< Hesekiel 4 >

1 “Na afei, onipa ba, fa ntayaa bi to wʼanim na kurukyire Yerusalem kuropɔn mfoni wɔ so.
ואתה בן אדם קח לך לבנה ונתתה אותה לפניך וחקות עליה עיר את ירושלם
2 Si otua ho nnwuma ma no: yɛ apie tia no, yɛ mpampim ne nsraban wɔ ho, na fa obubuadaban nnua twa ho hyia.
ונתתה עליה מצור ובנית עליה דיק ושפכת עליה סללה ונתתה עליה מחנות ושים עליה כרים סביב
3 Afei, fa dadeɛ kyɛmferɛ to ɔfasuo wɔ wo ne kuropɔn no ntam na dane wʼani kyerɛ no. Wɔbɛtua kuropɔn no, na wo na wobɛtua no. Yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama Israel efie.
ואתה קח לך מחבת ברזל ונתתה אותה קיר ברזל בינך ובין העיר והכינתה את פניך אליה והיתה במצור וצרת עליה--אות היא לבית ישראל
4 “Afei, da wo benkum so na fa Israel bɔne to wo ho so. Wobɛsoa wɔn bɔne nna dodoɔ a wode da wo fa so no.
ואתה שכב על צדך השמאלי ושמת את עון בית ישראל עליו מספר הימים אשר תשכב עליו תשא את עונם
5 Mede wɔn bɔne mfeɛ no mayɛ nna dodoɔ mama wo. Enti nnafua ahasa ne aduɔkron na wode bɛsoa Israelfoɔ bɔne.
ואני נתתי לך את שני עונם למספר ימים שלש מאות ותשעים יום ונשאת עון בית ישראל
6 “Ɛno akyi, da bio wɔ wo nifa so na soa Yudafoɔ bɔne adaduanan a ɛda koro biara bɛyɛ afe baako.
וכלית את אלה ושכבת על צדך הימיני (הימני) שנית ונשאת את עון בית יהודה--ארבעים יום יום לשנה יום לשנה נתתיו לך
7 Dane wʼani kyerɛ Yerusalem mpampim na fa nsa pan hyɛ nkɔm tia no.
ואל מצור ירושלם תכין פניך וזרעך חשופה ונבאת עליה
8 Mede ntampehoma bɛkyekyere wo sɛdeɛ worentumi nnane wo ho kɔsi sɛ otua nna no bɛba nʼawieeɛ.
והנה נתתי עליך עבותים ולא תהפך מצדך אל צדך עד כלותך ימי מצורך
9 “Fa atokoɔ ne ayuo, asɛ ne asɛdua, kɔkɔte ne aburoo; fa ne nyinaa gu adekora kuruwa mu na fa to burodo a wobɛdi. Yei na wobɛdi wɔ nnafua ahasa ne aduɔkron a woda wo fa so no.
ואתה קח לך חטין ושערים ופול ועדשים ודחן וכסמים ונתתה אותם בכלי אחד ועשית אותם לך ללחם מספר הימים אשר אתה שוכב על צדך שלש מאות ותשעים יום--תאכלנו
10 Kari aduane gram ahanu ne aduasa a wobɛdi no ɛda koro biara wɔ ɛberɛ ano, berɛ ano.
ומאכלך אשר תאכלנו--במשקול עשרים שקל ליום מעת עד עת תאכלנו
11 Afei, susu nsuo sukuruwa baako na nom no berɛ ano berɛ ano.
ומים במשורה תשתה ששית ההין מעת עד עת תשתה
12 Di aduane no sɛdeɛ anka wobɛdi atokoɔ ɔfam; to ma nnipa nhunu, na fa onipa agyanan yɛ ogya.”
ועגת שערים תאכלנה והיא בגללי צאת האדם--תעגנה לעיניהם
13 Awurade kaa sɛ: “Saa ara na Israelfoɔ bɛdi aduane a wɔagu ho fi wɔ amanaman a mɛpam wɔn akɔ so no.”
ויאמר יהוה ככה יאכלו בני ישראל את לחמם טמא בגוים אשר אדיחם שם
14 Na mekaa sɛ, “Ɛnte saa, Otumfoɔ Awurade! Menguu me ho fi da. Ɛfiri me mmɔfraase bɛsi saa ɛberɛ yi, mennii aboa funu anaa deɛ nkekaboa bi akum no atete ne mu da. Ɛnam a ɛho agu fi nkaa mʼano da.”
ואמר אהה אדני יהוה הנה נפשי לא מטמאה ונבלה וטרפה לא אכלתי מנעורי ועד עתה ולא בא בפי בשר פגול
15 Awurade kaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛma wode nantwie agyanan asi onipa deɛ anan mu, na wato wo burodo wɔ so.”
ויאמר אלי--ראה נתתי לך את צפועי (צפיעי) הבקר תחת גללי האדם ועשית את לחמך עליהם
16 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, mɛtwa aduane a wɔde ba Yerusalem so. Nnipa no de ahoyera bɛdi aduane a wɔkyekyɛ mu, na wɔde abasamutuo anom nsuo a wɔkyekyɛ,
ויאמר אלי בן אדם הנני שבר מטה לחם בירושלם ואכלו לחם במשקל ובדאגה ומים במשורה ובשממון ישתו
17 ɛfiri sɛ aduane ne nsuo ho bɛyɛ den. Wɔn ho bɛdwiri wɔn sɛ wɔhunu wɔn ho wɔn ho, na wɔn bɔne enti, wɔbɛfonfɔn.”
למען יחסרו לחם ומים ונשמו איש ואחיו ונמקו בעונם

< Hesekiel 4 >