wɔ ɔfasuo tiawa a ne sorokɔ yɛ ɔnamɔn ne fa, na awɛmfoɔ adan no mu biara yɛ ahinanan a ɔfa biara susu anammɔn edu ne fa.
방 앞에 퇴가 있는데 이편 퇴도 일척이요 저편 퇴도 일척이며 그 방은 이편도 육척이요 저편도 육척이며
13 Afei ɔsusuu ɛpono no firi awɛmfoɔ adan no mu baako ɔfasuo a ɛwɔ akyire no atifi kɔsii ɛdan a ɛne no di nhwɛanim no akyire ɔfasuo atifi; na ɛkwan a ɛda ntam yɛ anammɔn aduasa nson ne fa.
그가 그 문간을 척량하니 이 방 지붕 가에서 저 방 지붕 가까지 광이 이십 오척인데 방 문은 서로 반대되었으며
14 Ɔsusu faa afasuo ntiantia a ɛtwitwa awɛmfoɔ adan no ntam no nyinaa anim wɔ ɛpono ɛkwan no mu, na ɛyɛɛ anammɔn aduɔkron. Ntenemu no kɔsii ntwonoo a anim hwɛ adihɔ hɔ no.
그가 또 현관을 척량하니 광이 이십척이요 현관 사면에 뜰이 있으며
15 Ɛkwan a ɛfiri abɔntenpono aboboano kɔsi ntwonoo no tire yɛ anammɔn aduɔson enum.
바깥 문통에서부터 안 문 현관 앞까지 오십척이며
16 Awɛmfoɔ adan ne afasuo ntiantia a ɛtwitwa wɔn ntam wɔ abɔntenpono ɛkwan no mu no, na banbɔ mpomma nketenkete atwa ho ahyia, na saa ara na ntwonoo no mu teɛ, na ne nyinaa buebue kɔ mu. Afasuo ntiatia a ɛtwitwa awɛmfoɔ adan no ntam no, wɔakurukyire mmɛdua de asiesie anim.
문지기 방에는 각각 닫힌 창이 있고 문안 좌우편에 있는 벽 사이에도 창이 있고 그 현관도 그러하고 그 창은 안 좌우편으로 벌여있으며 각 문 벽 위에는 종려나무를 새겼더라
17 Afei ɔde me baa adihɔ a ɛda akyire hɔ. Ɛhɔ na mehunuu adan bi ne aboɔ nsɛweeɛ bi a ɛwɔ mfikyire adihɔ no ɔfasuo ase nyinaa; na adan no yɛ aduasa wɔ aboɔ nsɛweeɛ no akyi.
그가 나를 데리고 바깥 뜰에 들어가니 뜰 삼면에 박석 깔린 땅이 있고 그 박석 깔린 땅 위에 여러 방이 있는데 모두 삼십이며
18 Na aboɔ nsɛweeɛ no trɛ firi apono no anim, na na ne tɛtrɛtɛ te sɛ ntwonoo no a ɛhyɛn adihɔ no tɛtrɛtɛ; yei ne aseɛ nsɛweeɛ no.
그 박석 깔린 땅의 위치는 각 문간의 좌우편인데 그 광이 문간 길이와 같으니 이는 아래 박석 땅이며
19 Afei ɔsusuu ɛkwan a ɛfiri nhyɛnmu ɛpono a ɛdi ɛkan no de kɔsii ɛpono a ɛwɔ Kronkronbea no anim wɔ atifi fam; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum firi apueeɛ de kɔsi atifi fam.
그가 아래 문간 앞에서부터 안 뜰 바깥 문간 앞까지 척량하니 그 광이 일백척이며 동편과 북편이 일반이더라
20 Afei ɔsusuu ɛpono a ani hwɛ atifi fam na ɛpue mfikyire adihɔ no tentene ne ne tɛtrɛtɛ.
그가 바깥 뜰 북향한 문간의 장광을 척량하니
21 Na awɛmfoɔ adan a mmiɛnsa wɔ afaafa, afasuo ntiawa a ɛtwitwa wɔn ntam ne ntwonoo no mfefaremu te sɛ ɔpono a ɛdi ɛkan no deɛ. Na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson enum na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa nson ne fa.
장이 오십척이요 광이 이십 오척이며 문지기 방이 이편에도 셋이요 저편에도 셋이요 그 벽과 그 현관도 먼저 척량한 문간과 같으며
22 Na ne mpomma nketenkete ne ntwonoo ne mmɛdua a wɔakurukyire no nsusuwiiɛ nyinaa te sɛ ɛpono a ani hwɛ apueeɛ fam no deɛ. Atwedeɛ nnidisoɔ nson na wɔforo de kɔ mu. Atwedeɛ no ne ntwonoo no di nhwɛanim.
그 창과 현관의 장광과 종려나무가 다 동향한 문간과 같으며 그 문간으로 올라가는 일곱 층계가 있고 그 안에 현관이 있으며
23 Na ɛpono bi wɔ hɔ a ɛkɔ mfimfini adihɔ a ɛne atifi fam ɛpono no di nhwɛanim, sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ apueeɛ fam no. Ɔsusu firii ɛpono baako ano kɔsii deɛ ɛne no di nhweanim no ano; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
안 뜰에도 북편 문간과 동편 문간과 마주 대한 문간들이 있는데 그가 이 문간에서 맞은편 문간까지 척량하니 일백척이더라
24 Afei ɔdii mʼanim de me kɔɔ anafoɔ fam, na mehunuu ɛpono a ani hwɛ anafoɔ fam no. Ɔsusuu nʼadum ne ntwonoo no, na wɔn nsusuiɛ te sɛ nkaeɛ no.
그가 또 나를 이끌고 남으로 간즉 남향한 문간이 있는데 그 벽과 현관을 척량하니 먼저 척량한 것과 같고
25 Na ɛpono no ne ntwonoo no ho wowɔ mpomma nketenkete wɔ ho nyinaa te sɛ mpomma nketenkete a ɛwɔ nkaeɛ no ho no. Na ntwonoo no tentene yɛ anammɔn aduɔwɔtwe nson na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduanan ɛnan.
그 문간과 현관 좌우에 있는 창도 먼저 말한 창과 같더라 그 문간의 장이 오십척이요 광이 이십 오척이며
26 Atwedeɛ nnidisoɔ nson na wɔforo kɔ ɛpono no ano, na ne ntwonoo no ne no di nhwɛanim; na mmɛdua mfoni wɔ afasuo ntiantia a ɛtwitwa awɛmfoɔ no adan no ntam no anim wɔ nʼafanu.
또 그리로 올라가는 일곱 층계가 있고 그 안에 현관이 있으며 또 이편 저편 문 벽위에 종려나무를 새겼으며
27 Na mfimfini adihɔ nso wɔ ɛpono a ani hwɛ anafoɔ fam, na ɔsusuu ɛkwan a ɛda saa ɛpono yi ne abɔntenpono a ɛwɔ anafoɔ fam no ntam; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
안 뜰에도 남향한 문간이 있는데 그가 남향한 그 문간에서 맞은편 문간까지 척량하니 일백척이더라
28 Afei, ɔde me faa anafoɔ fam ɛpono no mu baa mfimfini adihɔ hɔ. Ɔsusuu anafoɔ fam ɛpono no; na ne nsusuiɛ no nyinaa te sɛ deɛ aka no.
그가 나를 데리고 그 남문으로 말미암아 안 뜰에 들어가서 그 남문간을 척량하니 척수는
29 Nʼawɛmfoɔ adan, afasuo ntiatia a ɛtwitwa adan no ntam ne ntwonoo no nsusuiɛ ne deɛ aka no yɛ pɛ. Na ɛpono no ne ne ntwonoo wowɔ mpomma nketenkete wɔ ho nyinaa. Na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduasa nson ne fa.
장이 오십척이요 광이 이십 오척이며 그 문지기 방과 벽과 현관도 먼저 척량한 것과 같고 그 문간과 그 현관 좌우에도 창이 있으며
30 (Ɛpono no ntwonoo a wɔde kɔ mfimfini adihɔ no tentene yɛ anammɔn aduasa nson na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nson ne fa.)
그 사면 현관의 장은 이십 오척이요 광은 오척이며
31 Ɛpono no hwɛ mfikyire adihɔ hɔ; nʼafadum ho wɔ mmɛdua a wɔakurukyire, na atrapoe nnidisoɔ nwɔtwe na wɔforo de kɔ hɔ.
현관이 바깥 뜰로 향하였고 그 문 벽 위에도 종려나무를 새겼으며 그 문간으로 올라가는 여덟 층계가 있더라
32 Afei, ɔde me baa mfimfini adihɔ hɔ wɔ apueeɛ fam na ɔsusuu ɛpono no; na ne nsusuiɛ ne deɛ aka no yɛ pɛ.
그가 나를 데리고 안 뜰 동편으로 가서 그 문간을 척량하니 척수는
33 Nʼawɛmfoɔ adan, afasuo ntiatia a ɛtwitwa adan no ntam ne ntwonoo no nsusuiɛ ne deɛ aka no yɛ pɛ. Na ɛpono no ne ne ntwonoo wowɔ mpomma nketenkete wɔ ho nyinaa. Na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduasa nson ne fa.
장이 오십척이요 광이 이십 오척이며 그 문지기 방과 벽과 현관이 먼저 척량한 것과 같고 그 문간과 그 현관 좌우에도 창이 있으며
34 Ne ntwonoo hwɛ mfimfini adihɔ hɔ; nʼafadum ho wɔ mmɛdua a wɔakurukyire, na atrapoe nnidisoɔ nwɔtwe na wɔforo de kɔ hɔ.
그 현관이 바깥 뜰로 향하였고 그 이편 저편 문 벽 위에도 종려나무를 새겼으며 그 문간으로 올라가는 여덟 층계가 있더라
35 Afei ɔde me baa atifi fam ɛpono no ano na ɔsusuiɛ. Na ne nsusuiɛ no ne deɛ aka no yɛ pɛ,
그가 또 나를 데리고 북문에 이르러 척량하니 척수는
36 saa ara na nʼawɛmfoɔ adan, afasuo ntiantia a ɛtwitwa adan no ntam ne ne ntwonoo tɛ sɛ nkaeɛ no, ɛnna mpomma nketenkete wɔ ɛho nyinaa. Na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduasa nson ne fa.
장이 오십척이요 광이 이십 오척이며 그 문지기 방과 벽과 현관이 다 그러하여 그 좌우에도 창이 있으며
37 Ne ntwonoo no ani kyerɛ mfikyire adihɔ hɔ, nʼafadum no afaanu nyinaa ho wɔ mmɛdua a wɔakurukyire, na atrapoe nnidisoɔ nwɔtwe na wɔforo de kɔ hɔ.
그 현관이 바깥 뜰로 향하였고 그 이편 저편 문 벽 위에도 종려나무를 새겼으며 그 문간으로 올라가는 여덟 층계가 있더라
38 Ɛdan bi a ɛpono da ano bɛn ntwonoo a ɛwowɔ apono a ɛwɔ mfimfini no mu biara ho. Ɛhɔ na wɔhohoro ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ho.
그 문 벽 곁에 문이 있는 방이 있는데 그것은 번제물을 씻는 방이며
39 Apono mmienu sisi abɔntenpono ntwonoo mu, na ɛso na wɔkunkum ɔhyeɛ afɔdeɛ, bɔne afɔdeɛ ne afɔdie afɔdeɛ mmoa.
그 문의 현관 이편에 상 둘이 있고 저편에 상 둘이 있으니 그 위에서 번제와 속죄제와 속건제의 희생을 잡게 한 것이며
40 Ntwonoo no akyi, atrapoe no nkyɛn mu fa ne fa a ɛrekɔ atifi fam ɛpono no ano no, na apono mmienu sisi hɔ.
그 북문 바깥 곧 입구로 올라가는 곳 이편에 상 둘이 있고 문의 현관 저편에 상 둘이 있으니
41 Ɛno enti ɛpono no afa mmienu no, na apono ɛnan sisi ɛfa biara; ne nyinaa yɛ apono nwɔtwe a ɛso na wɔkum mmoa afɔrebɔdeɛ.
문 곁 이편에 상이 넷이 있고 저편에 상이 넷이 있어 합이 여덟상이라 그 위에서 희생을 잡는 소용이며
42 Aboɔ a wɔatwa apono ɛnan wɔ hɔ ma ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ. Emu biara tentene yɛ anammɔn mmienu ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ saa ara, ne sorokɔ yɛ ɔnamɔn baako ne fa. Saa apono yi so na wɔde asekan ne nkukuo a wɔde yɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a aka mmoa ho adwuma guo.
또 다듬은 돌로 만들어서 번제에 쓰는 상 넷이 있는데 각 장이 일척 반이요 광이 일척 반이요 고가 일척이라 번제의 희생을 잡을 때에 쓰는 기구가 그 위에 놓였으며
43 Na kɔtɔkorɔ nta adinam a emu biara tentene yɛ nsateakwaa mmiɛnsa sensɛn afasuo no nyinaa ho. Apono no so na wɔde afɔrebɔ ɛnam guo.
현관 안에는 길이가 손바닥 넓이 만한 갈고리가 사면에 박혔으며 상들에는 희생의 고기가 있더라
44 Mfimfini ɛpono no akyi wɔ mfimfini adihɔ no, na adan mmienu wɔ hɔ; baako bɛn atifi fam ɛpono a ani hwɛ anafoɔ fam, na baako nso bɛn anafoɔ fam ɛpono a ani kyerɛ atifi fam.
안 문안 안 뜰에는 방 둘이 있는데 북문 곁에 있는 방은 남으로 향하였고 남문 곁에 있는 방은 북으로 향하였더라
45 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Ɛdan a ɛwɔ anafoɔ fam no, asɔfoɔ a wɔhwɛ asɔredan no so no dea,
그가 내게 이르되 남향한 이 방은 성전을 수직하는 제사장들의 쓸 것이요
46 Na ɛdan a ani kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ afɔrebukyia no so no dea. Yeinom yɛ Sadok mmammarima a wɔn nko ara ne Lewifoɔ a wɔtumi bɛn Awurade na wɔsom wɔ nʼanim.”
북향한 방은 제단을 수직하는 제사장들의 쓸 것이라 이들은 레위의 후손 중 사독의 자손으로서 여호와께 가까이 나아가 수종드는자니라 하고
47 Afei wɔsusuu adihɔ no. Na ɛyɛ ahinanan a ɛfa biara tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Na afɔrebukyia no si asɔredan no anim.
그가 또 그 뜰을 척량하니 장이 일백척이요 광이 일백척이라 네모 반듯하며 제단은 전 앞에 있더라
48 Afei ɔde me baa asɔredan no ntwonoo mu, na ɔsusuu ntwonoo no afadum, na ɛfa biara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nson ne fa. Na aboboano no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduonu baako. Na afasuo ntiawa a epuepue anim no yɛ anammɔn ɛnan ne fa wɔ nʼafanu.
그가 나를 데리고 전문 현관에 이르러 그 문의 좌우 벽을 척량하니 광이 이편도 오척이요 저편도 오척이며 두께가 문 이편도 삼 척이요 문 저편도 삼척이며
49 Ntwonoo no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa, na ɛfiri anim kɔsi akyire yɛ anammɔn dunwɔtwe. Atwedeɛ nnidisoɔ edu bi na wɔforo de kɔ hɔ. Na adum sisi ntwonoo no afadum no fa biara.
그 현관의 광은 이십척이요 장은 십 일척이며 문간으로 올라가는 층계가 있고 문 벽 곁에는 기둥이 있는데 하나는 이편에 있고 하나는 저편에 있더라